Yawda, May 23
Yɛn a yɛagye adi no hyɛn ɔhome no mu.—Heb. 4:3.
Bere a Paulo refa asɛm a ɛwɔ Genesis 2:2 a ɛfa Onyankopɔn home ho aka asɛm no, honhom kaa no ma ɔkyerɛw nsɛm a ɛwɔ nnɛ kyerɛw nsɛm no mu no. (Heb. 4:4, 6, 9) Enti na ɛda a ɛto so ason no mmaa awiei wɔ Paulo bere so. Bere bɛn na saa homeda no bɛba awiei? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae ɛda a ɛto so ason no atirimpɔw. Genesis 2:3 kyerɛkyerɛ atirimpɔw no mu sɛ: “Onyankopɔn fii ase hyiraa da a ɛto so ason no na ɔyɛɛ no kronkron.” Yehowa ‘yɛɛ’ saa da no “kronkron,”—ɔtew ho, oyi sii nkyɛn—sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔw abam. Saa atirimpɔw no ne sɛ mmarima ne mmea a wɔyɛ osetie bɛtena asase so na wɔahwɛ asase no ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so nyinaa so. (Gen. 1:28) Nea ɛbɛyɛ na saa atirimpɔw no abam nti na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo a ɔyɛ “Homeda Wura” no “ayɛ adwuma abesi sesɛɛ” no. (Mat. 12:8; Yoh. 5:17) Onyankopɔn homeda no bɛkɔ so araa akosi sɛ n’atirimpɔw a ɛfa ne homeda no ho bɛbam koraa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei. w11 7/15 3:4, 5
May 20 Bible akenkan: Yohane 8-11
No. 1: Yohane 8:12-30
No. 2: Dɛn na Yebetumi Ayɛ De Abɔ Yɛn Ho Ban Afi Atoro Akyerɛkyerɛfo Ho? (Rom. 16:17; 2 Yoh. 9-11)
No. 3: Dɛn Nti na Onyankopɔn Anhyɛ Mmara Kɛkɛ sɛ Wɔn a Wobetie No Nyinaa Ntena Ase Daa? (rs-E kr. 307 ¶3–kr. 308 ¶1)