Yeremia
1 Hilkia ba Yeremia+ a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot,+ Benyamin+ asase soɔ, mu no nsɛm nie. 2 Ɔno na Yehowa asɛm baa ne nkyɛn Yuda+ hene Yosia a ɔyɛ Amon+ ba no berɛ soɔ, n’ahennie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu.+ 3 Na ɛbaa Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba berɛ so nso, de bɛsii Yuda hene Sedekia+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛtɔ so dubaako awieeɛ, de bɛsii berɛ a Yerusalem kɔɔ nkoasom mu, bosome a ɛtɔ so nnum no so.+
4 Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ: 5 “Berɛ a mennya nyɛɛ wo ɔyafunu+ mu no, na meni wo,+ na wonnya mfirii awotwaa mu mmaeɛ no na metee wo ho.+ Mede wo yɛɛ odiyifoɔ maa amanaman no.”
6 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, mennim kasa,+ na meyɛ abɔfra.”+
7 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Nka sɛ, ‘Meyɛ abɔfra.’ Na mmom obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn no, kɔ, na asɛm biara a mɛhyɛ woɔ no, ka.+ 8 Nsuro wɔn anim,+ ɛfiri sɛ medi w’akyi,+ na mɛgye wo, Yehowa asɛm nie.”
9 Ɛnna Yehowa tenee ne nsa de kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+ 10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so+ sɛ tutu na bubu na sɛe na dwiri gu+ na si na dua nso.”+
11 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: “Yeremia, ɛdeɛn na wohunu yi?”
Na mekaa sɛ: “Ɔsonkoran abaa bi na mehunu.”
12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Woahunu no yie, na merema m’ani ada hɔ m’asɛm ho na mayɛ.”+
13 Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn ne mprenu soɔ sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu yi?”
Na mekaa sɛ: “Kukuo a wɔrefite aseɛ gya mu na mehunu, na ano kyerɛ anafoɔ.”
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Atifi fam na wɔbɛfiri ahwie amanehunu no agu asase no so nnipa nyinaa soɔ.+ 15 ‘Hwɛ, merefrɛ anafoɔ fam ahennie mu mmusua nyinaa,’ Yehowa asɛm nie,+ ‘na wɔbɛba na obiara de n’ahennwa abɛsi Yerusalem kuro apono ano+ ne afasuo a atwa ho ahyia no ho ne Yuda nkuro+ nyinaa mu. 16 Na mɛka m’atemmuo wɔ wɔn bɔne nyinaa ho akyerɛ wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔagya me,+ na daa wɔhye afɔrebɔdeɛ ma anyame foforɔ,+ na wɔkoto wɔn nsa ano adwuma.’+
17 “Na wo deɛ, bɔ w’asene,+ na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mmɔ hu wɔn anim, na meremma wommɔ hu wɔn anim.+ 18 Hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ mayɛ wo kuro a wɔabɔ ho ban ne dadeɛ dum ne kɔbere afasuo+ atia asase no nyinaa+ ne Yuda ahemfo ne ne mpanimfoɔ ne n’asɔfoɔ ne asase no so nnipa.+ 19 Na wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo,+ ‘ɛfiri sɛ medi w’akyi,+ na mɛgye wo,’+ Yehowa asɛm nie.”
2 Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn+ sɛ: 2 “Kɔ, na kɔka gu Yerusalem asom sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:+ “Mekae wo mmabaaberɛ+ mu adɔeɛ ne ɔdɔ a wonyaeɛ berɛ a mesii wo asiwa,+ na wodii m’akyi serɛ no so, asase a wɔnguu so aba soɔ no.+ 3 Ná Israel yɛ kronkron ma Yehowa,+ N’aba a ɛdi kan.”’+ ‘Wɔn a wɔbɛmene no nyinaa bɛdi fɔ.+ Mmusuo na ɛbɛba wɔn soɔ,’ Yehowa asɛm nie.”+
4 O Yakob fie,+ ne Israel fie mmusua nyinaa, montie Yehowa asɛm.+ 5 Deɛ Yehowa aka nie: “Ɛdeɛn na mo agyanom ahunu no me ho a ɛntene,+ a enti wɔatwe wɔn ho afiri me ho koraa saa,+ na wɔakɔdi abosonhuhuo+ akyi ama wɔn nso adane ahuhufoɔ yi?+ 6 Wɔammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he, Deɛ ɔyii yɛn firii Egypt+ asase soɔ no, Deɛ ɔdii yɛn anim faa serɛ so+ ne asasetamaa so ne amena mu, asase a nsuo+ nni soɔ na ɛyɛ sum kabii,+ asase a onipa biara mfaa so da na ɔdasani biara ntenaa so da no?’
7 “Meyɛɛ mo nkakrankakra de mo baa turo asase so sɛ mommɛdi ɛso aba ne emu nnepa.+ Nanso moba bɛguu m’asase ho fĩ; m’agyapadeɛ no, modanee no akyiwadeɛ.+ 8 Asɔfoɔ no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wɔkura mmara no nso, na wɔnni me.+ Nnwanhwɛfoɔ no nso buu me mmara so,+ na adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn na wɔdii wɔn akyi.+
9 “‘Ɛno nti, me ne mo bɛdi asie bio,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mo mma mma nso, me ne wɔn bɛdi asie.’+
10 “‘Nanso montwam nkɔ Kitim+ mpoano nsase so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar+ nkɔhwehwɛ mu yie, na monhwɛ sɛ biribi saa asi pɛn anaa.+ 11 Ɔman bi asesã n’anyame+ akɔfa deɛ ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesã m’animuonyam akɔfa deɛ mfasoɔ biara nni soɔ.+ 12 O mo ɔsoro, momfa ahodwiri kɛseɛ nhwɛ yei, na mo ho nwoso biribiri,’ Yehowa asɛm nie,+ 13 ‘ɛfiri sɛ bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me+ a meyɛ nkwa nsutire+ no sɛ wɔrekɔtu mmura, mmura a apaepae a nsuo ntumi nnyina mu.’
14 “‘Israel yɛ akoa+ anaa ɔyɛ efienipa? Adɛn nti na wadane afom adeɛ yi? 15 Agyata bobom+ na wɔpɔ so gu ne so.+ Wɔama n’asase ayɛ ahodwirideɛ. Wɔahyehye ne nkuro, na obi nte mu.+ 16 Nof+ ne Tapanes+ mma nso bɛdidi wo ho ama wo tiri ho atutu.+ 17 Ɛnyɛ yei na wode yɛɛ wo ho, sɛ wogyaa Yehowa wo Nyankopɔn+ berɛ a ɔne wo nam kwan soɔ no?+ 18 Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Egypt+ kwan so a enti worekɔ akɔnom Sihor mu nsuo yi?+ Na ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria+ kwan so a enti worekɔ akɔnom asubɔnten kɛseɛ no mu nsuo yi? 19 Wo bɔne bɛtene wo so+ na wo nkontompo aka w’anim.+ Hwɛ na hunu sɛ ɛyɛ bɔne ne adeɛ a ɛyɛ nwono+ sɛ woagya Yehowa wo Nyankopɔn no, a me ho hu biara nni wo mu,’+ Awurade Tumfoɔ+ asafo Yehowa asɛm nie.
20 “‘Mefiri tete na mebubuu wo kɔndua+ mu asinasini; metetee wo nkyehoma mu. Nanso wokaa sɛ: “Merensom wo,” ɛfiri sɛ wodaa+ nkokoɔ atenten nyinaa so ne nnua kusuu+ nyinaa ase bɔɔ adwaman.+ 21 Me deɛ, meduaa wo sɛ bobe kɔkɔɔ a ɛyɛ;+ ná ne nyinaa yɛ aba pa. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane ananafoɔ bobe bɔne ama me yi?’+
22 “‘Na sɛ wode gyakisi dware, na wofa samina+ ma no dɔɔso mpo a, w’amumuyɔ yɛ m’anim nkekaeɛ ara,’+ Awurade Tumfoɔ asafo Yehowa asɛm nie. 23 Adɛn na woka sɛ, ‘Menguu me ho fĩ,+ na Baal anyame nso menkɔdii wɔn akyi’?+ Hwɛ wo kwan wɔ bɔn+ no mu na hunu deɛ woayɛ. Wote sɛ yomabereɛ a ɔtu mmirika di akɔneaba basabasa n’akwan mu; 24 ɛserɛ so afunumu+ a wuram akokwa no a ne kra akɔnnɔ mu ɔtwe mframa;+ sɛ ne berɛ duru sɛ wɔforo no a, hwan na ɔbɛsianka no? Wɔn a wɔrehwehwɛ no nyinaa renha wɔn ho. Ne bosome mu na wɔbɛhu no. 25 Hwɛ wo nan yie na wo nan angu fam, ne wo mene mu na sukɔm anne wo.+ Nanso wokaa sɛ, ‘Mfasoɔ biara nni so!+ Ananafoɔ+ na medɔ wɔn na wɔn akyi na mɛdie.’+
26 “Sɛdeɛ wɔkye korɔmfoɔ a n’ani wuo no, saa na Israel fie ani awuo,+ wɔn ne wɔn ahemfo ne wɔn mpanimfoɔ ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.+ 27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Me papa ne wo,’+ ne ɛboɔ nso sɛ, ‘Wo na wowoo me.’ Na me deɛ, wɔn kɔn akyi na wɔadane akyerɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Wɔn amanehunu berɛ mu deɛ, wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na gye yɛn!’+
28 “Mo anyame a moayeyɛ afa no wɔ he?+ Sɛ wɔbɛtumi agye mo wɔ mo amanehunu berɛ mu a,+ momma wɔnsɔre. Sɛdeɛ mo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na mo anyame nso dodoɔ teɛ, O Yuda.+
29 “‘Adɛn nti na mo ne me redi asie yi?+ Adɛn nti na mo nyinaa ayɛ me bɔne yi?’+ Yehowa asɛm nie. 30 Mabobɔ mo mma kwa.+ Wɔannye ntenesoɔ biara antom.+ Mo nkrantɛ akunkum mo adiyifoɔ te sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.+ 31 O awoɔ ntoatoasoɔ, monhunu Yehowa asɛm.+
“Madane serɛ so anaa asase a aduru sum kabii ama Israel+ anaa? Adɛn nti na me man aka sɛ, ‘Yɛnenam. Yɛremma wo nkyɛn bio’ yi?+ 32 Ɔbaabunu werɛ bɛtumi afiri n’agudeɛ, na ayeforɔ werɛ bɛtumi afiri n’abɔsoɔ anaa? Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me, nna pii a wɔntumi nkan.+
33 “O ɔbaa, adɛn nti na wosiesie wo kwan de pɛ adɔfoɔ? Ɛno nti, nneɛma bɔne mu na wokyerɛkyerɛ w’akwan.+ 34 Afei nso, wo ntadeɛ mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem+ akra mogya.+ Manhunu sɛ wɔbubu kɔɔ mu, nanso akekã yeinom nyinaa mu.+
35 “Na woka sɛ, ‘Bɔne bi nni me ho, na n’abufuo adane afiri me so.’+
“Hwɛ, me ne wo bɛdi, ɛfiri sɛ woka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne.’+ 36 Adɛn nti na wobu wo kwan a woasesã no sɛ ade ketewa koraa yi?+ Egypt ho nso, w’ani bɛwu+ sɛdeɛ w’ani wuu Asiria+ ho no. 37 Ɛhɔ nso na wobɛfiri aba a wo nsa gu wo ti,+ ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn a wode wo ho ato wɔn soɔ no, na ɛrensi wo yie wɔn nkyɛn.”
3 Wɔka sɛ: “Sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere, na ɔbaa no firi ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ yere a, ɔbarima no bɛtumi akɔ ne nkyɛn bio anaa?”+
Ɛnyɛ efĩ+ na wɔde aka asase no anaa?
“Nanso wo deɛ, wo ne adɔfoɔ pii na abɔ adwaman;+ wobɛtumi asan aba me nkyɛn bio?”+ Yehowa asɛm nie. 2 “Ma w’ani so kyerɛ akwan so na hwɛ.+ Ɛhe na wɔne wo nnaeɛ?+ Akwan nkyɛn na wote twɛn wɔn, sɛ Arabiani a ɔte serɛ soɔ,+ na wode w’adwamammɔ ne wo bɔne+ agu asase no ho fĩ. 3 Ɛno nti wɔasi asusɔ kwan,+ na adonsuo nso ntɔeɛ.+ Wo moma so te sɛ ɔbaa dwamanfoɔ deɛ, na wonnim aniwuo.+ 4 Afei deɛ, wofrɛ me sɛ, ‘Me papa,+ me mmabaaberɛ+ mu adamfoɔ ne wo! 5 Wode bɛhyɛ wo mu akɔsi daa, na w’ani bɛdi yɛn bɔne akyi akɔsi daa?’+ Hwɛ, woakasa, nanso woyɛ nneɛma bɔne a wobɛtumi nyinaa.”+
6 Na Yehowa ka kyerɛɛ me Ɔhene Yosia+ nna no mu sɛ: “‘Woahunu deɛ mmaratoni Israel ayɛ yi?+ Ɔkɔ bepɔ biara a ɛkorɔn so+ ne dua kusuu+ biara ase kɔbɔ adwaman wɔ hɔ.+ 7 Deɛ ɔyɛeɛ yi nyinaa akyi no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmra me nkyɛn, nanso wansan amma,+ na Yuda hwɛɛ ne nuabaa+ nkontomponi no ara. 8 Mehunuu saa no, mmaratoni Israel awaresɛeɛ nti megyaa no awareɛ,+ na memaa no awaregyaeɛ krataa,+ nanso ne nuabaa nkontomponi Yuda ansuro; ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.+ 9 Ɔbɔɔ adwaman na wammu no hwee, na ɔguu asase no ho fĩ daa,+ na ɔne aboɔ ne nnua sɛee awareɛ.+ 10 Yei nyinaa akyi no, ne nuabaa nkontomponi Yuda amfa n’akoma nyinaa+ ansan amma me nkyɛn, na mmom ɔbɛdaadaa me,’+ Yehowa asɛm nie.”
11 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmaratoni Israel akyerɛ sɛ ne kra tene koraa sene nkontomponi Yuda.+ 12 Kɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ atifi+ famfoɔ sɛ:
“‘“San bra, O ɔkobɔfoɔ Israel,” Yehowa asɛm nie.’+ ‘“Meremmuna m’anim nkyerɛ mo bio,+ ɛfiri sɛ meyɛ ɔnokwafoɔ,”+ Yehowa asɛm nie.’ ‘“Meremfa nhyɛ me mu nkɔsi daa.+ 13 Mo amumuyɔ no na monhunu, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na moafom no.+ Na mofaa akwan bebree so kɔɔ ananafoɔ+ nkyɛn wɔ nnua kusuu nyinaa ase,+ na me nne deɛ, moantie,” Yehowa asɛm nie.’”
14 “Monsan mmra, O mma akobɔfoɔ,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ mene mo kunu,+ na mɛfa mo, kuro biara mu onipa baako ne abusua biara mu nnipa mmienu, na mede mo aba Sion.+ 15 Na mɛma mo nnwanhwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ,+ na wɔde nimdeɛ ne nhunumu bɛyɛn mo.+ 16 Na ɛbɛba sɛ mobɛdɔɔso na moaso aba asase no so saa nna no mu,” Yehowa asɛm nie.+ “Wɔrenka bio sɛ, ‘Yehowa apam adaka!’+ Ɛremma akomam na wɔrenkae bio,+ wɔn ani rennyina no, na wɔrenyɛ bio. 17 Saa berɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ Yehowa ahennwa,+ na ɛhɔ na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano abɛhyia+ ama Yehowa din wɔ Yerusalem,+ na wɔrenni wɔn atuateɛ akoma bɔne no akyi bio.”+
18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anante saa nna no mu, na wɔn mmienu bɛfiri adi afiri atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapadeɛ no so.+ 19 Me na maka sɛ, ‘Hwɛ sɛdeɛ mede mo fraa mma mu na mede asase pa+ no maa mo, agyapadeɛ fɛfɛ a amanaman bebree ani bere no! Mesan kaa sɛ, ‘Mobɛfrɛ me sɛ, “M’agya!”+ na morensan mfiri m’akyi bio.’ 20 ‘Ampa ara, sɛdeɛ ɔyere twa nkontompo firi ne hokafoɔ+ akyi no, saa na mo Israel fie, mo ne me adi no nkontompo soɔ,’+ Yehowa asɛm nie.”
21 Akwan so na wɔate nnyegyeeɛ bi, Israel mma sũ ne wɔn nkotɔsrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyea wɔn akwan;+ wɔn werɛ afiri Yehowa wɔn Nyankopɔn.+
22 “Monsan mmra, mma akobɔfoɔ,+ na mɛsa mo akobɔ no.”+
“Yɛn nie! Yɛaba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+ 23 Ampa ara, nkokoɔ ne mmepɔ so+ gyegyeegye yɛ ɔkwa.+ Ampa ara, Yehowa yɛn Nyankopɔn ne Israel nkwagyeɛ.+ 24 Nanso aniwudeɛ+ no adi deɛ yɛn agyanom brɛ hwehwɛ firii yɛn mmɔfraase no, wɔn nnwan ne wɔn anantwie, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa. 25 Yɛn aniwuo+ mu na yɛda na yɛn animguaseɛ kata yɛn ho daa;+ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne,+ yɛne yɛn agyanom, ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi nnɛ,+ na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”+
4 “Israel, sɛ wosan w’akyi a,” Yehowa asɛm nie, “me nkyɛn na san bra.+ Na sɛ me nti woyi w’akyiwadeɛ no a,+ anka worenyɛ ɔkobɔfoɔ bio. 2 Sɛ woka ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te ase+ wɔ nokorɛ ne atɛntenenee ne tenenee+ mu yi’ a, ɛnneɛ ne mu na amanaman bɛhyira wɔn ho na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.”+
3 Deɛ Yehowa aka akyerɛ Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nie: “Momfuntum asase pa mfa, na monnnua no nkasɛɛ mu.+ 4 Momma wɔntwa mo twetia mma Yehowa na montwa mo akoma twetia,+ mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, na mo nneyɛɛ bɔne nti m’abufuo amfiri adi sɛ egya ammɛhye a obiara nni hɔ a ɔbɛdum no.”+
5 Monka no Yuda, mommɔ no dawuro wɔ Yerusalem,+ momma wɔnte, monhyɛne abɛn asase no so baabiara.+ Monteam den, na monka sɛ: “Mommoaboa mo ano na yɛnkɔ nkuro a wɔabɔ ho ban no mu.+ 6 Momma ahyɛnsodeɛ so nkyerɛ Sion fam. Mompɛ baabi nhunta. Monnnyina hɔ.” Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi+ fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ. 7 Deɛ ɔrebɛsɛe amanaman+ no atu reba;+ wafiri adi sɛ gyata a ɔfiri dɔtɔ mu reba, na watu afiri ne tenabea sɛ ɔrebɛyɛ w’asase ahodwirideɛ, na wasɛe wo nkuro pasaa na obi antena mu bio.+ 8 Yei nti momfira atweaatam,+ mommɔ abubuo na montwa adwo,+ ɛfiri sɛ Yehowa abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so.+
9 “Na ɛda no,” Yehowa asɛm nie, “ɛbɛba sɛ ɔhene ne akunini akoma bɛtu,+ na asɔfoɔ ho adwiri wɔn, na adiyifoɔ abɔ hu.”+
10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa ara woadaadaa+ ɔman yi ne Yerusalem sɛ wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso nkrantɛ ato ɔkra.”
11 Saa berɛ no, wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: “Mframa a emu yɛ hyeɛ afiri serɛ so kwan+ so afa me man babaa kwan so reba,+ ɛnyɛ deɛ ɛbɛpo soɔ anaa ɛbɛhu soɔ. 12 Mframa a emu yɛ den paa firi hɔnom ara bɛba ama me. Afei na me nso mɛka atemmusɛm agu wɔn soɔ.+ 13 Hwɛ! Ɔreforo ba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframaden.+ N’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ.+ Yɛnnue, ɛfiri sɛ wɔasɛe yɛn awie! 14 Hohoro w’akoma mu bɔne, Yerusalem, na wɔagye wo.+ Da bɛn na w’adwemmɔne bɛtena wo mu akɔsie?+ 15 Obi nne team firi Dan,+ ɔrebɔ mmusuo ho dawuro firi Efraim+ mmepɔ so. 16 Mommɔ din nkyerɛ amanaman; hwɛ, mommɔ dawuro ntia Yerusalem.”
“Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba,+ na wɔrebɛma wɔn nne so atia Yuda nkuro. 17 Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia+ sɛ mfuo so awɛmfoɔ, ɛfiri sɛ wate me so atua,”+ Yehowa asɛm nie. 18 “W’akwan ne wo nneyɛɛ no—yeinom na wɔde bɛtua wo ka.+ Yei ne mmusuo a ɛbɛba wo soɔ, na ɛyɛ nwono, ɛfiri sɛ ɛbɛduru w’akoma ho.”
19 Me nsono mu oo, me nsono mu! Mete yea m’akomam.+ M’akoma repere wɔ me mu.+ Mentumi nyɛ komm, ɛfiri sɛ me kra ate abɛn nnyegyeeɛ, ɛko totorobɛnto.+ 20 Wɔteam sɛ, ɔsɛeɛ abɔ ɔsɛeɛ so, na wɔasɛe asase no nyinaa.+ Mpofirem na wɔasɛe me ntomadan,+ amonom na wɔasɛe me ntomadan ho ntoma. 21 Ɛnkɔsi da bɛn na mɛhunu ahyɛnsodeɛ no na mate abɛn nnyegyeeɛ?+ 22 Ɛfiri sɛ me man yɛ nkwaseafoɔ.+ Wɔnni me.+ Wɔyɛ mma a wɔnnim nyansa; wɔnni nteaseɛ.+ Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnni ho nimdeɛ.+
23 Mehwɛɛ asase no, na hwɛ! ada mpan na ayɛ amamfõ;+ mehwɛɛ ɔsoro nso, na ne hann nni hɔ bio.+ 24 Mehwɛɛ mmepɔ, na hwɛ! na ɛrewoso, na nkokoɔ nyinaa nso rehinhim.+ 25 Mehwɛeɛ, na hwɛ, ɔdasani biara nni hɔ, na wiem nnomaa nyinaa nso atutu kɔ.+ 26 Mehwɛeɛ, na hwɛ, turo asase no adane serɛ so, na wɔabubu ɛso nkuro nyinaa;+ Yehowa na ɔyɛeɛ, n’abufuhyeɛ nti na ɔyɛeɛ.
27 Deɛ Yehowa aka nie: “Amamfõ na asase no nyinaa bɛdane.+ Merensɛe no pasaa anaa?+ 28 Ɛno nti asase no bɛdi awerɛhoɔ,+ na ɔsoro bɛduru sum,+ ɛfiri sɛ me na makasa, na me na madwene ho. Merennu me ho, na merensan mfiri ho.+ 29 Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ dede nti kuro no nyinaa redwane.+ Wɔakɔhyehyɛ adɔtɔ mu na wɔafoforo abotan.+ Nkuro nyinaa adeda mpan, na ɔdasani biara nte mu bio.”
30 Wofiraa tankɔkɔɔ, wode sika agudeɛ hyehyɛɛ wo ho, wode adubire+ kekaa w’ani akyi maa w’aniwa yɛɛ akɛseɛ. Afei a wɔasɛe wo awie yi, ɛdeɛn na wobɛyɛ? Womaa wo ho yɛɛ fɛ kwa.+ W’adɔfo apo wo; wo kra na wɔrehwehwɛ.+ 31 Mete nne a ɛte sɛ ɔbaa yarefoɔ deɛ, mete ahohia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrewo n’abakan deɛ,+ Sion babaa a ɔrepenepene nne. Watrɛ ne nsam sɛ:+ “Afei deɛ mennue, ɛfiri sɛ me kra abrɛ awudifoɔ nsam!”+
5 Monkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ, sɛ mobɛhunu onipa+ bi anaa; obi a ɔdi asɛntenenee+ na ɔhwehwɛ nokorɛ.+ Anka mede bɛfiri kuro no. 2 Sɛ wɔka sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi!” mpo a, ɛyɛ ntanhunu na wɔka.+
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokorɛdie+ na w’ani hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo ntenesoɔ.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den senee ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+ 4 Me ara mekaa sɛ: “Yeinom yɛ famfam nnipa. Wɔadi nkwaseasɛm, ɛfiri sɛ wɔabu wɔn ani agu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmuo so.+ 5 Mɛsim akɔ atitire no nkyɛn na me ne wɔn akɔkasa;+ ebia wɔn deɛ, wɔahunu Yehowa kwan ne wɔn Nyankopɔn atemmuo.+ Nanso wɔn nyinaa abubu kɔndua no; wɔatete nhoma no mu.”+
6 Ɛno nti na kwaeɛ mu gyata ato ahyɛ wɔn soɔ, na serɛ so pataku asɛe wɔn,+ na ɔsebɔ atɛ wɔn nkuro ho no.+ Obiara a ɔfiri adi firi mu no, wɔbɛtete no asinasini ɛfiri sɛ wɔn amumuyɔ dɔɔso, na wɔn mmarato nni ano.+
7 Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede afiri wo? Wo mma agya me, na wɔka deɛ ɛnyɛ+ Onyankopɔn ntam.+ Memaa wɔmeeɛ,+ nanso wɔsɛee awareɛ ara,+ na wɔboom yuu kɔɔ ɔbaa dwamanfoɔ fie. 8 Wɔte sɛ apɔnkɔ a wɔn ho asɔresɔre a wɔn hwewa ayeyerɛ. Wɔsu di wɔn yɔnko yere akyi.+
9 “Yeinom nti, merentua wɔn so ka anaa?” Yehowa asɛm nie.+ “Na me kra rentɔ werɛ ɔman a ɛte sei so anaa?”+
10 “Momforo ne bobe nturo na monsɛe no,+ nanso monntɔre aseɛ korakora.+ Mompempan ne mman foforɔ no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ Yehowa dea.+ 11 Na nkontompo na Israel fie ne Yuda fie atwa me,” Yehowa asɛm nie.+ 12 “Wɔapo Yehowa na wɔka sɛ, ‘Ɔnni hɔ.+ Mmusuo bi remma yɛn so, na yɛrenhunu nkrantɛ anaa ɛkɔm nso.’+ 13 Na adiyifoɔ no adane mframa, na m’asɛm nni wɔn mu.+ Saa ara na ɛbɛto wɔn.”
14 Enti deɛ asafo Yehowa Nyankopɔn aka nie: “Yei a moaka nti, hwɛ, mɛma m’asɛm a ɛwɔ w’anom ayɛ egya,+ na ɔman yi adane nnyina na ahye wɔn.”+
15 “Hwɛ, mede ɔman bi firi akyirikyiri reba mo so,+ O Israel fie,” Yehowa asɛm nie. “Ɛyɛ ɔman a akyɛ,+ ɔman a ɛwɔ hɔ firi teteete; ɔman a monnim wɔn kasa, na monte deɛ wɔka no ase. 16 Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a wɔnkataa soɔ; wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.+ 17 Wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane.+ Wɔbɛmemene wo mma mmarima ne wo mma mmaa. Wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie. Wɔbɛdi wo bobe ne wo borɔdɔma nnua.+ Wɔde nkrantɛ bɛbubu wo nkuro a wɔabɔ ho ban a wode wo ho ato soɔ no.”
18 “Nanso saa nna no mu no,” Yehowa asɛm nie, “merensɛe mo pasaa.+ 19 Na ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa, yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa?’+ Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ moagya me akɔsom ananafoɔ nyame wɔ mo asase soɔ no, saa na mobɛsom ananafoɔ, asase a ɛnyɛ mo deɛ soɔ.’”+
20 Monka no Yakob fie, na mommɔ no dawuro wɔ Yuda, sɛ: 21 “Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a monni tire:+ Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;+ wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+ 22 ‘Enti monsuro me anaa?’+ Yehowa asɛm nie, ‘anaasɛ me nti monni yea a emu yɛ den anaa?+ Me na mede anwea atwa po ano hyeɛ, deɛ ayɛ daa ahyɛdeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ n’asorɔkye bɔ mpo a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ dɛn ara a, ɛntumi ntra.+ 23 Na ɔman yi anya asoɔden ne atuateɛ akoma; wɔamane, na wɔnam wɔn kwan so.+ 24 Wɔanka no wɔn akomam sɛ: “Afei deɛ, momma yɛnsuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,+ deɛ ɔtɔ nsuo, na ɔma adonsuo ne asusɔ wɔ ne berɛ mu,+ deɛ ɔhwɛ twaberɛ adapɛn a wɔahyɛ no so ma yɛn no.”+ 25 Mo mfomsoɔ na ama moahwere nneɛma yi, na mo bɔne na ama nneɛma pa abɔ mo.+
26 “‘Ɛfiri sɛ wɔhunu abɔnefoɔ wɔ me man mu.+ Wɔtetɛ daa sɛdeɛ nnomaayifoɔ butubutuo.+ Wɔasum fidie a ɛsɛe adeɛ. Nnipa na wɔde yi wɔn. 27 Sɛdeɛ nnomaa dɔɔso wɔ buo mu no, saa na nnaadaa ayeyɛ wɔn afie amaama.+ Ɛno nti na wɔayeyɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho no.+ 28 Wɔadodɔ sradeɛ,+ na wɔayɛ sɔɔsɔɔ. Nnebɔne nso ahyɛ wɔn ma abu so. Wɔnni obiara asɛm mma no;+ wɔnni agyanka+ mpo asɛm mma no na ama wɔadi yie.+ Ahiafoɔ nso, wɔmmu atɛn mma wɔn.’”
29 “Yeinom nti, merentua wɔn ka anaa?” Yehowa asɛm nie. “Na me kra rentɔ werɛ ɔman a ɛte sei so anaa?+ 30 Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ na wɔde aba asase no soɔ:+ 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+
6 O Benyamin mma, mompɛ baabi nhunta, monnwane mfiri Yerusalem; monhyɛne abɛn+ wɔ Tekoa.+ Momfa egya ahyɛnsodeɛ nsi Bet-Hakerem,+ ɛfiri sɛ mmusuo firi atifi fam reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.+ 2 Sion babaa te sɛ ɔbaa hoɔfɛfoɔ a wɔagyegye ne so asɛe no.+ 3 Ne nkyɛn na nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwankuo aba. Ne ho na wɔbɛsisi ntomadan ahyia,+ na obiara bɛdidi wɔ n’afã.+ 4 Wɔahyira ɔsa+ so atia no sɛ: “Monsɔre mma yɛmforo nkɔ ne so awia ketee!”+
“Yɛnnue, ɛfiri sɛ adekyeeɛ kɔ n’anim, na anwummerɛ sunsum mu atwe!”
5 “Monsɔre mma yɛmforo nkɔ ne so anadwo nkɔsɛe n’abankɛseɛ no.”+
6 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Montwitwa nnua+ na monto Yerusalem ho akoban,+ na ɛyɛ kuro a ɛfata asotwe.+ Hwee nni ne mu sɛ nhyɛsoɔ nko.+ 7 Sɛdeɛ asubura ma emu nsuo yɛ nwunu no, saa na ɔma ne bɔne yɛ nwunu. Wɔte basabasayɛ ne afomfa nka wɔ ne mu;+ yareɛ ne ɔhaw na ɛwɔ m’anim daa. 8 O Yerusalem, ma wɔntene wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfiri wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte soɔ.”+
9 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛsesa Israel nkaeɛ akɔ sɛdeɛ wɔsesa bobe ase no.+ Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔrete bobe afiri bobe dua soɔ.”
10 “Hwannom na menkasa nkyerɛ wɔn na memmɔ wɔn kɔkɔ mma wɔntie? Hwɛ! wɔntwaa wɔn aso twetia enti wɔntumi ntie.+ Hwɛ! Yehowa asɛm adane ahohoradeɛ wɔn ani so,+ enti wɔnni ho anigyeɛ bi.+ 11 Ɛno nti na Yehowa abufuhyeɛ ahyɛ me ma no. Makura mu abrɛ.”+
“Hwie gu abɔnten+ so abɔfra so ne mmeranteɛ adwabɔ so berɛ korɔ mu, na wɔbɛkyere ɔbarima ne ne yere nyinaa, ne akɔkoraa ne deɛ nna amee no.+ 12 Wɔn afie bɛyɛ afoforɔ dea, na wɔn nsase ne wɔn yerenom nso saa ara,+ ɛfiri sɛ mɛtene me nsa aka asase no sofoɔ,” Yehowa asɛm nie.+
13 “Ɛfiri wɔn mu kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+ 14 Wɔsa me man akuro biara biara,+ na wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!’ berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ 15 Wɔn ani wuu sɛ wɔyɛɛ akyiwadeɛ anaa?+ Asɛm no ne sɛ, wɔn ani anwu koraa, na wɔnnim fɛreɛ nso.+ Ɛno nti, wɔbɛfra atɔfoɔ mu atotɔ,+ na ɛda a mɛba abɛbu wɔn atɛn no, wɔbɛsuntisunti,” Yehowa na aka.
16 Deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ seesei ɛkwan pa no wɔ,+ na momfa so,+ na monnya home mma mo kra.”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛremfa so.”+ 17 “Mede awɛmfoɔ+ sisii mo so sɛ, ‘Monyɛ aso ntie abɛn nnyegyeeɛ no!’”+ Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛrenyɛ aso ntie.”+ 18 “Ɛno nti, amanaman, montie ɛ! Na asafo, monhunu deɛ ɛrebɛto wɔn. 19 Asase, yɛ aso ɛ! Hwɛ, mede amanehunu reba ɔman+ yi so sɛ wɔn nsusuiɛ so aba,+ ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔpoeɛ.”+
20 “Ɛhyɛ a mode firi Saba+ ne demmire hwamhwam a mode firi akyirikyiri asase so reba yi, ɛdeɛn na ɛyɛ ma me? Mo hyeɛ afɔdeɛ nyɛ me fɛ,+ na mo ayɛyɛdeɛ nso nsɔ m’ani.”+ 21 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Mede suntidua+ bɛto ɔman yi anim, na agyanom ne mma, ne ofipamfoɔ ne ne yɔnko nyinaa asuntisunti wɔ so, na wɔn nyinaa bɛsɛe.”+
22 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! ɔman bi firi atifi asase so reba; wɔbɛhwanyan ɔman kɛseɛ bi afiri asase ano nohoa aba.+ 23 Wɔde agyan ne pea na ɛbɛba.+ Wɔn tirim yɛ den; wɔrenhu mmɔbɔ. Wɔn nne bɛgyegye sɛ ɛpo,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so.+ Wɔatwa ɛko mpasua sɛ ɔkofoni a ɔne wo rebɛko, O Sion babaa.”+
24 Yɛate ho asɛm. Yɛn nsam ago.+ Ahohia asɔ yɛn mu, awoko a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ.+ 25 Mommfiri adi nnkɔ afuo mu, monnkɔnante kwan so, ɛfiri sɛ ɔtamfo nkrantɛ wɔ hɔ, na ahudeɛ atwa yɛn ho ahyia.+ 26 O me man babaa, fira atweaatam,+ na munimuni wo ho wɔ nsõ mu.+ Di awerɛhoɔ sɛ obi a ɔretwa adwo di ne bakorɔ ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ mpofirem na ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn soɔ.+
27 “Mede wo asi hɔ sɛ sɔ dadeɛ hwɛ wɔ me man mu na hwehwɛ nneɛma mu yie, na wobɛhunu na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.+ 28 Wɔn nyinaa aso yɛ den dodo;+ wɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔte sɛ kɔbere ne dadeɛ. Wɔn nyinaa asɛe.+ 29 Afa no ahye.+ Sumpii nko na wɔnya firi wɔn gya mu.+ Wɔayere wɔn ho anane no kwa, ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu.+ 30 Nnipa bɛfrɛ wɔn sɛ dwetɛ a wɔapoɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa apo wɔn.”+
7 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Kɔgyina Yehowa fie pono no ano, na bɔ asɛm yi dawuro wɔ hɔ,+ na ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yudafoɔ a mofa apono yi mu bɛkoto Yehowa nyinaa. 3 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie, na me nso mɛma moatena ha.+ 4 Monnnye nkontomposɛm+ nnni na monnka sɛ, ‘Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie, Yehowa asɔrefie nie!’ 5 Ɛfiri sɛ sɛ moyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie ampa, na mobu onipa ne ne yɔnko ntam atɛntenenee,+ 6 na moanhyɛ ɔhɔhoɔ anaa agyanka anaa okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha,+ na moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ 7 ɛnneɛ me nso mɛma moatena ha, asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so mmerɛsanten nkɔsi daa no.”’”+
8 “Hwɛ, mo deɛ, mode mo ho ato nkontomposɛm so; ɛremmoa mo kwan biara so.+ 9 Mobɛbɔ korɔno,+ adi awu,+ asɛe awareɛ,+ akeka ntanhunu,+ ahye afɔrebɔdeɛ ama Baal,+ akɔdi anyame foforɔ a monnim wɔn akyi,+ 10 na moasan abɛgyina m’anim efie a me din+ da soɔ yi mu na akyiwadeɛ yi nyinaa akyi no moaka sɛ, ‘Gyeɛ deɛ, ɔbɛgye yɛn’? 11 Enti efie a me din+ da soɔ yi adane adwotwafoɔ atɛeɛ wɔ mo ani so?+ Hwɛ, me ara nso mahunu,” Yehowa asɛm nie.+
12 “‘Afei, monkɔ me tenabea a na ɛwɔ Silo,+ baabi a kane meyii sɛ me din ntena hɔ no,+ na monkɔhwɛ deɛ meyɛɛ hɔ, me man Israel bɔne a wɔyɛeɛ no nti.+ 13 Enti afei,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ́ moakɔ so ayɛ yeinom nyinaa, na daa mekasa kyerɛɛ mo, na mesɔree anɔpahema+ ne mo kasaeɛ nanso moantie,+ na mefrɛɛ mo na moannye soɔ nti,+ 14 me nso, efie a me din+ da so a mode mo ho ato soɔ yi,+ ne tenabea a mede maa mo agyanom no, mɛyɛ no sɛdeɛ meyɛɛ Silo no ara.+ 15 Na mɛto mo afiri m’anim atwene,+ sɛdeɛ metoo mo nuanom Efraim+ asefoɔ no nyinaa guiɛ no.’
16 “Na wo deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi, na mma wo nne so nsu mfrɛ me mma wɔn; mmɔ mpaeɛ,+ na nkoto nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.+ 17 Deɛ wɔreyɛ no Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten soɔ no, wonhunuiɛ anaa?+ 18 Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ano, ɔyerenom fete esiam, na wɔde yɛ afɔrebɔ paanoo ma ‘ɔsoro hemmaa’;+ wɔhwie afɔrebɔ nsã+ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo.+ 19 ‘Ɛyɛ me na wɔhyɛ me abufuo anaa?’+ Yehowa asɛm nie. ‘Ɛnyɛ wɔn ara na wɔyɛ saa de gu wɔn anim aseɛ?’+ 20 Ɛno nti, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Wɔbɛhwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu ha+ yi ne adasamma ne afieboa ne wuram nnua+ ne asase so aba so; ɛbɛhye na ɛrennum.’+
21 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ no nka mo ayɛyɛdeɛ ho, na monni nam.+ 22 Ɛfiri sɛ da a meyii mo agyanom firii Egypt asase soɔ no, manka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ ho asɛm bi ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛdeɛ bi amma wɔn. 23 Asɛm yi nko na mede yɛɛ ahyɛdeɛ too wɔn soɔ sɛ: “Montie me nne,+ na mɛyɛ mo Nyankopɔn+ na mo nso moayɛ me man; monnante akwan+ a mɛhyɛ sɛ momfa soɔ nyinaa so na asi mo yie.”’+ 24 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ asõ nso;+ wɔn ara wɔn afotuo ne wɔn akoma+ bɔne atuateɛ mu na wɔnanteeɛ, enti wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ wɔn anim;+ 25 wɔayɛ saa firi da a meyii mo agyanom firii Egypt asase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesɔre somaa wɔn da biara anɔpahema.+ 26 Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wɔsenee wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!+
27 “Na wobɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ wɔn,+ nanso wɔrentie wo, wobɛfrɛ wɔn, nanso wɔrennye wo so.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne ɔman a emufoɔ ntie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne+ na wɔnnye ntenesoɔ no.+ Nokorɛdie ayera, na wɔatwa afiri wɔn anom.’+
29 “Monyi mo nwi a moagya no,+ na monto ngu, na montwa kwadwom+ nkokoɔ pradaa so, ɛfiri sɛ Yehowa apo mo,+ na ɔbɛgya awoɔ ntoatoasoɔ a ne bo afu wɔn no.+ 30 ‘Ɛfiri sɛ Yuda mma ayɛ m’ani so bɔne,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔde wɔn akyiwadeɛ no akɔsisi fie a me din da soɔ no mu de agu ho fĩ.+ 31 Wɔasisi Tofet+ sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, de hye wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa egya mu;+ nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa m’akomam da.’+
32 “‘Enti hwɛ! nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfrɛ no Tofet anaa Hinom ba bɔn bio, na mmom wɔbɛfrɛ no okum bɔn,+ na wɔbɛsie nnipa wɔ Tofet hɔ ara ama wɔrennya baabi wɔ hɔ bio.+ 33 Na ɔman yi afunu bɛyɛ wiem nnomaa ne asase so mmoa aduane, na obiara renyi wɔn hu.+ 34 Na mɛma ahosɛpɛ nne, ahurisie nne, ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne+ nso to atwa wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfõ ara nko.’”+
8 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “nkurɔfoɔ bɛsesa Yuda ahemfo nnompe ne ne mpanimfoɔ nnompe ne asɔfoɔ nnompe ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu.+ 2 Na wɔbɛtrɛtrɛ mu akyerɛ awia ne bosome ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn na wɔsom wɔn, na wɔdii wɔn akyi,+ na wɔhwehwɛɛ wɔn akyiri kwan, na wɔkotoo wɔn no.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina asase ani.”+
3 “Abusua bɔne yi nkaeɛ a wɔbɛka no nyinaa bɛpɛ owuo asene nkwa+ wɔn tenabea hɔ, baabi a mɛbɔ wɔn ahwete no nyinaa,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
4 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Sɛ wɔhwe ase a, wɔrensɔre bio anaa?+ Sɛ obi san n’akyi a, ɔfoforɔ nso rensan n’akyi anaa?+ 5 Adɛn nti na Yerusalem man yi kura nkontompo mu de to mmara yi? Wɔkura nnaadaasɛm+ mu dendeenden, na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.+ 6 Meyɛɛ aso+ tieeɛ,+ nanso wɔanka deɛ ɛtene. Obiara nni hɔ a ɔsakra firii ne bɔne ho kaa sɛ,+ ‘Ɛdeɛn na mayɛ yi?’ Obiara asi kwan so reyɛ deɛ nkurɔfoɔ yɛ no bi+ te sɛ pɔnkɔ a ɔde mmirika rekɔ akono. 7 Wiem asukɔnkɔn mpo nim ne berɛ,+ aburuburo+ ne asomfena ne apatuprɛ nim berɛ a wɔba. Na me man deɛ, wɔnnim Yehowa atemmusɛm.”’+
8 “‘Adɛn nti na motumi ka sɛ: “Yɛyɛ anyansafoɔ, na Yehowa mmara wɔ yɛn nkyɛn”?+ Ampa ara, atwerɛfoɔ twerɛdua+ torofoɔ no ayɛ adwuma nkontompo mu. 9 Anyansafoɔ ani awu.+ Wɔabɔ hu, na wɔbɛkye wɔn. Hwɛ! Yehowa asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?+ 10 Ɛno nti, mede wɔn yerenom bɛma mmarima foforɔ, na wɔn nsase ayɛ nnipa foforɔ dea,+ ɛfiri sɛ ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, obiara pɛ mfaso bɔne;+ ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ so, wɔn nyinaa nni nokorɛ.+ 11 Wɔsa me man babaa akuro biara biara,+ na wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+ 12 Wɔn ani wuu sɛ wɔyɛɛ akyiwadeɛ anaa?+ Asɛm no ne sɛ, wɔn ani anwu koraa, na wɔnnim fɛreɛ nso.+
“‘Ɛno nti, wɔbɛfra atɔfoɔ mu atotɔ, na akontabuo da no,+ wɔbɛsuntisunti,’ Yehowa na aka.+
13 “‘Sɛ wɔboaboa ano a, mɛma no asã koraa,’ Yehowa asɛm nie.+ ‘Bobe aba remma bobe dua so,+ borɔdɔma aba remma borɔdɔma dua so, na ɛso nhahan bɛdwan. Deɛ mede ama wɔn no bɛtwa wɔn ho akɔ.’”
14 “Adɛn nti na yɛda so tete hɔ yi? Mommoaboa mo ano na yɛnkɔ nkuro a wɔabɔ ho ban+ no mu na yɛnkɔyɛ komm wɔ hɔ,+ na Yehowa yɛn Nyankopɔn na aka sɛ yɛnyɛ komm, na wama yɛn nsuo a awuduro+ wom sɛ yɛnnom ɛfiri sɛ yɛayɛ Yehowa bɔne. 15 Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nanso adepa bi amma;+ yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahudeɛ na ɛbaeɛ!+ 16 Wɔate n’apɔnkɔ home hahyeehahyee firi Dan.+ Wɔn apɔnkɔnini nteamu nti, asase no nyinaa afiri aseɛ rewoso.+ Wɔaba rebɛdi asase no ne deɛ ɛwɔ soɔ, nkuro no ne emu nnipa.”
17 “Na hwɛ, merema awɔ aba mo mu, nhuritia+ a kaberekyerefoɔ+ biara ntumi nkasa nkyerɛ wɔn, na wɔabɛkeka mo,” Yehowa asɛm nie.
18 Awerɛhoɔ a ɛnni aduro aba me so.+ Meyare m’akoma. 19 Hwɛ, wɔte me man babaa sufrɛ wɔ akyirikyiri+ asase bi so sɛ: “Yehowa nni Sion anaa?+ Anaasɛ ne hene nni ne mu?”+
“Adɛn nti na wɔde wɔn ahoni a wɔasene ne ananafoɔ anyamehuhuo no ahyɛ me abufuo?”+
20 “Twaberɛ atwam, ahuhuro berɛ aba n’awieeɛ, nanso yɛn deɛ, yɛnnyaa ɔgyeɛ!”+
21 Me man babaa sɛeɛ no nti,+ mabubu.+ Me werɛ aho. Ahodwiri kɛseɛ akyekyere me.+ 22 Balsam ngo nni Gilead anaa?+ Na ɔyaresafoɔ biara nni hɔ anaa?+ Ɛnneɛ, adɛn nti na me man babaa nnyaa+ ayaresa yi?+
9 Sɛ me tiri yɛ nsuo na m’ani yɛ nisuo asutire ɛ!+ Anka awia ne anadwo nyinaa mɛsu me man babaa atɔfoɔ no.+
2 Sɛ mewɔ akwantufoɔ+ tenabea wɔ serɛ so ɛ! Anka mɛgya me man na mafiri wɔn nkyɛn akɔ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,+ nkontompofoɔ kuo.+ 3 Wɔkuntunu wɔn kɛtrɛma mu sɛ agyan de di atorɔ,+ na wɔnni nokorɛ asase no so.
“Wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔbu wɔn ani gu me so,”+ Yehowa asɛm nie.
4 “Obiara nhwɛ ne ho yie ne yɔnko ho,+ na mommfa mo ho nnto mo nuanom so.+ Ɛfiri sɛ onua bɛtwitwa ne nua nantin,+ na ɔyɔnkoɔ bɛnenam asɛe ne yɔnko din.+ 5 Obiara daadaa ne yɔnko,+ na wɔnka nokorɛ koraa. Wɔakyerɛ wɔn kɛtrɛma atorɔdie.+ Bɔneyɛ na wɔde hyɛ wɔn ho brɛ.+
6 “Nnaadaa+ mu na moteɛ. Nnaadaa nti, wɔmpɛ sɛ wɔhu me,”+ Yehowa asɛm nie.
7 Ɛno nti, deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, merebɛnane wɔn, na mahwehwɛ wɔn mu;+ sɛ manyɛ saa a, ɛdeɛn bio na mɛyɛ, me man babaa nti?+ 8 Wɔn kɛtrɛma yɛ awudie agyan.+ Nnaadaasɛm na ɛka. Onipa de n’ano kasa asomdwoeɛ so kyerɛ ne yɔnko, nanso ɔtetɛ no wɔ ne mu.”+
9 “Yeinom nti, merentua wɔn ka anaa?” Yehowa asɛm nie. “Na me kra rentɔ werɛ, ɔman a ɛte sei so anaa?+ 10 Mɛma me nne so asũ na matwa adwo mmepɔ no ho,+ na mmoa adidibea a ɛbɛdane serɛ so nti, mɛto kwadwom, ɛfiri sɛ wɔbɛhye ne nyinaa,+ na onipa biara rentwam wɔ hɔ; wɔrente nyɛmmoa nne wɔ hɔ.+ Ewiem nnomaa ne mmoa nyinaa bɛdwane, wɔn nyinaa bɛkɔ.+ 11 Mɛma Yerusalem adane aboɔ kuo,+ sakraman tenabea,+ na mɛdane Yuda nkuro amamfõ a obi ntena mu.+
12 “Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛte yei aseɛ? Hwan na Yehowa akasa akyerɛ no ama ɔno nso aka akyerɛ?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asase yi sɛe na ɛhye sɛ serɛ, a obi mfa so bio?”+
13 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Wɔagya me mmara a mede maa wɔn sɛ ɛnkyerɛ wɔn kwan no; wɔantie me nne na wɔannante mu.+ 14 Wɔn akoma+ bɔne atuateɛ mu na wɔnanteeɛ, na wɔkɔdii Baal anyame+ a wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no akyi.+ 15 Ɛno nti, deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ, mɛma ɔman yi awɔnwono adi,+ na mede nsuo a awuduro wom ama wɔn anom.+ 16 Mɛbɔ wɔn apete aman a wɔne wɔn agyanom nyinaa nnim soɔ no so,+ na mɛma nkrantɛ atĩ wɔn akɔsi sɛ mɛtɔre wɔn aseɛ.’+
17 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Momfa nteaseɛ nyɛ mo adeɛ, na momfrɛ mmaa a wɔnim agyaadwoɔ twa mmra,+ na monsoma nkɔfrɛ mmaa a wɔnim sũ yie mmra,+ 18 na wɔnyɛ ntɛm mmɛtwa agyaadwoɔ mma yɛn, na nisuo nsene mfa yɛn ani ase, na yɛn ani mporo nsuo.+ 19 Na wɔte agyaadwoɔ wɔ Sion sɛ:+ “O hwɛ sɛdeɛ wɔafom yɛn nneɛma!+ Hwɛ sɛdeɛ yɛn anim agu aseɛ! Ɛfiri sɛ yɛagya asase no, na wɔadwiri yɛn tenabea no agu.”+ 20 Mmaa, montie Yehowa asɛm ɛ. Momma n’anom asɛm nkɔ mo asom. Afei monkyerɛ mo mma mmaa agyaadwoɔ twa+ na ɔbaa biara nkyerɛ ne yɔnko sɛdeɛ wɔtwa kwadwom.+ 21 Ɛfiri sɛ owuo afa yɛn mpomma mu aba yɛn abankɛseɛ mu sɛ ɛrebɛtwa mmɔfra afiri mmorɔno so na atwa mmeranteɛ afiri mmɔnten so.’+
22 “Ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Adasamma afunu bɛgugu hɔ sɛ asase so sumina ne ayuo foforɔ a ayuo twafoɔ atwitwa agu wɔn akyi a obiara nni hɔ a ɔbɛboaboa ano.”’”+
23 Deɛ Yehowa aka nie: “Mma onyansafoɔ mmfa ne nyansa nnhoahoa ne ho,+ mma ɔhoɔdenfoɔ mmfa n’ahoɔden nnhoahoa ne ho,+ na mma ɔdefoɔ mmfa n’ahonyadeɛ nnhoahoa ne ho.”+
24 “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, sɛ ɔwɔ me ho nhunumu+ ne nimdeɛ, sɛ mene Yehowa,+ Deɛ ɔyɛ adɔeɛ na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase soɔ no a,+ ɛno mmom na ɔmfa nhoahoa ne ho, ɛfiri sɛ yei na ɛsɔ m’ani,”+ Yehowa asɛm nie.
25 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na obiara a watwa twetia nanso ɔda so wɔ ne momonoto mu no, mɛbu no atɛn;+ 26 Egyptfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Moabfoɔ+ ne obiara a ɔte serɛ so a watwitwa n’abɔdwesɛ no,+ mɛbu wɔn nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofoɔ na Israel fie nyinaa nso yɛ akomam momonotofoɔ.”+
10 O Israel fie, montie asɛm a Yehowa aka atia mo. 2 Deɛ Yehowa aka nie: “Monnsua amanaman no kwan biara,+ na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnne, na amanaman no na wɔsuro yeinom.+ 3 Amanaman no amanneɛ+ no yɛ mframa ara kwa, ɛfiri sɛ kwaeɛ mu dua+ na wɔatwa, odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde sɔsɔ ayɛ.+ 4 Wɔde dwetɛ ne sika yɛ no fɛfɛɛfɛ.+ Wɔde dadewa ne asaeɛ bobom, na anhinhim.+ 5 Wɔte sɛ ɛferɛ afuo so kaakaamotobi a wɔnkasa.+ Soa na wɔsoa wɔn, ɛfiri sɛ wɔntumi ntutu wɔn anammɔn.+ Monnsuro wɔn ɛfiri sɛ wɔrentumi mfa mmusuo biara mma, na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”+
6 O Yehowa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+ Woyɛ kɛse, na wo din sõ na ɛkorɔn.+ 7 O amanaman Hene,+ hwan na ɔrensuro woɔ,+ ɛfiri sɛ wofata. Amanaman no anyansafoɔ nyinaa ne wɔn ahennie nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.+ 8 Wɔn nyinaa yɛ agyimfoɔ ne nkwaseafoɔ.+ Dua twetwe nnipa kɔ nneɛma huhuo ho kwa.+ 9 Wɔde dwetɛ a wɔaboro no ntraantraa firi Tarsis+ ba, na wɔde sika nso firi Ufas+ ba; ɛyɛ odwumfoɔ ne ɔtomfoɔ nsa ano adwuma. Ahoma bruu ntoma ne ntoma a ɛbere dum na ɛfira wɔn. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.+
10 Ampa ara, Yehowa ne Onyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ+ ne daa Hene.+ N’abufuhyeɛ nti, asase bɛwoso,+ na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛgyina n’abohuro ano.+ 11 Deɛ monka nkyerɛ wɔn nie: “Anyame+ a wɔanyɛ ɔsoro ne asase no, wɔn na wɔbɛyera+ afiri asase so ne ɔsoro ase.” 12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+ 13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsuo bobom wɔ soro,+ na ɔma suwisie firi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osuo,+ na ɔde mframa firi n’asan mu ba.+
14 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+ 15 Ɛyɛ ahuhudeɛ, asereseredeɛ.+ Akontabuo da no, wɔbɛsɛe.+
16 Yakob Kyɛfa nte sɛ yeinom,+ ɛfiri sɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfoɔ,+ na Israel yɛ n’agyapadeɛ poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.+
17 O ɔbaa a wote ahohia mu,+ boaboa w’ahodeɛ ano firi asase no so.+ 18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereto asase no sofoɔ sɛ ataaboɔ saa berɛ yi,+ na mɛhiahia wɔn ho ama wɔahunu.”+
19 Me sɛeɛ nti mennue!+ Me pirakuro nni sabea. Me ara maka sɛ: “Me yareɛ nie, na mɛsoa.+ 20 Me ntomadan asɛe, na me ntampehoma nyinaa mu atete.+ Me mma afiri me ho, na wɔnni hɔ bio.+ Obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu na wama me ntampehoma soɔ. 21 Nnwanhwɛfoɔ adane agyimfoɔ,+ na wɔnhwehwɛɛ Yehowa mpo.+ Ɛno nti na wɔanni nyansasɛm no, na wɔn mmoa a wɔkɔ adidi nyinaa ahwete.”+
22 Montie! Amanneɛbɔ bi reba! Na gyegyeegye kɛseɛ bi nso firi atifi fam asase so reba,+ sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkuro amamfõ ne sakraman atenaeɛ.+
23 O Yehowa, menim sɛ ɔdasani kwan nni ne nsam. Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.+ 24 O Yehowa, tene me so, nso yɛ no atɛntenenee so,+ ɛnyɛ w’abufuo so,+ na woampepa me amfiri hɔ.+ 25 Hwie w’abufuo gu aman+ a wɔapo woɔ no so,+ ne mmusua a wɔmmɔ wo din no so.+ Wɔamene Yakob.+ Wɔamene no, na wɔretɔre n’ase.+ Wɔama ne tenabea adane amamfõ.+
11 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Montie apam yi mu nsɛm!
“Ka+ nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ, 3 na ma wɔnte sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Nnome nka deɛ ɔntie apam yi mu nsɛm;+ 4 nsɛm a mehyɛɛ mo agyanom ɛda a meyii wɔn firii Egypt asase so,+ dadeɛ fononoo+ mu no sɛ, ‘Montie me nne na monyɛ deɛ mahyɛ mo nyinaa,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+ 5 na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina,+ sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ+ sene soɔ no bɛma wɔn sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.’”’”
Na megyee so sɛ: “Amen, O Yehowa.”
6 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Pae mu ka nsɛm yi nyinaa wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ,+ ‘Montie apam yi mu nsɛm na monni so.+ 7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Egypt+ asase so baeɛ no, na ɛde bɛsi nnɛ nso mesɔre anɔpahema kasa kyerɛ wɔn sɛ: “Montie me nne.”+ 8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’”
9 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ abɔ me ho pɔ.+ 10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumuyɔ mu,+ tetefoɔ a wɔanni me nsɛm so a wɔkɔdii anyame foforɔ akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so.+ 11 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo+ a wɔntumi mfiri mu reba wɔn so,+ na wɔbɛsu afrɛ me, nanso merentie wɔn.+ 12 Na Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye afɔrebɔdeɛ ma wɔn no,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn, wɔn amanehunu berɛ no mu.+ 13 Sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda,+ na sɛdeɛ Yerusalem mmorɔno dodoɔ teɛ no, saa na moasisi afɔrebukyia ama aniwudeɛ,+ afɔrebukyia a mohye so afɔrebɔdeɛ ma Baal no.’+
14 “Na wo deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi, mma wo nne so nsu mfrɛ me mma wɔn, na mmɔ mpaeɛ mma wɔn;+ sɛ wɔsu frɛ me wɔn amanehunu berɛ no mu a, merentie.+
15 “Ɛdeɛn na me dɔfo reyɛ wɔ me fie+ berɛ a wɔn mu bebree+ abɔ pɔ bɔne yi?+ Afɔrebɔ bɛma no afiri wo so,+ w’amanehunu berɛ no? Saa berɛ no, wobɛdi ahurisie anaa?+ 16 Yehowa frɛɛ wo ‘ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛso aba dɔsɔɔ.’+ Nanso nnyegyeeɛ kɛseɛ bi baeɛ, na ɔsɔɔ ne ho gya, na wɔabubu ne mman.+
17 “Na asafo Yehowa, Deɛ ɔduaa woɔ+ no aka mmusuo a ɛreba wo soɔ, bɔne a Israel fie ne Yuda fie yɛeɛ,+ sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ maa Baal de hyɛɛ me abufuo no nti.”+
18 Na Yehowa akyerɛ me ama mahunu. Saa berɛ no, womaa mehunuu wɔn nneyɛɛ.+ 19 Me deɛ, na mete sɛ adwammaa a ɔdwoɔ a wɔrekɔku no;+ ná mennim sɛ me na wɔabɔ me ho pɔ yi,+ sɛ: “Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba na yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so,+ na wɔankae ne din bio.” 20 Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ tenenee mu;+ ɔsɔ asaabo ne akoma hwɛ.+ Ma menhunu w’aweredie wɔn so ɛ, na wo na mede m’asɛm abɛdan woɔ.+
21 Ɛno nti yei na Yehowa aka atia Anatot+ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din+ mu na woanwu yɛn nsam” no; 22 enti deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, meredane m’ani aba wɔn so. Nkrantɛ+ na wɔde bɛkunkum mmeranteɛ no, na wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn.+ 23 Na nkaefoɔ bi renka mma wɔn, ɛfiri sɛ mede mmusuo bɛba Anatot+ mmarima so, wɔn akontabuo afe no.”+
12 O Yehowa, sɛ meka m’asɛm kyerɛ wo a, wobu atɛn wɔ tenenee mu.+ Sɛ mede me nsɛm dan wo a, wodi ma me. Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie+ na nkontompofoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn? 2 Woadua wɔn na wɔagye nhini. Wɔanyini na wɔaso aba nso. Wɔde wɔn ano na ɛbɛn woɔ, nanso wɔn asaabo deɛ, ɛne wo ntam ware yie.+ 3 O Yehowa, wo na wonim me yie;+ wohu me, na woasɔ m’akoma ahwɛ sɛ ɛdi mũ w’anim.+ Yiyi wɔn gyina nkyɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,+ na hyira wɔn so ma okum da. 4 Asase no bɛsɛe akɔsi da bɛn,+ na asase no so wura bɛtwintwam akɔsi da bɛn?+ Wɔn a wɔte soɔ no bɔne nti, mmoa ne nnomaa adwane kɔ.+ Na wɔka sɛ: “Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.”
5 Sɛ wo ne anammɔnfoɔ tu mmirika na wobrɛ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne apɔnkɔ atu mmirika?+ Asomdwoeɛ asase so na woanya awerɛhyem yi?+ Ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn wɔ Yordan kwaeɛbirentuo no mu?+ 6 Wo ara wo nuanom ne wo papa fiefoɔ mpo atwa wo nkontompo.+ Wɔn mpo wɔteam dendeenden di w’akyi. Na sɛ wɔka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.+
7 “Magya me fie;+ mapo m’agyapadeɛ;+ mede deɛ me kra dɔ no no ahyɛ n’atamfo nsa.+ 8 M’agyapadeɛ adane me sɛ gyata wɔ kwaeɛ mu. Wama ne nne so atia me. Ɛno nti na metan no no.+ 9 M’agyapadeɛ+ adane me sɛ ɔkɔdeɛ ntokontrama; akɔdeɛ atwa ho ahyia.+ Wuram mmoa nyinaa, mommoaboa mo ano mmra; momfa wɔn mmra mmɛdidi.+ 10 Nnwanhwɛfoɔ+ bebree asɛe me bobeturo no;+ wɔatiatia me kyɛfa no so.+ Wɔadane me kyɛfa a mepɛ+ no serɛ so amamfõ. 11 Wɔayɛ no amamfõ;+ atwintwam; adane amamfõ ama me.+ Wɔayɛ asase no nyinaa amamfõ, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔde ahyɛ n’akomam.+ 12 Asɛefoɔ aba serɛ so kwan no nyinaa so. Yehowa nkrantɛ resɛe adeɛ firi asase no ano akɔsi ano nohoa.+ Asomdwoeɛ bi nni hɔ mma honam biara. 13 Wɔduaa ayuo nanso nkasɛɛ na wɔatwa.+ Wɔayɛ adwuma ama abɔ wɔn yareɛ, nanso wɔannya so mfasoɔ biara.+ Yehowa abufuhyeɛ nti wɔn ani bɛwu wɔn nnɔbaeɛ ho.”
14 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnipa abɔnefoɔ a wɔte bɛn+ me a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede ama me man Israel sɛ wɔmfa no nyinaa,+ meretutu wɔn ase afiri wɔn asase so,+ na Yuda fie nso, mɛtu aseɛ afiri wɔn mu.+ 15 Na sɛ metu wɔn ase wie a, mɛhu wɔn mmɔbɔ+ na masan de wɔn aba na obiara akɔ n’agyapadeɛ ne n’asase so.”+
16 “Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie na wɔaka me din ntam sɛ,+ ‘Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi!’ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam+ no a, ɛnneɛ wɔn nso wɔbɛnya tenabea me man mu.+ 17 Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ me nso mɛtutu saa ɔman no ase; mɛtutu aseɛ na masɛe no,”+ Yehowa asɛm nie.
13 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Kɔ na kɔpɛ nwera abɔsoɔ, na fa bɔ w’asene, nso mfa nka nsuo.” 2 Ɛnna medii Yehowa asɛm no so kɔpɛɛ abɔsoɔ, na mede bɔɔ m’asene. 3 Na Yehowa asɛm baa me nkyɛn ne mprenu soɔ sɛ: 4 “Fa abɔsoɔ a wonyaeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate+ ho fa kɔhunta ɔbotan tokuro mu.” 5 Enti mekɔeɛ, na mede kɔhuntaa Eufrate ho sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ me no.
6 Na nna pii akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ Eufrate ho, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔhunta hɔ no bra.” 7 Ɛnna mekɔɔ Eufrate ho kɔtutu yii abɔsoɔ no firii baabi a mede kɔhuntaeɛ no, na hwɛ! na abɔsoɔ no asɛe a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yie.
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa na mɛsɛe Yuda ahantan+ ne Yerusalem ahantan dodoɔ no. 10 Saa ɔman bɔne a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm yi,+ wɔnam wɔn akoma atuateɛ+ mu akɔdi anyame foforɔ akyi sɛ wɔbɛsom wɔn akoto wɔn.+ Wɔn nso bɛyɛ sɛ abɔsoɔ a wɔde yɛ hwee a ɛnyɛ yie yi.’ 11 ‘Sɛdeɛ onipa bɔ abɔsoɔ ma ɛfam n’asene no, saa na mede Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa fam me ho,’+ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ wɔnyɛ me man+ ne m’animuonyam din+ ne m’ayeyie ne m’ahoɔfɛ, nanso wɔantie.’+
12 “Na ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Ahina deɛ, wɔde nsã na ɛhyɛ no mã.”’+ Na wɔn nso bɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn deɛ, yɛnnim sɛ nsã na wɔde hyɛ ahina mã anaa?’ 13 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, asase yi sofoɔ nyinaa ne ahemfo a wɔte Dawid adwa+ soɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne Yerusalemfoɔ nyinaa, mɛma wɔabobo sram.+ 14 Agyanom ne mma, mɛkeka wɔn nyinaa tiri abobom,”+ Yehowa asɛm nie. “Me yam renhyehye me, na ɛrenyɛ me awerɛhoɔ, na merenhu mmɔbɔ sɛ meresɛe wɔn.”’+
15 “Montie na monyɛ aso. Monnyɛ ahantan,+ na Yehowa na akasa.+ 16 Monhyɛ Yehowa mo Nyankopɔn animuonyam+ ansa na wama esum aba,+ ansa na mo nan apempem mu wɔ mmepɔ so adesaeɛ.+ Na mobɛhwɛ hann kwan,+ nanso ɔbɛma no adane sunsum;+ ɔbɛdane no esum kabii.+ 17 Sɛ moantie a,+ mo ahantan no nti, me kra bɛsu ahuntaeɛ mu na ate nisuo;+ Yehowa nnwankuo a wɔafa wɔn nnommum nti,+ nisuo bɛsene afiri m’ani ase.
18 “Ka kyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,+ ‘Montena fam,+ ɛfiri sɛ mo abotire fɛfɛ no bɛfiri mo tiri atɔ fam.’+ 19 Wɔatoto anafoɔ nkuro mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛbue. Wɔde Yuda nyinaa kɔ nkoasom mu. Wɔde wɔn kɔ nkoasom mu korakora.+
20 “Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.+ Nnwankuo a wɔde maa woɔ no, wo nnwankuo fɛfɛ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 21 Sɛ wɔn a mfitiaseɛ no wo ne wɔn dii atirimusɛm, na wokyerɛkyerɛɛ wɔn no dane ba wo so a,+ ɛdeɛn na wobɛka?+ Anka awoko yea renkye wo sɛ ɔbaa a awoɔ aka no anaa?+ 22 Na sɛ woka no w’akomam sɛ,+ ‘Adɛn nti na yei nyinaa aba me so?’+ a, hunu sɛ wo bɔne dodoɔ nti na wɔapa wo ho ntoma;+ ɛno nti na wɔahyɛ wo nantin brɛ no.
23 “Kusni+ bɛtumi asesa ne honam? Ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nworonworan no?+ Ɛnneɛ anka mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a wɔakyerɛkyerɛ mo bɔneyɛ no.+ 24 Enti mɛbɔ wɔn ahwete+ sɛ ntɛtɛ a serɛ so mframa hu korɔ.+ 25 Wo kyɛfa nie, wo kyɛfa a masusu ama woɔ,”+ Yehowa asɛm nie, “ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me,+ na nkontompo na wode wo ho ato soɔ.+ 26 Enti mɛyi wo ntoma abua w’anim, na wɔahunu w’animguaseɛ:+ 27 w’awaresɛeɛ+ ne wo nteamu,+ w’ahohwie ne w’adwamammɔ. Nkokoɔ so ne wuram nyinaa, mahunu w’atantanneɛ no.+ O Yerusalem, due! Wo ho ntumi nte+—ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?”+
14 Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn nsuo a antɔ no ho nie:+ 2 Yuda redi awerɛhoɔ,+ na n’apono agyigya.+ Ayeyɛ basaa atutu agu fam,+ na Yerusalem sufrɛ nso, wɔate.+ 3 Wɔn mu atitire somaa nkumaa no sɛ wɔnkɔ nsuo.+ Wɔkɔɔ nsuka no mu, nanso wɔannya nsuo.+ Wɔde wɔn nhina san baa kwa. Wɔn ani awu,+ wɔn nsa asi fam, na wɔakatakata wɔn ti.+ 4 Nsuo a ɛntɔ asase no soɔ nti asase no apaepae,+ ɛno nti akuafoɔ ani awu, na wɔakatakata wɔn ti.+ 5 Wuram foroteɛ mpo awo, nanso wagya ne ba hɔ, ɛfiri sɛ serɛ mono biara nni hɔ. 6 Serɛ so mfunumu+ nso gyinagyina nkokoɔ pradaa so; wɔtwe mframa sɛ sakraman. Wura a wɔnnya nti,+ wɔn ani atotom. 7 O Yehowa, sɛ yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn mpo a, wo din nti yɛ ho biribi,+ na yɛn mmarato adɔɔso;+ wo na yɛayɛ wo bɔne.+
8 O Israel anidasoɔ+ ne n’ahohia mu+ Ɔgyefoɔ,+ adɛn nti na woadane sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase yi soɔ, na woayɛ sɛ ɔkwantuni a wakɔsoɛ baabi anadwo?+ 9 Adɛn nti na woayɛ sɛ ɔbarima a ne ho adwiri no, dɔmmarima a ɔntumi nnye ne man yi?+ Nanso yɛn mu na wowɔ,+ O Yehowa, na wo din da yɛn so.+ Mma yɛn nsa nnsi fam.
10 Deɛ Yehowa aka afa ɔman yi ho nie: “Saa na wɔpɛ sɛ wɔkyinkyini basabasa.+ Wɔnsiankaa wɔn anammɔn.+ Ɛno nti na Yehowa nso ani nnye wɔn ho bio no.+ Afei ɔbɛkae wɔn amumuyɔ no, na wɔn bɔne no nso, ɔde n’ani bɛsi so.”+
11 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mmɔ mpaeɛ nsrɛ adepa mma ɔman yi.+ 12 Sɛ wɔdi mmuada a, merentie wɔn sufrɛ;+ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ a, m’ani rensɔ,+ na nkrantɛ ne ɛkɔm ne ɔyaredɔm na mede bɛwie wɔn koraa.”+
13 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, adiyifoɔ no reka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Morenhunu nkrantɛ, na ɛkɔm renka mo; nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo wɔ ha.’”+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntorɔ na adiyifoɔ no rehyɛ no me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasaeɛ.+ Atorɔ anisoadehunu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn akomam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+ 15 Ɛno nti, adiyifoɔ a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ nkrantɛ anaa ɛkɔm biara remma asase yi soɔ no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie, ‘Nkrantɛ ne ɛkɔm na ɛde saa adiyifoɔ no awieeɛ bɛba.+ 16 Na ɔman a wɔhyɛ wɔn nkɔm no, ɛkɔm ne nkrantɛ no nti, wɔbɛto wɔn agu Yerusalem mmɔnten so, na obiara rensie wɔn, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nyinaa.+ Na mɛhwie wɔn mmusuo agu wɔn atifi.’+
17 “Asɛm a ka kyerɛ wɔn nie, ‘Ma nisuo nsene mfa m’ani ase awia ne anadwo, na mma no nnnyae,+ ɛfiri sɛ me man babaa, ɔbaabunu no, ahwe ase kɛse abubu,+ na n’apirakuro nni sabea koraa.+ 18 Sɛ mekɔ afuo mu a, hwɛ, wɔn a wɔatotɔ nkrantɛ ano nie!+ Meba kuro mu nso a, hwɛ, nnipa a ɛkɔm abɔ wɔn yareɛ nie!+ Adiyifoɔ ne asɔfoɔ nyinaa akyinkyini kɔ asase a wɔnnim soɔ so.’”+
19 Enti woapo Yuda koraa?+ Anaa wo kra kyiri Sion?+ Adɛn nti na woabɔ yɛn na yɛnnya ayaresa yi?+ Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nanso adepa bi amma; yɛhwɛɛ ayaresa kwan, nanso hwɛ! ahudeɛ na ɛbaeɛ!+ 20 O Yehowa, yɛagye yɛn mfomsoɔ atom, amumuyɔ a yɛn agyanom yɛeɛ no;+ yɛayɛ wo bɔne.+ 21 Wo din nti, mmu yɛn animtia;+ mmu w’animuonyam ahennwa no animtia.+ Kae; mmu apam a wo ne yɛn ayɛ no so.+ 22 Amanaman no abosonhuhuo+ no bi bɛtumi atɔ nsuo? Na ɔsoro ankasa bɛtumi ama asusɔ atue?+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo anaa?+ Wone yɛn anidasoɔ, ɛfiri sɛ wo na woayɛ yeinom nyinaa.+
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ Mose+ ne Samuel+ mpo bɛgyina m’anim a, me kra ani rensɔ ɔman yi.+ Mɛpamo wɔn afiri m’anim akɔ.+ 2 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛmfiri adi nkɔ?’ a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no nkɔ owuyareɛ mu! Deɛ ɔsɛ nkrantɛ no nkɔ nkrantɛ ano! Deɛ ɔsɛ ɛkɔm no nkɔ ɛkɔm mu!+ Na deɛ ɔsɛ nkoasom no nkɔ nkoasom mu!”’+
3 “‘Mmusuo ahodoɔ nnan na mede bɛba wɔn soɔ,’+ Yehowa asɛm nie, ‘nkrantɛ a ɛbɛkunkum wɔn, nkraman a wɔbɛtwe wɔn ase akorɔ, ewiem nnomaa,+ ne asase so mmoa a wɔbɛdi wɔn nam na wɔasɛe wɔn. 4 Na deɛ Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛɛ no Yerusalem nti,+ mɛma wɔn ho adwan wɔn, asase so ahennie nyinaa mu.+ 5 Hwan na ɔbɛhu wo mmɔbɔ, O Yerusalem, hwan na ɔbɛgyam woɔ,+ na hwan na ɔbɛmane abɛbisa sɛdeɛ wo ho teɛ?’
6 “‘Mo na moafiri m’akyi,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Moadane mo akyi akyerɛ me.+ Enti mɛtene me nsa mo so na masɛe mo.+ Afei deɛ, mabrɛ ne mmɔborɔhunu.+ 7 Mede nkorabata bɛhu wɔn so+ sɛ ayuo wɔ apono ano wɔ asase no so. Mɛma wɔahwere wɔn mma.+ Mɛsɛe me man ɛfiri sɛ wɔannane amfiri wɔn akwan ho.+ 8 Wɔn akunafoɔ adɔɔso m’anim sene mpoano anwea. Awia ketee+ na mɛma ɔsɛefoɔ aba ɔbaatan ne aberanteɛ nyinaa soɔ. Mɛma ahoyera ne sakasaka aba wɔn so mpofirem.+ 9 Ɔbaa a wawo mma nson no akusa; ne kra pere pɛ home.+ Adeɛ nnya nsaeɛ,+ nanso n’awia akɔtɔ; n’awia anim agu ase na afɛre.’ ‘Mede wɔn nkaeɛ bɛma nkrantɛ wɔn atamfo anim,’+ Yehowa asɛm nie.”
10 O me maame, mennue+ sɛ wowoo me, ɛfiri sɛ meyɛ ɔhaw ne mansotwe nipa ma asase nyinaa.+ Obi mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso menkɔbɔɔ obi bosea. Nanso obiara redome me.+
11 Yehowa aka sɛ: “Ampa ara, mɛdi aboa wo.+ Ampa ara, mɛgye wo ɔtamfo nsam wɔ amanehunu+ berɛ mu ne ahohia berɛ mu.+ 12 Obi bɛtumi abubu dadeɛ a ɛfiri atifi fam ne kɔbere mu anaa? 13 Mede mo ho nneɛma ne mo ademudeɛ bɛma kwa+ sɛ asadeɛ wɔ mo nsase nyinaa so, mo bɔne nyinaa nti.+ 14 Mɛma ɛne mo atamfo atwam akɔ asase a monnim soɔ so.+ M’abufuo asɔ gya.+ Adɛre atia mo.”
15 Wo ara wonim.+ O Yehowa, kae me,+ na dane w’ani kyerɛ me, na tɔ m’ataafoɔ so werɛ ma me.+ Nyi me mfiri hɔ w’abodwokyɛreɛ mu.+ Hwɛ ahohora a wo din nti aba me soɔ no.+ 16 Menyaa wo nsɛm, na mediiɛ;+ w’asɛm bɛyɛɛ ahurisie+ ne anigyeɛ wɔ m’akoma mu;+ wo din na ɛda me soɔ,+ O Yehowa, asafo Nyankopɔn.+ 17 Mentenaa wɔn a wɔdi fɛ+ adwabɔ mu nnii ahurisie.+ Wo nsa nti, me nko na meteɛ,+ ɛfiri sɛ abohuro na wode ahyɛ me mã.+ 18 Adɛn nti na me yea nkɔ+ da na m’apirakuro nni sabea yi?+ Wɔsa a ɛnsa. Wo deɛ, woayɛ sɛ ɔdaadaafoɔ+ ne asutene a ɛnkyɛre weɛ ama me.+
19 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Sɛ wosan ba a, mɛgye wo bio.+ Wobɛgyina m’anim.+ Sɛ woyiyi nneɛma a ɛsom bo firi nneɛma hunu mu a, ɛnneɛ wobɛyɛ ano ama me. Wɔn deɛ, wɔbɛsan aba wo nkyɛn, na wo deɛ, worensan nkɔ wɔn nkyɛn.”
20 “Mama woadane kɔbere afasuo+ a wɔabɔ ho ban ama ɔman yi; wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo.+ Medi w’akyi, na mɛgye wo na mayi wo,”+ Yehowa asɛm nie. 21 “Mɛgye wo afiri abɔnefoɔ nsam,+ na mɛyi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nso nsam.”
16 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 2 “Nware yere, na nnya mma mmarima ne mma mmaa wɔ ha.+ 3 Deɛ Yehowa aka wɔ mma mmarima ne mma mmaa a wɔwo wɔn ha ne wɔn maamenom ne wɔn papanom a wɔwo wɔn asase yi soɔ ho nie,+ 4 ‘Owuyareɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu.+ Wɔrensu+ wɔn na wɔrensie wɔn.+ Wɔbɛyɛ sumina asase ani;+ nkrantɛ ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn,+ na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asase so mmoa.’+
5 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Nkɔ awerɛhoɔ fie adidie ase; nkɔsu, na mma wɔn asɛm nnyɛ wo mmɔbɔ.’+
“‘Ɛfiri sɛ mayi m’asomdwoeɛ afiri ɔman yi so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mayi adɔeɛ ne mmɔborɔhunu nso.+ 6 Nnipa akɛseɛ ne nketewa nyinaa bɛwuwu asase yi so. Wɔrensie wɔn,+ na wɔrenni wɔn ho awerɛhoɔ; obi rentwitwa ne ho akam,+ na obi remmɔ tikwa mma wɔn.+ 7 Wɔrenkyekyɛ aduane mma wɔn sɛ wɔde rema wɔn due, awufoɔ ho awerɛhoɔdie mu;+ wɔremma obi awerɛkyekyerɛ kuruwa sɛ ɔnnom, ne papa ne ne maame ho.+ 8 Nkɔ apontoɔ ase efie biara mu ne wɔn nnkɔtena ase nnnidi nnnom.’+
9 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no, aka nie, ‘Hwɛ, merema ahurisie ne ahosɛpɛ nne, ayeforɔ kunu ne ayeforɔ nne agyae wɔ ha, mo ani so, wɔ mo nna mu.’+
10 “Sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi, na wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa aka mmusuo akɛseɛ yi nyinaa agu yɛn soɔ? Ɛdeɛn ne yɛn mfomsoɔ, na ɛdeɛn ne bɔne a yɛayɛ atia Yehowa yɛn Nyankopɔn?’ a,+ 11 wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, “‘Ɛfiri sɛ mo agyanom agya me,”+ Yehowa asɛm nie, “na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn, na wɔakoto wɔn.+ Me deɛ, wɔagya me, na wɔanni me mmara so.+ 12 Mo deɛ, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom deɛ,+ na obiara nante n’akoma bɔne atuateɛ+ mu, na ɔntie me.+ 13 Mɛto mo afiri asase yi so akɔ asase a mo,+ anaa mo agyanom nnim soɔ so,+ na ɛhɔ na mobɛsom anyame+ foforɔ awia ne anadwo, ɛfiri sɛ merenhu mo mmɔbɔ.”’
14 “‘Ɛno nti hwɛ, nna bi reba,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔrenka bio sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel firii Egypt+ asase so baeɛ no te aseɛ yi!” 15 Mmom wɔbɛka sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel firii atifi fam asase so ne nsase a ɔbɔɔ wɔn hwetee soɔ nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi!” Na mɛsan de wɔn aba wɔn asase a mede maa wɔn agyanom no so.’+
16 “‘Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔakɔyi wɔn, na yei akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ+ pii aba na wɔakɔhwehwɛ wɔn wɔ mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.+ 17 M’ani hunu wɔn akwan nyinaa. Ɛnhunta me, na wɔn bɔne nso, ɛso nkataeɛ m’anim.+ 18 M’asase a wɔagu ho fĩ no nti,+ mɛdi kan atua wɔn bɔne+ ne wɔn amumuyɔ nyinaa so ka. Wɔde wɔn atantanneɛ ne akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ ma.’”+
19 O Yehowa, m’ahoɔden ne m’abankɛseɛ, ahohia berɛ mu dwankɔbea,+ wo nkyɛn na amanaman no firi asase+ ano bɛba abɛka sɛ: “Atorɔ+ nko na yɛn agyanom bɛtoeɛ, ahuhudeɛ ne nneɛma a mfasoɔ nni soɔ.”+ 20 Ɔdasani bɛyɛ anyame afa, berɛ a wɔnyɛ anyame bi anaa?+
21 “Enti mɛma wɔahunu; saa berɛ no mɛma wɔahunu me nsam ahoɔden ne me tumi,+ na wɔbɛhunu sɛ me din ne Yehowa.”+
17 “Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua+ na atwerɛ ato hɔ. Wɔde dɛnkyɛmmoɔ ano akurukyire agu wɔn akoma pono+ so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn ho;+ 2 mpo wɔn mma kae wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosonnua wɔ dua kusuu ase ne nkokoɔ atenten nyinaa so,+ 3 ne mmepɔ so wɔ wuram. Mede w’ahodeɛ ne w’akoradeɛ nyinaa bɛma ama wɔafom.+ W’asase nyinaa so bɔne nti, mede wo sorɔnsorɔmmea bɛma ama wɔafom.+ 4 Wo ara woama w’agyapadeɛ a mede maa woɔ no afiri wo nsa.+ Me nso mɛma woasom w’atamfo,+ asase a wonnim soɔ so. M’abufuo nti,+ masɔ wo mu gya. Ɛbɛdɛre akɔsi daa.”
5 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnome nka ɔbarima a ɔde ne ho to ɔdasani soɔ,+ deɛ ɔde ɔhonam ayɛ ne basa+ na n’akoma atwe afiri Yehowa ho.+ 6 Ɔbɛyɛ sɛ dua korɔ a ɛsi anwea pradaa soɔ, na berɛ pa ba a, ɔrenhunu;+ ɔbɛtena serɛ so asase wesee so ne nkyene asase a obi nte soɔ so.+ 7 Nhyira ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa soɔ na ɔde Yehowa yɛ n’anidasoɔ.+ 8 Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho, a ne nhini tenetene kɔ asuo no nkyɛn. Sɛ ahuhuro ba a, ɔrenhunu, na n’ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm.+ Afe a ɛpɛ+ bɛsie nso, ɔrensuro, na ɔrennyae abasoɔ.
9 “Akoma yɛ nkontomponi sene adeɛ nyinaa na ne ho yɛ ahomete.+ Hwan na ɔbɛtumi ahunu mu? 10 Me, Yehowa, me na mehwehwɛ akoma mu+ na mesɔ asaabo+ hwɛ, sɛ mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan+ ne ne nneyɛɛ teɛ.+ 11 Deɛ ɔnya ne ho nanso ɔnnya no tenenee soɔ no,+ ɔte sɛ akokɔhwedeɛ a ɔboaboa nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ ano; ɔbɛbu ne nna mu fã na wagya biribiara,+ na awieeɛ no, ɔbɛyɛ kwasea.”+
12 Animuonyam ahennwa no,+ wɔama so firi mfitiaseɛ; ɛyɛ yɛn kronkronbea.+ 13 O Yehowa, Israel anidasoɔ,+ wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwu.+ Wɔn a wɔwae firi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛtwerɛ wɔn din, ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa a ɔyɛ nkwa nsutire no.+ 14 O Yehowa, sa me yareɛ na me ho ntɔ me.+ Gye me na mennya nkwa,+ na wone m’ayeyie.+
15 Hwɛ, ebinom ka kyerɛ me sɛ: “Ɛhe na Yehowa asɛm no wɔ?+ Ma no mmra mu ɛ.” 16 Nanso me deɛ, mempɛɛ ntɛm nnyaee sɛ mɛyɛ odwanhwɛfoɔ adi w’akyi, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan. Wo ara wonim m’anom asɛm; ɛda w’anim. 17 Nyɛ obi a woma ehu ka me.+ Wone m’ahohia da mu dwankɔbea.+ 18 Ma m’ataafoɔ ani nwu,+ na me deɛ, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me deɛ, mma ehu nnka me. Ma mmusuo da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛeɛ mmɔho sɛe wɔn.+
19 Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie: “Kɔ, na kɔgyina ɔmanfoɔ ponkɛseɛ a Yuda ahemfo fa mu kɔ ba no mu ne Yerusalem kuro apono nyinaa mu.+ 20 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, mo Yuda ahemfo nyinaa ne Yudafoɔ nyinaa ne Yerusalemfoɔ a mofa apono yi mu ba nyinaa.+ 21 Deɛ Yehowa aka nie: “Monhwɛ mo kra yie,+ na monnsoa adesoa biara mmfa Yerusalem kuro apono mu mmma mu homeda.+ 22 Mommfa adesoa biara mmfiri mo afie mu mmpue homeda, na monnyɛ adwuma biara nso.+ Monte homeda ho sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no;+ 23 nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wɔsenee wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye ntenesoɔ.”’+
24 “‘“Na ɛbɛba sɛ,” Yehowa asɛm nie, “sɛ mowɛn mo aso tie me+ na moansoa adesoa biara amfa kuro yi apono mu homeda,+ na mote homeda no ho, na moanyɛ adwuma biara+ a, 25 ɛnneɛ ahemfo ne mmapɔmma+ a wɔte Dawid ahennwa+ soɔ bɛtenatena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so afa kuro yi apono mu, wɔne wɔn mmapɔmma, Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ; nnipa bɛtena kuro yi mu afebɔɔ. 26 Na nkurɔfoɔ bɛfiri Yuda nkuro ne Yerusalem ho ne Benyamin+ asase so ne mmepɔ ase+ ne mmepɔ so+ ne Negeb+ de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ne ayɛyɛdeɛ+ ne aduane afɔdeɛ+ ne ɛhyɛ+ ne aseda afɔdeɛ aba Yehowa fie.+
27 “‘“Na sɛ moantie me ante homeda no ho na mosoa nnesoa bɛfa Yerusalem kuro apono mu homeda a,+ ɛnneɛ me nso mede egya bɛto n’apono mu,+ na ɛbɛhye Yerusalem abantenten,+ na ɛrennum.”’”+
18 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Sɔre sim kɔ ɔnwemfoɔ+ fie, na ɛhɔ na mɛma woate me nsɛm.”
3 Ɛnna mesiim kɔɔ ɔnwemfoɔ fie, na hwɛ, na ɔreyɛ adwuma wɔ ɔnwemfoɔ afidie so. 4 Ɔnwemfoɔ no nsa sɛee anwenneɛ a na ɔde dɔteɛ reyɛ no, enti ɔsan de yɛɛ anwenneɛ foforɔ sɛdeɛ ɛtene ɔnwemfoɔ no ani so sɛ ɔbɛyɛ.+
5 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn sɛ: 6 “‘O Israel fie, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwemfoɔ yi ayɛ yi anaa?’ Yehowa asɛm nie. ‘Hwɛ! sɛdeɛ dɔteɛ teɛ ɔnwemfoɔ nsam no, saa ara na mo nso moteɛ wɔ me nsam, O Israel fie.+ 7 Berɛ biara a mɛkasa atia ɔman bi ne ahennie bi sɛ mɛtutu aseɛ na madwiri agu asɛe no+ no, 8 sɛ ɔman no dane firi ne bɔne a mekasa tiaeɛ no ho+ a, me nso megyae mmusuo a mebɔɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn soɔ no.+ 9 Na berɛ biara nso a mɛka ɔman ne ahennie bi ho asɛm sɛ mɛkyekyere na masiesie no,+ 10 sɛ wɔyɛ bɔne m’ani so, na wɔantie me nne+ a, me nso megyae adepa a mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no.’
11 “Enti afei, mesrɛ wo, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mabɔ me tirim sɛ mede mmusuo bɛba mo so; manya mo ho adwene bi.+ Monnane mfiri mo akwammɔne ho ɛ, na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.”’”+
12 Na wɔkaa sɛ: “Mfasoɔ biara nni so!+ Yɛn ara yɛn nsusuiɛ mu na yɛbɛnanteɛ, na obiara bɛyɛ n’akoma bɔne atuateɛ so adeɛ.”+
13 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Monkɔbisa amanaman no mu ɛ. Hwan na wate adeɛ yi bi pɛn? Ahodwirideɛ paa na Israel baabunu no ayɛ.+ 14 Lebanon sukyerɛmma bɛtumi asã wɔ kwaeɛ mu ɔbotan so anaa? Na amannɔne nsuo nwununwunu a ɛretene bɛtumi awe? 15 Me man deɛ, wɔn werɛ afiri me,+ na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma adeɛ a mfasoɔ nni soɔ,+ na wɔto nnipa suntidua wɔn akwan mu,+ wɔ tete akwan no so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa atempɔn a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka soɔ, 16 na wɔn asase no ayɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma daa.+ Obiara a ɔbɛtwam hɔ no de ahodwirie bɛhwɛ na wawoso ne ti.+ 17 Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa abɔ wɔn ahwete atamfo anim.+ Wɔn ahohia da mu, mede m’akyi na ɛbɛkyerɛ wɔn, na ɛnyɛ m’anim.”+
18 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mommra mma yɛnkɔbɔ Yeremia ho pɔ,+ ɛfiri sɛ mmara renyera mfiri asɔfoɔ nkyɛn,+ na afotuo remfiri anyansafoɔ nsam, na asɛm rempa adiyifoɔ anom.+ Mommra mma yɛmfa yɛn kɛtrɛma+ mmoro no, na mommma yɛnntie n’asɛm biara.”
19 O Yehowa, yɛ aso ma me, na tie m’atamfo nsɛm no.+ 20 Bɔne na wɔde retua papa so ka anaa?+ Wɔn deɛ, wɔatu amena ama me kra.+ Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim kaa wɔn ho asɛmpa sɛ dane w’abufuo firi wɔn soɔ+ no. 21 Ɛno nti, yi wɔn mma hyɛ ɛkɔm nsa,+ na fa wɔn hyɛ nkrantɛ nsa.+ Ma wɔn yerenom nhwere wɔn mma na ma wɔnyɛ akunafoɔ.+ Ma owuyareɛ nkunkum wɔn mmarima, na wɔmfa nkrantɛ mmobɔ wɔn mmeranteɛ wɔ ko mu. + 22 Ma wɔnte esu wɔ wɔn afie mu berɛ a wode afomfoɔ aba wɔn so mpofirem no,+ ɛfiri sɛ wɔatu amena de repɛ me ayi me, na wɔasunsum mfidie ahunta me nan.+
23 O Yehowa, wo ara wonim me ho pɔ a wɔabɔ sɛ wɔbɛku me no.+ Nkata wɔn bɔne so, na wɔn amumuyɔ no, mpepa mfiri w’anim.+ Ma wɔnhwe ase w’anim. W’abufuo mu na wo ne wɔn nnie.+
19 Deɛ Yehowa kaeɛ nie: “Kɔ na kɔfa ɔnwemfoɔ+ ahina, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho, 2 na firi adi kɔ Hinom ba bɔn+ a ɛwɔ Anwemfoɔ Pono ano no mu. Ɛhɔ na ka nsɛm a mɛka akyerɛ woɔ no.+ 3 Ka sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ.+ Deɛ asafo Yehowa,+ Israel Nyankopɔn no aka nie:
“‘“Hwɛ, mede mmusuo reba ha, na obiara a ɔbɛteɛ no, n’asom bɛyɛ no yonn,+ 4 ɛfiri sɛ wɔagya me,+ na wɔasẽsa ha yi koraa;+ wɔakɔhye afɔrebɔdeɛ ama anyame foforɔ a wɔnnim wɔn,+ wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo, na wɔde wɔn a wɔdi bem mogya ahyɛ ha ma.+ 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde egya bɛhye wɔn mma de abobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Baal,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa na menkaa hwee nkyerɛɛ wɔn,+ na ɛmmaa m’akomam da.”’+
6 “‘“Ɛno nti, hwɛ,” Yehowa asɛm nie, “nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet,+ anaa Hinom ba bɔn+ bio, na mmom wɔbɛfrɛ no okum bɔn. 7 Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyinatuo ayɛ ɔkwa ɛha yi,+ na mɛma wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam.+ Na mede wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asase so mmoa.+ 8 Obiara a ɔbɛhunu kuro yi no, ne ho bɛdwiri no, na ɔbɛbɔ hwerɛma.+ Obiara a ɔbɛtwam ha no, mmusuo no nti, ɔde ahodwirie bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma.+ 9 Mɛma wɔadi wɔn mma mmarima nam ne wɔn mma mmaa nam, na obiara bɛdi ne yɔnko nam, ahokyerɛ ne ahohia a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra de bɛdwan wɔn ho nti.”’+
10 “Afei bɔ ahina no wɔ mmarima a wo ne wɔn kɔeɛ no anim. 11 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Sɛdeɛ wɔbɔ ɔnwemfoɔ anwenneɛ a wɔntumi nyɛ no yie bio no,+ saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kuro yi, na wɔbɛsie wɔn Tofet+ akɔsi sɛ wɔrennya baabi nsie wɔn bio.”’+
12 “‘Saa na mɛyɛ ɛha yi ne wɔn a wɔtete ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛyɛ kuro yi sɛ Tofet.+ 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie a ɛho agu fĩ no, kyerɛ sɛ, afie a ɛwowɔ adan atifi a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ ma ɔsoro asafo+ nyinaa a wɔhwie afɔrebɔ nsã wɔ hɔ ma anyame foforɔ+ no, ne nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.’”+
14 Ɛnna Yeremia firi Tofet,+ baabi a Yehowa somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm no, baeɛ, na ɔbɛgyinaa Yehowa fie adihɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:+ 15 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo a maka atia kuro yi nyinaa reba kuro yi ne ɛho nkuro nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔasene wɔn kɔn sɛ wɔrentie m’asɛm.’”+
20 Berɛ a Yeremia reka nkɔmhyɛ nsɛm no nyinaa no, na Imer+ ba Pasur, ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Yehowa fie so otitire no retie.+ 2 Ɛnna Pasur boroo odiyifoɔ Yeremia,+ na ɔde no bɔɔ dua mu+ wɔ Benyamin Atifi Ponkɛseɛ a ɛwɔ Yehowa fie no mu. 3 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Pasur yii Yeremia firii dua+ no mu, na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ:
“Ɛnyɛ Pasur na Yehowa bɛfrɛ wo bio,+ na mmom ɔbɛfrɛ wo Magor-Misabib.*+ 4 Ɛfiri sɛ deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mɛma woabɔ hu, wo ne w’adɔfo nyinaa, na wɔbɛtotɔ wɔn atamfo nkrantɛ ano+ ama w’ani ahunu;+ mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon, na ɔde nkrantɛ abobɔ wɔn.+ 5 Mede kuro yi mu nneɛma a wɔaboaboa ano nyinaa ne ne nnɔbaeɛ nyinaa ne n’aboɔdenneɛ nyinaa bɛma, na Yuda ahemfo ademudeɛ nyinaa nso, mede bɛhyɛ wɔn atamfo nsa.+ Wɔbɛfom na wɔafa de akɔ Babilon.+ 6 Na wo Pasur, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nkoasom mu;+ wobɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na wobɛwuo, na ɛhɔ na wɔbɛsie wo ne w’adɔfo nyinaa,+ ɛfiri sɛ woahyɛ wɔn nkɔntorɔ.’”+
7 O Yehowa, woadaadaa me, na mama woadaadaa me. Wode w’ahoɔden abu afa me so, na woadi nkonim.+ Madane asereseredeɛ daa nyinaa; obiara di me ho fɛ.+ 8 Daa merekasa a, meteam. Awudisɛm ne afomfa na ɛma mesu frɛ woɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa asɛm ama mayɛ ahohora ne nsopa daa nyinaa.+ 9 Ɛnna mekaa sɛ: “Meremmɔ ne din, na merenkasa ne din mu bio.”+ Nanso ɛyɛɛ m’akomam sɛ egya a ɛredɛre a wɔato mu me nnompe mu; mebrɛeɛ, na mantumi ankura mu bio.+ 10 Metee nnipa pii nsekudie.+ Ná ahudeɛ wɔ baabiara. “Monka mma wɔnte, na yɛnka ne ho asɛm no bi.”+ Onipa biara a ɔka kyerɛ me sɛ “Asomdwoeɛ” no, ɔno nso rehwehwɛ sɛ mɛwatire.+ Wɔka sɛ: “Ebia wɔbɛdaadaa no,+ na yɛadi ne so nkonim na yɛatɔ ne so werɛ.” 11 Nanso Yehowa gyina m’akyi+ sɛ ɔdɔmmarima a ne ho yɛ hu.+ Ɛno nti na m’ataafoɔ bɛsunti na wɔrennyina no.+ Wɔn ani bɛwu paa, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie. Wɔn aniwuo no rentwam da, na werɛ remfiri da.+
12 O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔteneneeni mu;+ wo na wohunu asaabo ne akoma+ mu. Ma menhunu aweredie a wode bɛba wɔn soɔ,+ ɛfiri sɛ wo na mede m’asɛm adan woɔ.+
13 Monto dwom mma Yehowa! Monyi Yehowa ayɛ! Na wagye ohiani kra afiri abɔnefoɔ nsam.+
14 Nnome nka da a wɔwoo me no! Ɛda a me maame woo me no, mma wɔnnhyira saa da no!+ 15 Nnome nka ɔbarima a ɔbɛkaa asɛmpa kyerɛɛ me papa sɛ: “Wɔawo ɔbabarima ama wo” no! Ɔmaa no dii ahurisie.+ 16 Ma saa barima no nyɛ sɛ nkuro a Yehowa abutuo nanso anyɛ No ya no.+ Ma no nte esũ anɔpa, na awia ketee nso, ɔnte ɛko totorobɛnto nka.+
17 Adɛn nti na wanku me prɛko wɔ yafunu mu, na me maame anyɛ m’asieeɛ, na ne nyinsɛn anka ne yam daa?+ 18 Adɛn nti koraa na mefiri yafunu mu baa+ sɛ merebɛhunu adwumaden ne awerɛhoɔ+ na me nna aba awieeɛ aniwuo mu?+
21 Asɛm+ a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ɔhene Sedekia+ somaa Malkiya ba Pasur+ ne Maaseia ba, ɔsɔfoɔ Sefania+ baa ne nkyɛn no nie: 2 “Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa ma yɛn,+ ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadresar ne yɛn rebɛko.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’ahoɔden nnwuma no bi de aboa yɛn ama wafiri yɛn so akɔ.”+
3 Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Sedekia sɛ, 4 ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meredane mo nsam akodeɛ aba mo so, akodeɛ a mo ne Babilon+ hene ne Kaldeafoɔ+ a wɔatwa mo ho ahyia wɔ ɔfasuo no akyi, de reko no, na mɛboa ano aba kuro yi mfimfini.+ 5 Na me ara mede basa a atene ne basa a ɛyɛ den ne abufuo ne abohuro ne anibereɛ kɛseɛ+ ne mo bɛko.+ 6 Na mɛkunkum kuro yi mufoɔ, nnipa ne mmoa nyinaa. Mede owuyareɛ kɛseɛ na ɛbɛkunkum wɔn.”’+
7 “‘“Ɛno akyi no,” Yehowa asɛm nie, “Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔmanfoɔ no ne kuro yi mu nnipa a owuyareɛ ne nkrantɛ ne ɛkɔm no ankunkum wɔn no, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa, na ɔde nkrantɛ bɛkunkum wɔn.+ Wɔn asɛm renyɛ no awerɛho, ne yam renhyehye no mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ+ nso.”’
8 “Enti ka kyerɛ nkurɔfoɔ yi sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede nkwa kwan ne owuo kwan resi mo anim.+ 9 Obiara a ɔbɛtena kuro yi mu no, nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ+ na ɛbɛku no, na obiara a ɔbɛfiri adi de ne ho akɔma Kaldeafoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no bɛtena nkwa mu, na ɔbɛnya ne kra sɛ asadeɛ.”’+
10 “‘“Mede m’ani asi kuro yi so sɛ mmusuo na ɛmmra soɔ, na ɛnyɛ adepa,”+ Yehowa asɛm nie. “Wɔde bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde egya bɛhye.”+
11 “‘Afei Yuda hene fiefoɔ nso, montie Yehowa asɛm.+ 12 O Dawid fie,+ deɛ Yehowa aka nie: “Anɔpa biara+ mommu atɛntenenee+ na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam,+ na m’abufuo amfiri adi sɛ egya+ ammɛhye a obi ntumi nnum no, mo nneyɛɛ bɔne nti.”’+
13 “‘Wo a wote asasetamaa soɔ,+ asasetamaa so botan, hwɛ, me ne wo anya,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mo a moka sɛ: “Hwan na ɔbɛsiane aba yɛn soɔ? Na hwan na ɔbɛba yɛn atenaeɛ?”+ no, 14 me nso mɛma moabu mo nneyɛɛ+ ho akonta,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Mede egya bɛto ne kwaeɛ+ mu, na ɛbɛsɛe deɛ atwa ne ho ahyia nyinaa.’”+
22 Deɛ Yehowa aka nie: “Sim kɔ Yuda hene fie na kɔka asɛm yi wɔ hɔ. 2 Ka sɛ, ‘O Yuda hene a wote Dawid ahennwa soɔ,+ tie Yehowa asɛm, wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ a wɔfa aponkɛseɛ yi mu ba mu no.+ 3 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee na monyɛ adetenenee, na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam; monnteetee ɔhɔhoɔ, agyanka anaa okunafoɔ biara.+ Monnni wɔn so atirimuɔdensɛm.+ Monnka mogya a ɛdi bem biara nngu wɔ ha.+ 4 Sɛ mohwɛ di asɛm yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ+ bɛfa fie yi apono mu aba mu, na obiara bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, ɔne ne nkoa ne ne manfoɔ.”’+
5 “‘Na sɛ moantie nsɛm yi a,’ Yehowa asɛm nie, ‘meka me ho ntam+ sɛ efie yi bɛsɛe pasaa.’+
6 “Deɛ Yehowa aka no Yuda hene fie ho nie, ‘Wote sɛ Gilead ma me, Lebanon+ ti. Nanso mɛma woadane serɛ so;+ obi rentena nkuro no baako mpo mu.+ 7 Mɛhyira asɛefoɔ so aba wo so,+ obiara de n’akodeɛ bɛba,+ na wɔbɛtwitwa ntweneduro+ a ɛyɛ papa no na wɔde agu gya+ mu. 8 Na aman pii bɛtwam kuro yi ho, na obiara bɛbisa ne yɔnko sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ kuro kɛseɛ yi sei?”+ 9 Na wɔbɛka sɛ: “Ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn no apam,+ na wɔakɔkoto anyame foforɔ asom wɔn.”’+
10 “Monnsu deɛ wawuo no,+ na monnnyam no. Deɛ ɔrekɔ no mmom na monte nisuo mma no ɛfiri sɛ ɔrensan mma, na ɔrenhunu n’abusuafoɔ asase bio. 11 Deɛ Yehowa aka no Yosia ba Salum,+ Yuda hene a ɔdi ne papa Yosia adeɛ,+ a wafiri ha korɔ no ho nie, ‘Ɔrensan mma ha bio. 12 Baabi a wɔafa no kɔ nkoasom mu no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio.’+
13 “Nnome nka deɛ ɔsi ne fie+ nanso ɛnyɛ tenenee soɔ, na ɔsi n’abansoro nanso ɛnyɛ atɛntenenee soɔ, deɛ ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa a ɔmfa n’akatua mma no;+ 14 ɔno na ɔka sɛ, ‘Mɛsi fie a emu sõ na ɛwɔ abansoro adan akɛseɛ,+ na mɛtrɛ ne mpomma mu, mede ntweneduro bɛsam mu,+ na mede adukɔkɔɔ+ aka mu.’ 15 Ntweneduro a wode hoahoa wo ho nti, ɛyɛ wo sɛ wobɛkɔ so adi hene? Wo papa annidi annom na wammu atɛntenenee anyɛ adetenenee+ anaa? Ɛno nti ɛsii no yie.+ 16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no.+ Ɛno nti ɛsii no yie. ‘Ɛnyɛ nim a ɔnim me nti na ɔyɛɛ saa?’ Yehowa asɛm nie. 17 ‘Wo deɛ, w’ani ne w’akoma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wobɛhwie aguo,+ ne nsisie ne apoobɔ.’
18 “Enti deɛ Yehowa aka no Yosia ba Yehoiakim+ a ɔyɛ Yuda hene ho nie, ‘Wɔrennyam no sɛ: “O me nuabarima! O me nuabaa!” Wɔrennyam no sɛ: “O yɛn wura! O onimuonyamfoɔ!”+ 19 Wɔbɛsie no sɛdeɛ wɔsie afunumu,+ wɔbɛtwe no akɔto no atwene Yerusalem kuro apono akyi nohoa.’+
20 “Foro kɔ Lebanon+ kɔsu, na ma wo nne so wɔ Basan.+ Team firi Abarim,+ ɛfiri sɛ w’adɔfo nyinaa abubu.+ 21 Mekasa kyerɛɛ wo w’asomdwoeɛ berɛ mu.+ Nanso wokaa sɛ, ‘Merentie.’+ Saa ara na woayɛ firi wo mmɔfraase, na woantie me.+ 22 Mframa na ɛbɛyɛn wo nnwanhwɛfoɔ,+ na w’adɔfo nso, nkoasom mu na wɔbɛkorɔ.+ Saa berɛ no, w’ani bɛwu na animguaseɛ aka wo, w’amanehunu no nyinaa nti.+ 23 O wo a wote Lebanon,+ woayɛ wo pirebuo ntweneduro+ mu. Sɛ awoko+ ne awoɔ yea ba wo so sɛ ɔbaa a awoɔ aka no a,+ hwɛ sɛdeɛ wobɛgu ahome!”
24 “‘Sɛ́ mete aseɛ yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia+ yɛ me nsa nifa nsɔanokaa+ mpo a, mɛyi wo afiri hɔ!+ 25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra+ no nsa ne wɔn a wosuro wɔn no nsa ne Babilon hene Nebukadresar nsa ne Kaldeafoɔ no nsa.+ 26 Mɛtu wo ne wo maame+ a ɔwoo woɔ akɔ asase a wɔanwo mo soɔ no so, na ɛhɔ na mobɛwuo.+ 27 Na asase a wɔn kra bɛpɛ sɛ wɔsan ba soɔ no, wɔrensan mma so bio.+ 28 Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenneɛ a wɔmmuo a abubu pasaa+ anaa kukuo a obiara ani nnye ho anaa?+ Adɛn nti na wɔretu ɔne n’asefoɔ aguo, na wɔde wɔn akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?’+
29 “O asase, asase, asase, tie Yehowa asɛm.+ 30 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montwerɛ no ɔbarima yi ho sɛ obi a ɔnni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nna mu, ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie+ ama no atena Dawid ahennwa so+ adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”
23 “Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe m’adidibea nnwan bɔ wɔn hweteɛ no nnue!”+ Yehowa asɛm nie.
2 Enti deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no nie: “Mo na moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn.”+
“Hwɛ, meredane m’ani aba mo so, mo nneyɛɛ bɔne nti,”+ Yehowa asɛm nie.
3 “Na me ara mɛboaboa me nnwankuo nkaeɛ ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+ 4 Na mede ahwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn bɛsisi wɔn so;+ wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn,+ na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm nie.
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+ 6 Ne nna mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Israel bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Tenenee.”+
7 “Ɛno nti hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔrenka bio sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel firii Egypt asase so baeɛ no te aseɛ yi,’+ 8 na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔyii Israel fie asefoɔ firii atifi fam asase so ne nsase a mebɔɔ wɔn hwetee soɔ nyinaa so baeɛ no te aseɛ yi,’ na wɔbɛtena wɔn ara asase so.”+
9 M’akoma abubu wɔ me mu, adiyifoɔ no ho. Me nnompe nyinaa rewoso. Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti, mayɛ sɛ ɔbarima a waborɔ,+ ɔbarima a nsã abo no. 10 Awaresɛefoɔ+ na wɔahyɛ asase no so ma.+ Nnome no nti, asase no redi awerɛhoɔ,+ ɛserɛ so adidibea akusa;+ wɔn nneyɛɛ yɛ bɔne, na wɔn tumidie ntene.
11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ mpo ho agu fĩ.+ Mahunu wɔn bɔne no wɔ me fie+ nso,” Yehowa asɛm nie. 12 “Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ sɛ ɛkwan torotorɔ wɔ esum kabii mu,+ na ɛso na wɔbɛpiapia wɔn ama wɔahwehwe aseɛ.”+
“Na mede mmusuo bɛba wɔn so, wɔn akontabuo afe no,”+ Yehowa asɛm nie. 13 “Mahunu adeɛ a ɛntene wɔ Samaria+ adiyifoɔ mu. Wɔyɛ adiyifoɔ a wɔkasa ma Baal,+ na wɔma me man Israel de wɔn tiri pempem.+ 14 Na mahunu ahodwirideɛ+ wɔ Yerusalem adiyifoɔ mu. Wɔsɛe awareɛ,+ na wɔnante nkontompo mu;+ wɔhyɛ abɔnefoɔ nsam den, deɛ ɛbɛyɛ na wɔn mu biara rensan+ mfiri ne bɔne ho. M’ani so no, wɔn nyinaa ayɛ sɛ Sodom,+ na wɔn a wɔtete hɔ no ayɛ sɛ Gomora.”+
15 Enti deɛ asafo Yehowa aka no adiyifoɔ no ho nie: “Mɛma wɔn awɔnwono adi, na mama wɔn awuduro nsuo anom,+ ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ mu na ɔwaeɛ+ afiri kɔ asase no nyinaa soɔ.”
16 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Monntie adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadane ahuhudeɛ.+ Wɔn akoma so anisoadehunu na wɔka,+ ɛmfiri Yehowa anom.+ 17 Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoeɛ na mobɛnya.”’+ Na obiara a ɔdi n’atuateɛ akoma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusuo biara remma mo so.’+ 18 Hwan na ɔne Yehowa anya ayɔnkofa+ ahunu n’asɛm na wateɛ?+ Hwan na wawɛn n’aso na wate n’asɛm?+ 19 Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuo no, bɛtu, mframa a ɛdi kyinhyia no.+ Ɛbɛtwa ne ho wɔ abɔnefoɔ atifi.+ 20 Yehowa abufuo rensan kɔsi sɛ ɔbɛyɛ+ n’akomam nsusuiɛ na wama no aba mu.+ Awieeɛ nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so na moate aseɛ.+
21 “Mansoma adiyifoɔ no, wɔn ara na wɔtutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ara na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+ 22 Sɛ wɔne me nyaa ayɔnkofa+ a, anka wɔbɛma me man ate me nsɛm, na wɔbɛma wɔasan afiri wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.”+
23 “Menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn anaa,” Yehowa asɛm nie, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri+ nso?”
24 “Anaa obi bɛtumi ahunta huntabea a merenhu no?”+ Yehowa asɛm nie.
“Menhyɛɛ ɔsoro ne asase nyinaa mã?”+ Yehowa asɛm nie. 25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔntorɔ me din+ mu no keka no sɛ, ‘Maso daeɛ! Maso daeɛ!’+ 26 Adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔntorɔ ne adiyifoɔ a wɔka wɔn akomam nnaadaasɛm+ no, ɛbɛtena wɔn akomam akɔsi da bɛn? 27 Wɔdwene sɛdeɛ wɔde wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛ wɔn ho+ no bɛma me man werɛ afiri me din sɛdeɛ Baal+ nti wɔn agyanom werɛ firii me din no. 28 Odiyifoɔ a ɔsõ daeɛ no, ma no nka daeɛ no, na deɛ m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma no nka m’asɛm no nokorɛm.”+
“Ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?”+ Yehowa asɛm nie.
29 “M’asɛm nte sɛ egya anaa,”+ Yehowa asɛm nie, “ɛnte sɛ asaeɛ a ɛbubu botan pasaa?”+
30 “Enti me ne adiyifoɔ no anya,”+ Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔwia me nsɛm firi wɔn yɔnko hɔ no.”+
31 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ no anya,” Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔde wɔn kɛtrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm nie!’ no.”+
32 “Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsosõ atorɔ adaeɛ no anya,” Yehowa asɛm nie, “wɔn a wɔkeka adaeɛ, a wɔn nkontompo+ ne wɔn ahohoahoa+ nti, wɔma me man de wɔn tiri pempem no.”
“Nanso mansoma wɔn, na manhyɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfasoɔ biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm nie.
33 “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa wo sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro bɛn na ɛwɔ hɔ?’ a,+ wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo nkurɔfoɔ yi, moyɛ adesoa a emu yɛ duro yie!+ Na mɛpo mo,”+ Yehowa asɛm nie.’ 34 Na odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro!’ no, me nso mede m’ani bɛsi onii no so, ɔne ne fie.+ 35 Mo nyinaa, deɛ obiara ka kyerɛ ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Ɛdeɛn na Yehowa abua? Na ɛdeɛn na Yehowa aka?’+ 36 Nanso Yehowa asɛm a emu yɛ duro no,+ monnyae ka,+ ɛfiri sɛ asɛm a emu yɛ duro no adane mo ara mo anom asɛm,+ na Onyankopɔn teasefoɔ no,+ asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no.
37 “Deɛ ka kyerɛ saa odiyifoɔ no ne sɛ, ‘Ɛdeɛn na Yehowa abua woɔ? Na ɛdeɛn na Yehowa aka?+ 38 Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa asɛm a emu yɛ duro!” a, ɛnneɛ deɛ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ moka sɛ, ‘Yehowa asɛm a emu yɛ duro no nie,’ berɛ a mesoma baa mo nkyɛn mprɛ pii sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa asɛm a emu yɛ duro nie!” nti,’ 39 hwɛ! Merebɛgyae mo asɛm ama mo koraa,+ na mapo mo ne kuro a mede maa mo ne mo agyanom no wɔ m’anim.+ 40 Na mede daa ahohora bɛba mo so na mama animguaseɛ aka mo daa, na werɛ remfiri da.”’”+
24 Yehowa maa mehwɛeɛ, na mehunuu borɔdɔma nkɛntɛn mmienu wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa berɛ no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanimfoɔ ne adwumfoɔ+ ne abantofoɔ no afiri Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+ 2 Ná kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ paa te sɛ borɔdɔmakan,+ na kɛntɛn baako no mu borɔdɔma no deɛ, ɛnyɛ koraa, na yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nni.
3 Na Yehowa bisaa me sɛ: “Yeremia, ɛdeɛn na wohunu?” Ɛnna mekaa sɛ: “Borɔdɔma; borɔdɔma a ɛyɛ no yɛ paa, na deɛ ɛnyɛ no nso, ɛnyɛ koraa ma yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nni.”+
4 Ɛnna Yehowa asɛm baa me nkyɛn sɛ: 5 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛdeɛ borɔdɔma a ɛyɛ yi teɛ no, saa na mɛbu Yuda nnommum a mede wɔn bɛfiri ha akɔ Kaldeafoɔ asase soɔ+ no sɛ wɔyɛ.+ 6 Na mede m’ani bɛsi wɔn so wɔ kwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ 7 Na mɛma wɔanya akoma a wɔde bɛhu me+ sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.+
8 “‘Sɛdeɛ borɔdɔma a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie no teɛ no,+ Yehowa aka sɛ: “Saa na mɛyi Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ+ ne wɔn a wɔtete Egypt+ asase soɔ no ama— 9 mɛyi wɔn ama de mmusuo aba wɔn so ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ ahohoradeɛ, na wɔde wɔn bɛka asɛm asere asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akorɔ.+ 10 Na mede nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ bɛba wɔn so akɔsi sɛ wɔbɛsa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.”’”+
25 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadresar afe a ɛdi kan no mu nie. 2 Saa berɛ no, odiyifoɔ Yeremia ka faa Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ho sɛ:
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+ 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; ɔsɔree anɔpahema somaa wɔn, nanso moantie,+ na moanyɛ aso antie.+ 5 Wɔkaa sɛ, ‘Mo nyinaa, obiara nnane mfiri ne kwammɔne ho ne ne nneyɛɛ bɔne ho,+ na moatena asase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom firi tete no so de akɔsi daa.+ 6 Na monnni anyame foforɔ akyi nnkɔsom wɔn nnkoto wɔn, na mommfa mo nsa ano adwuma no nnhyɛ me abufuo, na mamfa mmusuo amma mo so.’+
7 “‘Nanso moantie me,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mode mo nsa ano adwuma no hyɛɛ me abufuo de mmusuo baa mo ho so.’+
8 “Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Ɛsiane sɛ moantie me nsɛm nti, 9 hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadresar, m’akoa no aba.+ Mɛma wɔaba asase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so;+ mɛsɛe wɔn na mama wɔayɛ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma+ ne amamfõ de akɔsi daa.+ 10 Na mɛma ahosɛpɛ nne, ahurisie nne,+ ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne,+ ne oyuyammoɔ nnyegyeeɛ+ agyae ama kanea hann+ ayera wɔn mu. 11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+
12 “‘Na sɛ mfirinhyia aduɔson no ba awieeɛ+ a,’ Yehowa asɛm nie, ‘mɛma Babilon hene ne ɔman no,+ Kaldeafoɔ asase no,+ abu akonta, wɔn amumuyɔ ho, na mɛdane no amamfõ akɔsi daa.+ 13 Na mɛma me nsɛm a maka atia wɔn no nyinaa aba asase no so, nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa a Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia amanaman nyinaa no.+ 14 Na wɔn na wɔne aman pii ne ahemfo akɛseɛ,+ de me nkurɔfoɔ ayɛ nkoa ama wɔsom wɔn,+ na mɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma teɛ.’”+
15 Na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: “Gye abufuo nsã kuruwa yi me nsam, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.+ 16 Ma wɔnnom na wɔnyɛ tentann na wɔnyɛ sɛ abɔdamfoɔ, nkrantɛ a mede reba wɔn soɔ no nti.”+
17 Enti megyee Yehowa nsam kuruwa no na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomeeɛ;+ 18 aman no ne, Yerusalem ne Yuda nkuro ne n’ahemfo ne ne mpanimfoɔ, sɛ wɔnsɛe wɔn na wɔnyɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma ne nnome, sɛdeɛ ɛreba nnɛ yi;+ 19 Egypt hene Farao ne n’asomfoɔ ne ne mpanimfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa;+ 20 firamanfiramanfoɔ no nyinaa ne Us+ asase so ahemfo nyinaa ne Filistifoɔ+ asase so ahemfo nyinaa ne Askelon+ ne Gasa+ ne Ekron+ ne Asdod+ nkaeɛ; 21 Edom+ ne Moab+ ne Ammonfoɔ;+ 22 Tiro+ ahemfo nyinaa ne Sidon+ ahemfo nyinaa ne nsuano man a ɛwɔ ɛpo fam no so ahemfo; 23 Dedan+ ne Tema+ ne Bus ne nnipa a wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ+ no nyinaa; 24 Arabiafoɔ+ ahemfo nyinaa ne firamanfiramanfoɔ a wɔte serɛ soɔ no ahemfo nyinaa; 25 Simri ahemfo nyinaa ne Elam+ ahemfo nyinaa ne Mediafoɔ+ ahemfo nyinaa; 26 atifi fam ahemfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri no nyinaa, obiara bɛnom bi, wɔne wiase ahennie a ɛwɔ asase soɔ nyinaa; sɛ wɔwie a, Sesak+ hene nso bɛnom bi.
27 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase na monnsɔre bio,+ nkrantɛ a mede reba mo soɔ nti.”’+ 28 Na sɛ ɛba sɛ wɔmpɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nom deɛ, mobɛnom.+ 29 Na hwɛ, kuro a me din da soɔ no mpo na merema mmusuo no afiri aseɛ wɔ hɔ yi,+ na mo na mobɛfa mo ho adie anaa?”’+
“‘Moremfa mo ho nni, na nkrantɛ na merefrɛ aba asase sofoɔ nyinaa soɔ,’ asafo Yehowa asɛm nie.
30 “Na wo deɛ, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa firi sorosoro bɛbobom,+ na ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ.+ Ɔbɛbobom agu n’atenaeɛ no so. Wɔn a wɔtiatia nsã-kyi-amena soɔ nteamu na ɔde bɛkeka mu agu asase sofoɔ nyinaa soɔ.’+
31 “‘Hooyɛ bɛduru asase ano nohoa, na Yehowa ne amanaman no wɔ asɛm.+ Ɔno na ɔne ɔhonam nyinaa bɛham.+ Nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔde wɔn bɛma nkrantɛ,’+ Yehowa asɛm nie.
32 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo bɛfiri ɔman so akɔ ɔman so,+ na ahum kɛseɛ bɛtu afiri asase ano nohoa.+ 33 Na wɔn a Yehowa bɛkunkum wɔn saa da no bɛgugu hɔ afiri asase ano akɔpem asase ano.+ Wɔrenyɛ wɔn ayie, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso.+ Wɔbɛyɛ sɛ sumina wɔ asase ani.’+
34 “Nnwanhwɛfoɔ, monsu na monteateam!+ Mo, nnwankuo mu atitire nso,+ mommunimuni,+ na mo kum ne mo hweteɛ nna aduru,+ na mobɛbɔ fam sɛ ɛsɛn a ɛsom boɔ!+ 35 Na dwankɔbea abɔ nnwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo mu atitire no nnya baabi nnwane mfa.+ 36 Montie nnwanhwɛfoɔ no sũ ne nnwankuo mu atitire no nkekamu, na Yehowa resɛe wɔn adidibea no. 37 Na Yehowa abufuhyeɛ nti, asomdwoeɛ tenabea hɔ ayɛ komm.+ 38 Atirimuɔden nkrantɛ ne n’abufuhyeɛ+ no nti, wagya ne huntabea sɛ gyataforɔ,+ na wɔn asase ayɛ ahodwirideɛ.”
26 Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie mfitiaseɛ no, asɛm yi firi Yehowa hɔ baa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Kɔgyina Yehowa fie adihɔ,+ na Yuda nkuro a wɔba Yehowa fie bɛkoto wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo sɛ ka kyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛ wɔn.+ Nyi asɛm baako mpo mfiri mu.+ 3 Ebia wɔbɛtie na wɔasan wɔn akyi ama obiara adane afiri ne kwammɔne so,+ na magyae mmusuo a mabɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mede bɛba wɔn soɔ no.+ 4 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ moantie me annante me mmara+ a mede asi mo anim no mu,+ 5 na moantie me nkoa adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn, a mesɔre anɔpahema soma wɔn nanso montie wɔn no nsɛm+ a, 6 ɛnneɛ me nso, mɛyɛ fie yi sɛ deɛ na ɛwɔ Silo+ no, na mɛma kuro yi ayɛ nnome ama asase so aman nyinaa.’”’”+
7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fie+ hɔ. 8 Enti berɛ a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wieeɛ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa bɛkyee no kaa sɛ: “Owuo na wobɛwuo.+ 9 Adɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Efie yi bɛyɛ sɛ deɛ na ɛwɔ Silo+ no, na kuro yi bɛsɛe pasaa a obi rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Yehowa fie hɔ.
10 Akyire yi, Yuda mpanimfoɔ no tee nsɛm yi, na wɔfiri ahemfie baa Yehowa fie hɔ,+ na wɔbɛtenatenaa ase, Yehowa pono foforɔ no ano.+ 11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɔbarima yi fata owuo afobuo,+ ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo nso moate no mo asom yi.”+
12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ fie yi ne kuro yi ho nkɔm nka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.+ 13 Na afei monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie,+ na montie Yehowa mo Nyankopɔn, na Yehowa bɛgyae mmusuo a waka sɛ ɔde bɛba mo soɔ no.+ 14 Na me deɛ, hwɛ, mewɔ mo nsam.+ Deɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani soɔ biara no, momfa nyɛ me.+ 15 Nanso monhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mode bɛgu mo ne kuro yi ne emufoɔ soɔ,+ ɛfiri sɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”+
16 Ɛnna mpanimfoɔ+ no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Owuo afobuo mfata barima yi,+ ɛfiri sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”+
17 Bio nso, asase no so mpanimfoɔ no bi sɔreeɛ, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ dwa no nyinaa sɛ:+ 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset+ hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda+ hene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase,+ na wɔbɛdwiri Yerusalem asum hɔ,+ na Asɔrefie bepɔ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.”’+ 19 Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kuu no anaa? Ɛnyɛ Yehowa na ɔsuroo no, na ɔdwodwoo Yehowa bo+ maa Yehowa nso gyaee mmusuo a ɔkaa sɛ ɛbɛba wɔn soɔ no?+ Enti sɛ anhwɛ a, mmusuo kɛseɛ na yɛde bɛba yɛn kra soɔ.+
20 “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm Yehowa din mu, Semaia ba Uriya a ɔfiri Kiriat-Yearim.+ Na ɔhyɛɛ nkɔm tiaa kuro yi ne asase yi sɛdeɛ Yeremia nsɛm no nyinaa teɛ. 21 Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne nnɔmmarima nyinaa ne mpanimfoɔ no nyinaa tee ne nsɛm no, na ɔhene pɛɛ sɛ ɔku no.+ Berɛ a Uriya teeɛ no, ehu kaa no,+ na ɔdwane kɔɔ Egypt. 22 Nanso Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima kɔɔ Egypt—ɔmaa Akbor+ ba Elnatan ne mmarima foforɔ kɔɔ Egypt. 23 Na wɔkɔfaa Uriya firii Egypt de no brɛɛ Ɔhene Yehoiakim, na ɔde nkrantɛ kum no,+ na ɔtoo ne funu twenee ɔmanfoɔ asieeɛ.”
24 Safan+ ba Ahikam+ nsa na ɛdi boaa Yeremia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔremfa no nhyɛ ɔman no nsa mma wɔnku no.+
27 Asɛm yi firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yosia+ ba Yehoiakim a ɔyɛ Yuda hene no ahennie mfitiaseɛ sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka akyerɛ me nie, ‘Yeyɛ kɔndua+ ne deɛ ɛsosɔ mu, na fa to wo kɔn ho.+ 3 Fa hyɛ asomafoɔ a wɔreba Yuda hene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem no nsam na wɔmfa nkɔmema Edom+ hene ne Moab+ hene ne Ammonfoɔ+ hene ne Tiro+ hene ne Sidon+ hene. 4 Na fa ahyɛdeɛ yi ma wɔn na wɔmfa nkɔma wɔn wuranom sɛ:
“‘“Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn+ aka nie; deɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom nie, 5 ‘Me na mede m’ahoɔden+ kɛseɛ ne me basa a matene mu+ yɛɛ asase+ ne adasamma+ ne mmoa+ a wɔwɔ asase soɔ, na mede ma obiara a ɛtene m’ani so sɛ mede bɛma no.+ 6 Na me na mede nsase yi nyinaa ahyɛ Babilon hene Nebukadnesar,+ m’akoa no nsa;+ mede wuram mmoa nso ama no sɛ wɔnsom no.+ 7 Na ɔno na aman nyinaa bɛsom no,+ ɔne ne ba ne ne banana, akɔsi sɛ n’asase berɛ bɛsõ+ ama aman ne ahemfo akɛseɛ pii de no ayɛ akoa ama no asom wɔn.’+
8 “‘“‘Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie biara a wɔrensom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ Babilon hene kɔndua ase no, nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ na mede bɛba saa ɔman no soɔ akɔsi sɛ menam ne nsa so bɛma wɔasa,’+ Yehowa asɛm nie.
9 “‘“‘Na mo deɛ, mo adiyifoɔ+ ne mo akɔmfoɔ ne mo adaeɛsofoɔ+ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, monntie wɔn. 10 Nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo na ama wɔatu mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri; mɛbɔ mo ahwete, na mobɛyera.+
11 “‘“‘Ɔman a wɔde wɔn kɔn bɛhyɛ Babilon hene kɔndua ase na wɔasom no no deɛ, me nso mɛma wɔahome wɔ wɔn asase so,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔbɛdɔ na wɔatena so.’”’”+
12 Yuda hene Sedekia+ mpo, mekaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no+ sɛ: “Momfa mo kɔn nkɔhyɛ Babilon hene kɔndua ase na monsom ɔne ne man, na moatena nkwa mu.+ 13 Adɛn nti na wo ne wo man rebɛwuwu nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ ano sɛdeɛ Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ amanaman a wɔnsom Babilon hene no teɛ no? 14 Na adiyifoɔ a wɔreka nsɛm yi kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babilon hene’+ no, monntie wɔn, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+
15 “‘Mensomaa wɔn,’ Yehowa asɛm nie, ‘nkɔntorɔ na wɔhyɛ no me din mu na ama mabɔ mo ahwete,+ na moayera,+ mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no nyinaa.’”+
16 Asɔfoɔ ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ, wɔde Yehowa anwenneɛ no bɛfiri Babilon aba nnansa yi ara”+ no, monntie wɔn nsɛm no, ɛfiri sɛ nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo.+ 17 Monntie wɔn. Babilon hene na monsom no, na moatena nkwa mu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kuro yi dane amamfõ?+ 18 Na sɛ wɔyɛ adiyifoɔ ampa na Yehowa asɛm wɔ wɔn anom a, ɛnneɛ momma wɔnsrɛ asafo Yehowa ɛ,+ na wɔammɛfa anwenneɛ a aka Yehowa fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem no ankɔ Babilon.’
19 “Adum+ ne po+ ne nsutwe nnaka+ ne anwenneɛ a aka kuro yi mu no,+ deɛ asafo Yehowa aka afa ho nie, 20 deɛ Babilon hene Nebukadnesar gyaeɛ berɛ a ɔbɛfaa Yehoiakim ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma nyinaa firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu+ no, 21 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka no anwenneɛ nkaeɛ a ɛwɔ Yehowa fie ne Yuda hene fie ne Yerusalem nyinaa ho nie,+ 22 ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛka de akɔsi da a mɛdane m’ani aba soɔ,”+ Yehowa asɛm nie. “Na mɛkɔ akɔfa asan de aba ha.”’”+
28 Na afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahennie no mfitiaseɛ, afe a ɛtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnum no, Asor ba odiyifoɔ Hanania+ a ɔfiri Gibeon+ no ka kyerɛɛ me, asɔfoɔ no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fie hɔ sɛ: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mɛbubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Mfeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ, mɛsan de Yehowa fie anwenneɛ a Babilon+ hene Nebukadnesar de firi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’” 4 “‘Na Yehoiakim+ ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda atukɔfoɔ a wɔde wɔn kɔ Babilon+ no nyinaa, meresan de wɔn aba ha,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛbubu Babilon hene kɔndua+ no mu.’”
5 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia kaa asɛm yi kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania, asɔfoɔ no ne ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina Yehowa fie hɔ no nyinaa anim;+ 6 asɛm a odiyifoɔ Yeremia kaeɛ ne sɛ: “Amen!+ Yehowa nyɛ saa! Yehowa mma wo nsɛm a wode rehyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsan de Yehowa fie anwenneɛ no ne atukɔfoɔ no nyinaa afiri Babilon aba ha no nyɛ hɔ!+ 7 Nanso tie asɛm a mereka no w’asom ne ɔman yi nyinaa asom yi.+ 8 Adiyifoɔ a wɔdii me ne wo nyinaa anim firi tete no,+ wɔn nso hyɛɛ nsase pii ne ahennie akɛseɛ ho nkɔm sɛ ɛko ne mmusuo ne owuyareɛ bɛba wɔn so.+ 9 Odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no,+ sɛ odiyifoɔ no nsɛm ba mu a, ɛno na ɛma wɔhunu sɛ Yehowa na ɔsomaa odiyifoɔ no ampa.”+
10 Ɛnna odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho, na ɔbubuu mu.+ 11 Na Hanania+ kaa no ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie,+ ‘Saa ara na mfeɛ mmienu pɛpɛɛpɛ, mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.+
12 Berɛ a odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho bubuu mu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia+ nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Dua kɔndua+ na woabubu mu, na dadeɛ kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.”+ 14 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Dadeɛ kɔndua na mede bɛto amanaman no nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar;+ som na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+
15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “Tie ɛ, O Hanania! Yehowa nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atosɛm soɔ.+ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asase so. Afe yi, owuo na wobɛwuo,+ ɛfiri sɛ woakasa atuateɛ so atia Yehowa.’”+
17 Enti odiyifoɔ Hanania wuu saa afe no ara mu bosome a ɛtɔ so nson no mu.+
29 Krataa a odiyifoɔ Yeremia de firi Yerusalem soma kɔmaa atukɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nkaeɛ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔmanfoɔ a Nebukadnesar de wɔn firi Yerusalem kɔɔ Babilon+ nkoasom mu no nyinaa mu nsɛm nie. 2 Ɔde kɔɔ berɛ a Ɔhene Yekonia+ ne ɔbaapanin+ ne ahemfie mpanimfoɔ ne Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ+ ne adwumfoɔ ne abantofoɔ+ no firi Yerusalem kɔeɛ no akyi. 3 Safan+ ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yuda hene Sedekia+ somaa wɔn Babilon sɛ wɔnkɔ Babilon hene Nebukadnesar nkyɛn no na ɔde maa wɔn kɔeɛ. Emu nsɛm nie:
4 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no reka akyerɛ atukɔfoɔ a mama wɔafiri Yerusalem kɔ Babilon nkoasom+ mu no nie, 5 ‘Monsisi afie na montenatena mu, na monyɛ nturo na monni emu aba.+ 6 Monwareware yerenom na monwo mma mmarima ne mma mmaa.+ Monwareware yerenom mma mo mma mmarima na momfa mo mma mmaa mmema awareɛ na wɔnwo mma mmarima ne mma mmaa, na monnɔɔso wɔ hɔ, monnyɛ kakraa bi. 7 Afei nso, monhwehwɛ asomdwoeɛ mma kuro a mama moakɔyɛ nkoa wɔ hɔ no, na mommɔ Yehowa mpaeɛ mma kuro no, ɛfiri sɛ sɛ ɛnya asomdwoeɛ a na mo nso mobɛnya asomdwoeɛ.+ 8 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mommma mo adiyifoɔ a wɔwɔ mo mu no ne mo akɔmfoɔ no nnnaadaa mo,+ na monntie wɔn adaeɛ a wɔsoso no.+ 9 ‘Nkɔntorɔ na wɔhyɛ mo me din mu. Mensomaa wɔn,’+ Yehowa asɛm nie.”’”
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ aduɔson no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛdane m’ani abɛhwɛ mo,+ na asɛmpa a mekaa no mo ho no, mɛma no aba mu na masan ama moaba ha.’+
11 “‘Me ara menim adwene a madwene no mo ho,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛyɛ asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ mmusuo,+ sɛ mɛma mo daakye ne anidasoɔ.+ 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpaeɛ, na mɛtie mo.’+
13 “‘Mobɛhwehwɛ me, na mobɛhu me,+ ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me.+ 14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfoɔ no ano na mayi mo afiri aman nyinaa mu ne mmeaeɛ a mebɔɔ mo hweteeɛ no nyinaa,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo firi kɔɔ nkoasom mu no.’+
15 “Nanso mose, ‘Yehowa ama adiyifoɔ so ama yɛn wɔ Babilon.’
16 “Deɛ Yehowa aka akyerɛ ɔhene a ɔte Dawid ahennwa soɔ+ ne nnipa a wɔtete kuro yi mu nyinaa, kyerɛ sɛ, mo nuanom a wɔne mo ankɔ nkoasom mu+ no nie, 17 ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ bɛba wɔn so, na mɛma wɔayɛ sɛ borɔdɔma a aporɔ a yɛ a ɛnyɛ nti, wɔntumi nnie.”’+
18 “‘Na mede nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ bɛtaa wɔn so, na mɛyi wɔn ama na ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma ne ahohora wɔ aman a mɛhwete wɔn akɔ soɔ no nyinaa mu,+ 19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm a mesɔree anɔpahema de somaa me nkoa adiyifoɔ no kɔmaa wɔn no,’+ Yehowa asɛm nie.
“‘Na mo nso moantie,’+ Yehowa asɛm nie.
20 “Na mo, atukɔfoɔ+ a mede mo firi Yerusalem kɔ Babilon+ nyinaa, montie Yehowa asɛm. 21 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka no Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔntorɔ me din mu+ no ho nie, ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, na ɔbɛkunkum wɔn mo anim.+ 22 Na mede wɔn bɛsi hɔ sɛ nnome ama Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilon no nyinaa, na wɔbɛka sɛ: “Yehowa nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab+ a Babilon hene tõtõõ wɔn egya mu+ no!” 23 ɛfiri sɛ wɔdii nkwaseasɛm wɔ Israel,+ na wɔne wɔn yɔnko yerenom sɛee awareɛ+ na wɔtwaa nkontompo wɔ me din mu kaa asɛm a menhyɛɛ wɔn.+
“‘“Mene Deɛ ɔnim ne ɛho danseni,”+ Yehowa asɛm nie.’”
24 “Semaia+ a ɔfiri Nehelam nso, ka kyerɛ no sɛ, 25 ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Wode nkrataa+ akɔmema nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ne Maaseia ba ɔsɔfoɔ Sefania,+ ne asɔfoɔ no nyinaa wɔ wo din mu sɛ, 26 ‘Yehowa na ayɛ wo ɔsɔfoɔ asi ɔsɔfoɔ Yehoiada ananmu, sɛ bɛyɛ ɔpanin wɔ Yehowa fie,+ na ɔbarima biara a ɔbɛdi abɔdansɛm+ na ɔbɛyɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no, kye no fa ne nan ne ne nsa bɔ dua mu;+ 27 enti adɛn na monkaa Yeremia a ɔfiri Anatot+ a wayɛ ne ho sɛ mo diyifoɔ no anim?+ 28 Ɛno nti na wasoma aba yɛn nkyɛn Babilon ha sɛ: “Ɛbɛkyɛ! Monsisi afie na montenatena mu, na monyɛ nturo na monni emu aba,+—”’”’”
29 Ɛnna ɔsɔfoɔ Sefania+ kenkan krataa yi odiyifoɔ Yeremia asom.
30 Afei Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 31 “Soma kɔka kyerɛ atukɔfoɔ no nyinaa+ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka no Semaia a ɔfiri Nehelam ho nie: “Ɛsiane sɛ Semaia ahyɛ mo nkɔm berɛ a mensomaa no, na ɔpɛ sɛ mode mo ho to nkontompo soɔ nti,+ 32 deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, meredane m’ani aba Semaia+ a ɔfiri Nehelam ne n’asefoɔ so.’+
“‘“‘Ɔrennya obusuani a ɔbɛtena ɔman yi mu,+ na ɔremfa n’ani nhunu papa a mereyɛ me man no,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ wakasa atuateɛ so atia Yehowa.’”’”+
30 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Twerɛ nsɛm a mɛka akyerɛ woɔ no nyinaa wɔ nwoma mu.+ 3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
4 Yei ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda. 5 Deɛ Yehowa aka nie: “Yɛate ahopopoɔ nne ne akomatusɛm;+ asomdwoeɛ biara nni hɔ. 6 Mommisa ɛ, na monhunu, sɛ awoɔ tumi ka ɔbarima anaa. Adɛn nti na mehunu sɛ ɔbarima biara nsa si n’asene sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,+ na obiara anim ayɛ fitaa yi?+ 7 O! Ɛda no yɛ da kɛseɛ,+ na ebi mmaa da.+ Ɛyɛ ahohia berɛ ma Yakob.+ Nanso wɔbɛgye no afiri mu.”
8 “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛbubu kɔndua no mu afiri wɔn kɔn ho, na wɔn nhoma nso, mɛtete mu,+ na ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa mma wɔnsom wɔn bio. 9 Na wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid+ a mɛma ne so ama wɔn no.”+
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
11 “Medi w’akyi, na mɛgye wo,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete soɔ no nyinaa adane amamfõ.+ Na wo deɛ, merensɛe wo,+ nanso mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Wo kuro ayɛ akisikuro;+ wɔsa w’apirakuro a, ɛnsa.+ 13 Obiara nni hɔ a ɔbɛdi ama woɔ, wo kuro no ho.+ Wɔsa a, ɛnyɛ yie, na wɔkyekyere ma wo nso a, ɛnyɛ yie.+ 14 W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo.+ Ɛnyɛ wo na wɔhwehwɛ w’akyiri kwan. W’amumuyɔ+ bebrebe nti, ɔtamfo abaa na mede ahwe woɔ,+ na otirimuɔdenfoɔ+ asotwe na mede atwe w’aso; wo bɔne adɔɔso.+ 15 Adɛn nti na wo kuro+ nti, wosũ? W’amumuyɔ bebrebe nti, wo yea renkɔ da; wo bɔne adɔɔso.+ Me na mayɛ wo saa. 16 Ɛno nti, wɔn a wɔsɛe woɔ nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn,+ na w’atamfo nso, nkoasom mu na wɔn nyinaa bɛkorɔ.+ Wɔn a wɔfom wo kɔ nyinaa, wɔbɛfom wɔn akɔ, na wɔn a wɔsesa wo nneɛma nso, mɛma wɔasesa wɔn nyinaa nneɛma.”+
17 “Mɛma wo ho atɔ wo na masa w’apirakuro no,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ wɔfrɛɛ wo ɔbaa a wɔapamo no+ na wɔkaa sɛ: ‘Sion a obiara nhwehwɛ n’akyiri kwan no nie.’”+
18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mu atukɔfoɔ no ano+ na mahunu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no+ so, na abantenten no bɛsi ne sibea bio.+ 19 Na aseda ne wɔn a wɔresere nne bɛfiri wɔn mu aba.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+ mɛma wɔadɔ pii, na wɔrenyɛ ketewaa bi.+ 20 Ne mma bɛyɛ sɛ tete mmerɛ no, na n’asafo bɛtim m’anim.+ Mɛdane m’ani akɔ ne nhyɛsofoɔ nyinaa so.+ 21 Ne mu na ne tumfoɔ bɛfiri aba,+ na ne mu na ne sodifoɔ bɛfiri aba;+ mɛma wabɛn na waba me nkyɛn.”+
“Afei, hwan ne deɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛba me nkyɛn yi?”+ Yehowa asɛm nie. 22 “Mobɛyɛ me man+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+
23 Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuo no, atu, mframa a ɛdi kyinhyia+ no. Ɛbɛtwa ne ho abɔnefoɔ atifi.+ 24 Yehowa abufuhyeɛ no rensan kɔsi sɛ ɔbɛyɛ n’akomam nsusuiɛ na wama no aba mu.+ Awieeɛ nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so.+
31 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+
2 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnipa a wɔfiri nkrantɛ ano firiiɛ no, wɔnyaa adom wɔ serɛ so+ berɛ a Israel nam kwan so rekɔhome no.”+ 3 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ me akyirikyiri, na ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ a ɛnni awieeɛ na mede adɔ woɔ.+ Ɛno nti na mede adɔeɛ atwe woɔ no.+ 4 Mɛma wo so asi hɔ bio ama woagyina bio,+ O Israel baabunu. Wobɛkurakura wo mpintin, na woasa sɛ wɔn a wɔreseresere.+ 5 Wobɛyeyɛ bobe nturo bio Samaria mmepɔ so.+ Adwumayɛfoɔ no bɛdua na wɔadi so aba.+ 6 Ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam Efraim mmepɔ so sɛ, ‘Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+
7 Deɛ Yehowa aka nie: “Momfa ahurisie nteam Yakob ho, na mommɔ nnye so wɔ amanaman+ no ti. Mommɔ no dawuro.+ Monyi ayɛ na monka sɛ, ‘O Yehowa, gye wo man Israel nkaeɛ+ no.’ 8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano afiri asase ano nohoa.+ Wɔn mu anifirafoɔ ne mmubuafoɔ ne apemfoɔ ne wɔn a awoɔ aka wɔn no, mɛboaboa wɔn nyinaa ano.+ Asafo kɛseɛ na wɔbɛsan aba ha.+ 9 Esũ na wɔde bɛba,+ na wɔn nkotɔsrɛ mu na mede wɔn bɛba. Mɛma wɔafa kwan tẽẽ so akɔ asutene ho,+ na wɔrensunti wɔ so. Meyɛ Israel Agya,+ na Efraim yɛ m’abakan.”+
10 Amanaman, montie Yehowa asɛm, na monka no nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri+ no so sɛ: “Deɛ ɔbɔɔ Israel hweteeɛ no, ɔno ara bɛboaboa wɔn ano,+ na ɔbɛhwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ yɛ ne nnwankuo.+ 11 Gye na Yehowa bɛgye Yakob,+ na wayi no afiri deɛ ne ho yɛ den sene no no nsam.+ 12 Na wɔbɛba abɛto ahurisi dwom Sion bepɔ so+ na wɔabɔ ose Yehowa papayɛ ho,+ ayuo ne nsã+ foforɔ ne ngo ne nnwammaa ne anantwie+ ho. Wɔn akra bɛyɛ sɛ turo a ɛnya nsuo pii,+ na wɔrentotɔ piti bio.”+
13 “Saa berɛ no, mmaabunu bɛdi ahurisie wɔ asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso bɛbom anya anigyeɛ.+ Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane ahurisie, na mɛkyekyere wɔn werɛ na mama wɔadi ahurisie afiri wɔn awerɛhoɔ no mu.+ 14 Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra,+ na me papayɛ bɛma me man amee,”+ Yehowa asɛm nie.
15 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wɔte nne bi wɔ Rama,+ agyaadwoɔ ne esũ yaya;+ ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma.+ Wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho a, ɔntie,+ ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.’”+
16 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sianka wo nne na woansu, ne w’ani na ansene nisuo,+ na w’adwuma so akatua wɔ hɔ,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔbɛsan afiri ɔtamfo asase no so aba.’+
17 “‘Anidasoɔ+ wɔ hɔ ma wo daakye,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wo mma no bɛsan aba wɔn asase so bio.’”+
18 “Mate sɛ Efraim redi awerɛhoɔ sɛ,+ ‘Watene me so sɛ nantwie ba a wɔntetee no,+ na matene.+ Ma mensan mmra wo nkyɛn, na mɛsan aba ntɛm,+ ɛfiri sɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.+ 19 Berɛ a mesan m’akyi no, ɛyɛɛ me ya,+ na berɛ a wɔmaa mehunuiɛ no, mebɔɔ me srɛ ho.+ Mefɛreeɛ, na m’ani wuiɛ,+ ɛfiri sɛ mesoaa me mmeranteberɛ mu ahohora.’”+
20 “Efraim yɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaasɛ ɔba a mepɛ n’asɛm yie anaa?+ Dodoɔ a mekasa tia no no, dodoɔ no ara na mɛkae no.+ Ɛno nti na me nsono mu twitwa me ne ho no.+ Hu ara na mɛhu no mmɔbɔ,”+ Yehowa asɛm nie.
21 “Sisi aboɔ hyɛ kwan no nso fa. Sisi kwan so ahyɛnsodeɛ fa.+ Fa w’akoma si ɔkwantempɔn no so, ɛkwan a wobɛfa soɔ no.+ San bra, O Israel ɔbaabunu. San bra wo nkuro yi mu.+ 22 Ɔbabaa nkontomponi,+ wobɛkɔ ha akɔ ha akɔsi da bɛn?+ Yehowa abɔ ade foforɔ asase so: Ɔbaa na ɔbɛkyekyere ɔbarima.”
23 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Sɛ meboaboa wɔn atukɔfoɔ no ano a, wɔbɛsan aka asɛm yi bio wɔ Yuda asase ne ne nkuro mu sɛ, ‘O tenenee tenabea,+ bepɔ kronkron,+ Yehowa nhyira wo.’+ 24 Emu na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena, akuafoɔ ne wɔn a wɔne nnwankuo kyinkyini.+ 25 Mɛma ɔkra a wabrɛ ahome, na mahyɛ ɔkra biara a watɔ piti mã.”+
26 Yei so na menyaneeɛ, na mehunuiɛ; me nna yɛɛ me dɛ.
27 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛgu nnipa ne afieboa sɛ aba wɔ Israel fie ne Yuda fie.”+
28 “Na sɛdeɛ mede m’ani sii wɔn soɔ+ sɛ mɛtutu wɔn ase na madwiri wɔn agu abubu wɔn na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne+ no, saa ara na mɛma m’ani aba wɔn soɔ na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm nie. 29 “Saa berɛ no, wɔrenka bio sɛ, ‘Agyanom adi bobebunu, na mma na wɔn sẽ afem.’+ 30 Obiara bɛwu ɔno ara ne bɔne ho.+ Obiara a ɔbɛdi bobebunu no, ɔno ara na ne sẽ bɛfem.”
31 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na me ne Israel+ fie ne Yuda+ fie bɛyɛ apam foforɔ;+ 32 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ, ɛda a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ,+ ‘a wɔn deɛ, wɔbuu m’apam so+ berɛ a meyɛ wɔn wura+ no,’ Yehowa asɛm nie.”
33 “Yei ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,”+ Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na matwerɛ no wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+
34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Monhunu Yehowa!’+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so,”+ Yehowa asɛm nie. “Na mede wɔn mfomsoɔ bɛfiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
35 Yehowa a ɔma awia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama bosome+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, deɛ waka nie: 36 “‘Sɛ ahyɛdeɛ yi bɛtumi afiri m’anim a,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛnneɛ wɔn a wɔyɛ Israel asefoɔ nso renyɛ ɔman wɔ m’anim bio.’”+
37 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sɛ obi bɛtumi asusu ɔsoro, na wahwehwɛ asase fapem mu a,+ ɛnneɛ me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ nyinaa nti,’+ Yehowa asɛm nie.”
38 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔbɛkyekyere kuro no+ ama Yehowa afiri Hananel Abantenten+ ho akɔsi Ntwea Pono+ no ho. 39 Susuhoma+ bɛfiri akɔ Gareb kokoɔ so tẽẽ, na adane akɔ Goa. 40 Na afunu+ ne nsõ*+ bɔn no ne mfuwa no nyinaa de kɔsi Kidron subɔn+ mu ne Apɔnkɔ Pono+ ntwea so, apueeɛ fam, bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa.+ Wɔrentutu aseɛ, na wɔrennwiri ngu bio da.”+
32 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene+ Sedekia afe a ɛtɔ so du a ɛyɛ Nebukadresar+ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu. 2 Saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔdɔm abɛtwa Yerusalem ho ahyia.+ Odiyifoɔ Yeremia deɛ, na wɔakye no atom wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu wɔ Yuda hene fie; 3 ná Yuda hene Sedekia akye no atom+ sɛ:
“Adɛn nti na wohyɛ nkɔm+ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔbɛfa,+ 4 na Yuda hene Sedekia nso, ɔrennwane mfiri Kaldeafoɔ no nsam, ɛfiri sɛ hyɛ deɛ, wɔde no bɛhyɛ Babilon hene nsa, na ɔne no bɛkasa ano ne ano, na ɔde n’ani bɛhunu n’anim,”’+ 5 ‘na ɔde Sedekia bɛkɔ Babilon, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛdane m’ani abɛhwɛ no,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mo ne Kaldeafoɔ bɛko deɛ, nanso morenni nkonim’?”+
6 Na Yeremia kaa sɛ: “Yehowa asɛm aba me nkyɛn sɛ, 7 ‘Hwɛ, wo papa nua Salum ba Hanamel reba abɛka akyerɛ wo sɛ: “Tɔ m’asase a ɛwɔ Anatot+ no ɛfiri sɛ wo na wowɔ hokwan sɛ wogyeɛ.”’”+
8 Ɛnna me papa nua ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mesrɛ wo, tɔ m’asase a ɛwɔ Anatot,+ Benyamin+ asase soɔ no ɛfiri sɛ wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Enti tɔ.” Ɛhɔ na mehunuu sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.+
9 Enti metɔɔ asase a ɛwɔ Anatot+ no firii me papa nua ba Hanamel+ nsam. Na mekarii sika+ no maa no, nnwetɛbena nson ne dwetɛ du. 10 Afei meyɛɛ ɛho adanseɛ krataa,+ na mesɔɔ ano,+ na mefrɛɛ adansefoɔ+ berɛ a merekari+ sika no nsania soɔ no. 11 Ɛnna mefaa adanseɛ nkrataa no, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ ano da hɔ no, sɛdeɛ mmara ne ahyɛdeɛ no kyerɛ+ no. 12 Na mede adanseɛ krataa no maa Maseia ba Neria+ ba Baruk+ wɔ me papa nua ba Hanamel ne adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adanseɛ krataa+ no ase no nyinaa anim ne Yudafoɔ a wɔwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ no anim.
13 Afei mehyɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: 14 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Gye adanseɛ nkrataa yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ ano da hɔ yi,+ na fa kɔhyɛ kukuo mu, na akyɛ nna pii.’ 15 Ɛfiri sɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka sɛ, ‘Nkurɔfoɔ bɛtotɔ afie ne nsase ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’”+
16 Na berɛ a mede adanseɛ krataa no maa Neria+ ba Baruk+ no, mebɔɔ Yehowa mpaeɛ+ sɛ: 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa!+ Hwɛ, wo na wode wo tumi+ ne wo basa a woatene mu+ yɛɛ ɔsoro ne asase. Wo deɛ, asɛm no nyinaa mmoro w’ahoɔden so,+ 18 wo a woyɛ mpempem adɔeɛ,+ na wotua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi kokom;+ wone nokorɛ Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+ 19 Wo na wosõ, afotuo+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ so aba teɛ.+ 20 Wo na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ Egypt asase so ne Israel ne nnipa nyinaa mu+ de abɛsi nnɛ da yi, na wode agye din ama wo ho sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+ 21 Na wode nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a woatene mu ne ahudeɛ+ akɛseɛ na ɛyii wo man Israel firii Egypt+ asase soɔ.
22 “Akyire yi, wode asase a wokaa wɔn agyanom ntam sɛ wode bɛma wɔn no maa wɔn,+ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ+ yi. 23 Ɛnna wɔba bɛtenaa soɔ,+ nanso wɔantie wo, na wɔannante wo mmara mu nso.+ Nneɛma a wohyɛɛ sɛ wɔnyɛ nyinaa wɔanyɛ;+ ɛno nti na woama mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ no.+ 24 Hwɛ! Mmarima bɛba abɛto kuro no ho pampa+ sɛ wɔrebɛko afa.+ Wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no redi ako+ no nsa, nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ no nti. Deɛ wokaeɛ no aba mu ama w’ani ahunu.+ 25 Nanso Awurade Tumfoɔ Yehowa, wose, ‘Fa sika kɔtɔ asase+ na fa ho adansefoɔ,’+ berɛ a wonim sɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa.”+
26 Ɛnna Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 27 “Me Yehowa, mene honam nyinaa Nyankopɔn no.+ Biribi wɔ hɔ a ɛboro m’ahoɔden so anaa?+ 28 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ ne Babilon hene Nebukadresar nsa, na ɔbɛfa.+ 29 Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi redi ako no bɛba de egya abɛto kuro yi mu, na wɔahye+ ɛne afie a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ n’atifi ma Baal na wɔhwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo no.’+
30 “‘Na Israelfoɔ ne Yudafoɔ deɛ, bɔne nko ara na wɔfiri wɔn mmeranteberɛ mu ayɛ no m’anim;+ abufuo nko na Israelfoɔ de wɔn nsa ano adwuma hyɛ me,’+ Yehowa asɛm nie. 31 ‘Saa kuro yi, ɛfiri da a wɔkyekyereeɛ de bɛsi nnɛ, abufuo nko na ahyɛ me ama m’abufuhyeɛ adɛreɛ,+ na mɛyi afiri m’anim,+ 32 bɔne a Israelfoɔ+ ne Yudafoɔ+ ayɛ de ahyɛ me abufuo+ nyinaa nti; wɔne wɔn ahemfo+ ne wɔn mpanimfoɔ+ ne wɔn asɔfoɔ+ ne wɔn adiyifoɔ+ ne Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem na ayɛ. 33 Wɔn akyi na wɔdane maa me, na ɛnyɛ wɔn anim.+ Mekyerɛkyerɛɛ wɔn; mesɔree anɔpahema kyerɛkyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antie ntenesoɔ.+ 34 Wɔde wɔn akyiwadeɛ no akɔsisi efie a me din da soɔ no mu de agu ho fĩ.+ 35 Afei nso wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na wɔama wɔn mma afa egya+ mu ama Molek,+ nanso menhyɛɛ wɔn saa,+ na ɛmmaa m’akomam da sɛ mɛma wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa,+ na wɔmaa Yuda yɛɛ bɔne.’+
36 “Enti afei, deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka no kuro a moka sɛ wɔnam nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ so de bɛhyɛ Babilon hene nsa no ho nie,+ 37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne m’anibereɛ mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ama wɔabɛtena ase dwoodwoo.+ 38 Na wɔbɛyɛ me man+ na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+ 39 Mɛma wɔn akoma koro,+ na mɛma wɔahunu kwan koro na ama wɔasuro me daa ama no asi wɔne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyi aba no yie.+ 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam,+ na merennane mfiri wɔn akyi, na mɛyɛ wɔn yie;+ mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu na wɔannane amfiri m’akyi.+ 41 M’ani bɛgye wɔn ho na mayɛ wɔn yie.+ Mede m’akoma nyinaa ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so,+ nokorɛdie mu.’”
42 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛdeɛ mede mmusuo kɛseɛ yi nyinaa reba ɔman yi soɔ no, saa ara na mede adepa a maka no wɔn ho no nyinaa bɛbrɛ wɔn.+ 43 Na ɔman+ yi a mobɛka ho asɛm sɛ: “Adane amamfõ+ na onipa ne aboa bi nni so, na wɔde ahyɛ Kaldeafoɔ nsa”+ no, wɔbɛtotɔ nsase wɔ so.’
44 “‘Nnipa de sika bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyeyɛ ho adanseɛ nkrataa+ na wɔasosɔ ano afa ho adansefoɔ+ wɔ Benyamin+ asase so ne Yerusalem+ ho nkuro mu ne Yuda+ nkuro mu ne mmepɔ so nkuro mu ne nkuro a ɛdeda fam+ mu ne anafoɔ nkuro mu,+ ɛfiri sɛ mɛsan de wɔn atukɔfoɔ no aba,’+ Yehowa asɛm nie.”
33 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn ne mprenu soɔ berɛ a ɔda so da Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ no sɛ: 2 “Deɛ Yehowa a ɔyɛɛ+ asase, Yehowa a ɔnweneeɛ+ na ɔde tim hɔ pintinn+ a ne din ne Yehowa+ no, aka nie, 3 ‘Frɛ me, na mɛgye wo so,+ na mɛka nsɛm akɛseɛ ne nneɛma a wonte aseɛ na wonnim akyerɛ wo.’”+
4 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa kuro yi mu afie ne Yuda ahemfo afie a pampa ne nkrantɛ nti, wɔadwiri aguo+ no ho nie; 5 wɔn na wɔreba ne Kaldeafoɔ no abɛko, na ama nnipa a mɛkunkum wɔn m’abufuo ne m’abohuro+ mu na wɔn bɔne nyinaa nti mede m’ani bɛhunta kuro yi+ no afunu agugu baabiara, 6 ‘Hwɛ, merema no anya ahotɔ ne ahoɔden,+ na masa wɔn yareɛ ayi asomdwoeɛ a ɛboro soɔ ne nokorɛ adi akyerɛ wɔn.+ 7 Na mɛsan de Yuda atukɔfoɔ ne Israel atukɔfoɔ no aba,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛ kane no.+ 8 Mɛdwira wɔn ho afiri wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomsoɔ a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ 9 Na kuro no bɛyɛ ahurisie din ama me,+ ne ayeyie ne ade fɛfɛ ama asase so aman a wɔbɛte adepa a mɛyɛ ama wɔn no nyinaa.+ Na adepa ne asomdwoeɛ a mɛma wɔanya nti,+ aman no akoma bɛtu+ na wɔn ho awoso.’”+
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Kuro yi a mose ayɛ akurofõ a onipa ne afieboa nni ha bio, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno a adeda mpan+ a onipa ne afieboa nte hɔ no, wɔbɛsan ate+ 11 ahosɛpɛ nne, ahurisie nne,+ ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne, ne ɛnne a ɛbɛka sɛ: “Monkamfo asafo Yehowa, na Yehowa yɛ,+ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa!”’+
“‘Wɔde aseda afɔdeɛ bɛba Yehowa fie,+ ɛfiri sɛ mɛsan de asase no so atukɔfoɔ aba sɛ kane no,’+ Yehowa asɛm nie.”
12 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Ɔman a adane amamfõ a onipa ne afieboa mpo nni mu bio+ yi ne ne nkuro nyinaa mu no, nnwanhwɛfoɔ bɛnya adidibea ama wɔn mmoa adeda hɔ.’+
13 “‘Mmepɔ so nkuro ne nkuro a ɛdeda fam+ ne anafoɔ nkuro+ ne Benyamin+ asase ne Yerusalem+ ho nkuro ne Yuda nkuro+ mu no, nnwan bɛsene afa deɛ ɔkan wɔn no nsa ase+ bio,’ Yehowa asɛm nie.”
14 “‘Hwɛ! Nna bi reba,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛyɛ adepa a maka+ afa Israel fie+ ne Yuda fie ho no. 15 Saa nna no ne saa berɛ no, mɛma tenenee duforɔ+ bi afifi ama Dawid, na ɔbɛbu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+ 16 Nna no mu no, wɔbɛgye Yuda,+ na Yerusalem bɛtena ase dwoodwoo.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne, Yehowa Ne Yɛn Tenenee.’”+
17 “Na deɛ Yehowa aka nie, ‘Obusuani a ɔbɛtena Israel fie ahennwa so remmɔ Dawid.+ 18 Na Lewifoɔ, asɔfoɔ no nso, ɔbarima a ɔbɛgyina m’anim abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ahye aduane afɔdeɛ na wabɔ afɔdeɛ daa remmɔ wɔn.’”+
19 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn bio sɛ: 20 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mobɛtumi asɛe me ne adekyeeɛ apam ne me ne adesaeɛ apam, na adekyeeɛ ne adesaeɛ amma wɔ berɛ ano a,+ 21 ɛnneɛ me nso mɛtumi abu me ne m’akoa Dawid ntam apam no so+ na wannya ɔba a ɔbɛtena n’ahennwa so adi hene;+ saa ara na ɛteɛ wɔ Lewifoɔ, asɔfoɔ a wɔsom me+ no fam. 22 Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo, na wɔntumi nsusu mpoano anwea no,+ saa na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔsom me+ no adɔre.’”
23 Na Yehowa asɛm san baa Yeremia nkyɛn sɛ: 24 “Wonhunuu deɛ ɔman yi aka yi sɛ, ‘Mmusua mmienu a Yehowa ayi wɔn no,+ ɔbɛpo wɔn’ anaa? Wɔabu me man animtia,+ na anyɛ ɔman bio wɔn anim.
25 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ ɛnyɛ ampa sɛ me ne adekyeeɛ ne adesaeɛ ayɛ apam,+ na mahyehyɛ mmara ama ɔsoro ne asase+ a, 26 ɛnneɛ anka mɛpo Yakob ne m’akoa Dawid asefoɔ,+ na meremfa n’asefoɔ mu nnipa nni Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ so. Mɛboaboa wɔn atukɔfoɔ no ano,+ na mɛhu wɔn mmɔbɔ.’”+
34 Yehowa asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn berɛ a Babilon hene Nebukadresar+ ne n’asraafoɔdɔm+ nyinaa ne asase so ahennie a ɛhyɛ ne nsa+ nyinaa ne aman nyinaa ne Yerusalem ne ne nkuro+ nyinaa bɛkoeɛ no nie:
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde egya ahye.+ 3 Na wo nso worentumi nnwane mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ wɔbɛkye wo, na wɔde wo ahyɛ ne nsam.+ Wode w’ani bɛhunu Babilon hene anim+ na ɔne wo bɛkasa ano ne ano, na wobɛkɔ Babilon.’ 4 Nanso tie Yehowa asɛm, Yuda hene Sedekia,+ ‘Deɛ Yehowa aka afa wo ho nie: “Worenwu nkrantɛ ano. 5 Asomdwoeɛ mu na wobɛwuo,+ na sɛdeɛ wɔhyee aduhwam maa w’agyanom, kyerɛ sɛ, kane ahemfo a wɔdii w’anim no,+ saa ara na wɔbɛhye+ ama woɔ, na wɔbɛsu+ wo aka sɛ ‘O yɛn wura!+ Na asɛm yi, me na maka,’ Yehowa asɛm nie.”’”’”
6 Na odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa+ kyerɛɛ Yuda hene Sedekia wɔ Yerusalem; 7 saa berɛ no, na Babilon hene asraafoɔdɔm ne Yerusalem ne Yuda nkuro a aka nyinaa,+ Lakis+ ne Aseka+ redi ako; yeinom ne nkuro a wɔabɔ ho ban+ a na aka, Yuda nkuro mu.+
8 Asɛm a ɛdi soɔ yi na ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ɔhene Sedekia ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔbɛpae ahofadie ama wɔn no,+ 9 na obiara ama n’akoa ne n’afenaa, Hebrini+ barima anaa Hebrini baa afa ne ho adi, na wamfa ne nua Yudani anyɛ akoa bio.+ 10 Enti mpanimfoɔ+ no nyinaa tieeɛ, na ɔman no mufoɔ a wɔyɛɛ apam sɛ wɔbɛma wɔn nkoa ne wɔn mfenaa afa wɔn ho adi na wɔanyɛ wɔn nkoa bio no nyinaa nso tieeɛ, na wɔgyaagyaa wɔn maa wɔkɔeɛ.+ 11 Nanso ɛno akyi no, wɔdanee wɔn ho+ kɔfaa nkoa ne mfenaa a wɔgyaa wɔn no san baeɛ de wɔn bɛyɛɛ nkoa ne mfenaa+ bio. 12 Ɛno nti Yehowa asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na me ne mo agyanom yɛɛ apam+ da a mede wɔn firi Egypt asase so,+ nkoafie+ hɔ, reba no sɛ: 14 “Sɛ wɔtɔn wo nua+ Hebrini+ ma wo,+ na ɔsom wo mfeɛ nsia a, afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no ma no nkɔ; ma no mfiri wo nkyɛn mfa ne ho nkɔdi.” Nanso mo agyanom antie me, na wɔanyɛ aso.+ 15 Na mo deɛ, ɛnnɛ moadane mo ho ayɛ deɛ ɛtene m’ani so, na obiara apae ahofadie akyerɛ ne yɔnko, na moayɛ apam m’anim,+ efie a me din da soɔ+ no mu. 16 Nanso moasan adane+ mo ho agu me din+ ho fĩ, na obiara akɔfa n’akoa ne n’afenaa a ɔgyaa no sɛ ɔmfa ne ho nkɔdi sɛdeɛ wɔn kra pɛ no, na moasan de wɔn abɛyɛ mo nkoa ne mo mfenaa.’+
17 “Ɛno nti, deɛ Yehowa aka nie, ‘Mo nso montiee me, na mompaee ahofadie+ sɛ obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko afa ne ho akɔdi. Hwɛ, merepae ahofadie+ ama mo,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mede mo rema nkrantɛ+ ne owuyareɛ+ ne ɛkɔm,+ na mɛyi mo ama na asase so ahennie nyinaa awoso.+ 18 Na mmarima a wɔato m’apam+ na wɔanni apam a wɔyɛɛ no m’anim no mu nsɛm so berɛ a wɔpaee nantwie ba mu mmienu+ sɛ wɔbɛfa n’afãafã ntam+ no, 19 kyerɛ sɛ, Yuda mpanimfoɔ ne Yerusalem mpanimfoɔ+ ne ahemfie mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne asase no sofoɔ a wɔfaa nantwie ba a wɔapae mu no ntam no— 20 mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra+ no nsa, na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama wiem nnomaa ne asase so mmoa.+ 21 Na mede Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa ne Babilon hene+ asraafoɔdɔm a wɔrefiri mo ho akorɔ+ no nsa.’
22 “‘Hwɛ, merehyɛ,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wɔn bɛsan aba kuro yi so bio,+ na wɔne mo abɛko afa na wɔde egya ahye;+ mɛma Yuda nkuro adane amamfõ a obi nte mu.’”+
35 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no nna no mu nie: 2 “Kɔ Rekabfoɔ+ no fie, na wo ne wɔn nkɔkasa na fa wɔn bra Yehowa fie adidibea no baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
3 Ɛnna mefaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mma mmarima nyinaa ne Rekabfoɔ fie mma no nyinaa, 4 na mede wɔn baa Yehowa fie hɔ, nokorɛ Nyankopɔn nipa Hanan, Yigdalia ba no mma adidibea+ a ɛwɔ mpanimfoɔ no adidibea a ɛwɔ ɛpono ano hwɛfoɔ Salum+ ba Maaseia adidibea atifi nkyɛn hɔ no mu. 5 Ɛnna mede nkuruwa a nsã ayeyɛ no amaama ne nkoraa sisii Rekabfoɔ fie mma no anim, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnom nsã.”
6 Na wɔkaa sɛ: “Yɛrennom nsã biara, ɛfiri sɛ yɛn agya Rekab+ ba Yonadab hyɛɛ yɛn sɛ, ‘Monnnom nsã biara; mo ne mo mma nyinaa nnnom bi da.+ 7 Monnsisi afie, na monnnua aba biara; monnyɛ bobeturo biara, na mommfa nnyɛ mo deɛ. Ntomadan mu na montena mo nna nyinaa na moatena ase akyɛ, asase a moyɛ ahɔhoɔ wɔ soɔ no so.’+ 8 Enti yɛatie yɛn agya Rekab ba Yehonadab, deɛ ɔhyɛɛ+ yɛn no nyinaa mu, na yɛnnom nsã biara yɛn nna nyinaa mu, yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmarima ne yɛn mma mmaa,+ 9 na yɛnsisii afie bi ntenaa mu na yɛnni bobeturo anaa asase anaa aba bi. 10 Yɛtete ntomadan mu; yɛatie na yɛayɛ deɛ yɛn agya Yonadab+ hyɛɛ yɛn no nyinaa.+ 11 Nanso berɛ a Babilon hene Nebukadresar tu baa asase yi soɔ+ no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem, Kaldea asraafoɔdɔm ne Siria asraafoɔdɔm no nti, na yɛnkɔtena Yerusalem.’”+
12 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ na kɔbisa Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ: “Mantu mo fo daa sɛ montie m’asɛm?”+ Yehowa asɛm nie. 14 “Rekab+ ba Yehonadab asɛm a ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsã biara no, wɔadi so na wɔnnom nsã de bɛsi nnɛ, na wɔadi wɔn agya ahyɛdeɛ so.+ Me deɛ, mekasa kyerɛɛ mo, mesɔree anɔpahema kasa kyerɛɛ mo,+ nanso moantie me.+ 15 Mesomaa me nkoa adiyifoɔ+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛɛ nyɛ yie,+ na monnkɔdi anyame foforɔ akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+ 16 Rekab+ ba Yehonadab mma no adi wɔn agya ahyɛdeɛ a ɔhyɛɛ wɔn no so,+ nanso ɔman yi deɛ, wɔantie me.”’”+
17 “Enti deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo a maka atia Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa no, mede ne nyinaa bɛba wɔn so,+ ɛfiri sɛ mekasa kyerɛɛ wɔn, na wɔantie; mefrɛɛ wɔn daa, nanso wɔannye me so.’”+
18 Na Yeremia ka kyerɛɛ Rekabfoɔ fie mma no sɛ: “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛ́ moatie mo agya Yehonadab+ ahyɛdeɛ na moda so di n’ahyɛdeɛ nyinaa soɔ na moyɛ deɛ ɔhyɛɛ mo nyinaa+ nti, 19 deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Onipa a ɔbɛgyina+ m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.”’”+
36 Ɛbaa sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan mu no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 2 “Fa nwoma+ mmobɔeɛ, na nsɛm+ a maka akyerɛ woɔ a ɛtia Israel ne Yuda+ ne aman no nyinaa+ firi da a me ne wo kasaeɛ, firi Yosia berɛ so bɛsi nnɛ+ no, twerɛ ne nyinaa hyɛ mu. 3 Ebia Yuda fie bɛtie mmusuo a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so+ no nyinaa, na wɔasan afiri wɔn akwammɔne so,+ na mede wɔn mfomsoɔ ne wɔn bɔne akyɛ wɔn.”+
4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk,+ sɛ Baruk ntwerɛ Yehowa nsɛm a waka akyerɛ Yeremia no nyinaa mfiri n’anom ngu nwoma+ mmobɔeɛ no so. 5 Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: “Me deɛ, wɔato me mu. Mentumi nkɔ Yehowa fie+ hɔ. 6 Na wo deɛ, kɔ hɔ, ɛda a wɔdi mmuada,+ na Yehowa nsɛm+ a ɛwɔ m’anom a woatwerɛ no nwoma mmobɔeɛ no mu no, kɔkenkan no den gu ɔman no asom, Yehowa fie hɔ, na Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro mu ba hɔ no nyinaa nso, kenkan no den gu wɔn asom.+ 7 Ebia Yehowa bɛtie wɔn nkotɔsrɛ,+ na wɔasan afiri wɔn akwammɔne+ so ɛfiri sɛ Yehowa abufuo ne n’abufuhyeɛ a waka atia ɔman yi sõ.”+
8 Na Neria ba Baruk+ yɛɛ sɛdeɛ odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma+ mmobɔeɛ no mu no den, Yehowa fie+ hɔ.
9 Na ɛbaa sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nkron+ mu no, wɔka maa Yerusalemfoɔ nyinaa ne ɔman no mufoɔ a wɔfiri Yuda nkuro mu no baa Yerusalem nyinaa bɛdii mmuada Yehowa anim.+ 10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa asom, Yehowa fie hɔ wɔ Safan+ ba ɔtwerɛfoɔ+ Gemaria+ adidibea+ a ɛwɔ atifi fam no adihɔ hɔ, wɔ Yehowa fie pono foforɔ no ano.+
11 Na Safan+ ba Gemaria ba Mikaia tee Yehowa nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no nyinaa. 12 Na ɔsiane kɔɔ ahemfie, kɔɔ ɔtwerɛfoɔ no adidibea hɔ, na hwɛ! ɛhɔ na na mpanimfoɔ no nyinaa teteɛ, ɔtwerɛfoɔ Elisama+ ne Semaia ba Delaia+ ne Akbor+ ba Elnatan+ ne Safan+ ba Gemaria+ ne Hanania ba Sedekia ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa. 13 Na nsɛm a Mikaia+ tee sɛ Baruk rekenkan no den firi nwoma no mu gu ɔman no asom no,+ ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn.
14 Ɛnna mpanimfoɔ no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi+ kɔɔ Baruk+ nkyɛn sɛ: “Nwoma mmobɔeɛ a wokenkan guu ɔman no asom no, fa kura wo nsam na bra.” Enti Neria ba Baruk faa nwoma no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.+ 15 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, tena ase na kenkan no den gu yɛn asom.” Enti Baruk+ kenkan no den guu wɔn asom.
16 Berɛ a wɔtee nsɛm yi nyinaa ara pɛ, wɔde akomatuo hwehwɛɛ wɔn ho anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.”+ 17 Na wɔbisaa Baruk sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Woyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ nsɛm yi nyinaa firii n’anom?”+ 18 Ɛnna Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔde n’ano na ɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubire+ twerɛ hyɛɛ nwoma yi mu.” 19 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Kɔ na kɔhunta, wo ne Yeremia, na obiara anhunu deɛ mowɔ.”+
20 Afei wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn, adihɔ+ hɔ, na wɔde nwoma no kɔhyɛɛ ɔtwerɛfoɔ Elisama+ adidibea+ hɔ, na wɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene asom.
21 Ɛnna ɔhene somaa Yehudi+ sɛ ɔnkɔfa nwoma no mmra. Enti ɔkɔfa firii ɔtwerɛfoɔ+ Elisama+ adidibea hɔ baeɛ. Na Yehudi kenkan no den ɔhene ne mpanimfoɔ a wɔgyinagyina ɔhene ho no nyinaa asom. 22 Ná ɔhene te awɔ berɛ dan+ mu, bosome a ɛtɔ so nkron+ no mu, na adeɛ a wɔasɔ mu gya+ si n’anim. 23 Berɛ a Yehudi kenkan nkrataa mmiɛnsa anaa nnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan twitwaa mu, na ɔde guu egya no mu kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyee wɔ gya no mu.+ 24 Wɔansuro,+ na ɔhene ne ne nkoa a wɔka ne ho a na wɔretie nsɛm yi nyinaa nso, obiara ansuane n’atadeɛ mu.+ 25 Elnatan+ ne Delaia+ ne Gemaria+ paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn.+ 26 Afei ɔhene no hyɛɛ ɔhene ba Yerahmeel ne Asrel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia+ mmra; nanso Yehowa de wɔn huntaeɛ.+
27 Na berɛ a ɔhene hyee nwoma no ne nsɛm a Baruk+ twerɛ firii Yeremia anom akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia+ nkyɛn bio sɛ: 28 “San fa nwoma foforɔ, na twerɛ kane nsɛm a na ɛwɔ kane nwoma no so a Yuda hene Yehoiakim hyee+ no no nyinaa wɔ so. 29 Na ka tia Yuda hene Yehoiakim sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Wo na woahye nwoma+ yi na woaka sɛ, ‘Adɛn nti na woatwerɛ wom+ sɛ: “Babilon hene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa ase” no?’+ 30 Ɛno nti deɛ Yehowa aka atia Yuda hene Yehoiakim nie, ‘Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ,+ na ne funu nso, wɔbɛto atwene,+ na ɛhyew aka no awia, na awɔ afa so anadwo. 31 Na ɔno ne n’asefoɔ ne ne nkoa amumuyɔ+ nso, mɛtua wɔn so ka,+ na mmusuo a maka atia wɔn ne Yerusalemfoɔ ne Yuda mmarima nyinaa, a wɔantie no,+ mede bɛba wɔn so.’”’”+
32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ na ɔde maa Neria ba ɔtwerɛfoɔ+ Baruk, na ɔno nso twerɛɛ nwoma a Yuda hene Yehoiakim de gya+ hyeeɛ no mu nsɛm firii Yeremia anom+ hyɛɛ mu, na ɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno kaa ho.
37 Na Yosia+ ba Ɔhene Sedekia+ a Babilon hene Nebukadresar sii no hene Yuda+ asase soɔ no, ɔbɛsii Yehoiakim+ ba Konia+ anan dii adeɛ. 2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nnipa antie Yehowa asɛm+ a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.+
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal+ ne ɔsɔfoɔ Maaseia+ ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mpaeɛ ma yɛn.”+ 4 Saa berɛ no, na Yeremia di ɔman no mu akɔneaba,+ ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. 5 Na Farao asraafoɔdɔm firi Egypt+ baeɛ, na Kaldeafoɔ a wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no teeɛ. Enti wɔtwee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ.+ 6 Ɛnna Yehowa asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: 7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa me hɔ adeɛ no+ sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔdɔm a wɔafiri adi reba mo nkyɛn abɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn asase so wɔ Egypt.+ 8 Kaldeafoɔ no bɛsan aba na wɔne nkuro yi abɛko afa na wɔde egya ahye.”+ 9 Deɛ Yehowa aka nie: “Monnnaadaa mo kra+ na monnka sɛ, ‘Kaldeafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ,’ ɛfiri sɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm a wɔne mo reko+ no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ+ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu mmaako mmaako na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”
11 Na berɛ a Farao+ asraafoɔdɔm nti Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm twee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ no,+ 12 Yeremia siim sɛ ɔrefiri Yerusalem akɔ Benyamin+ asase so na wakɔgye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 13 Na berɛ a ɔduruu Benyamin Pono+ no ano no, ɔkɔtoo ɔpanin a ɔhwɛ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no wɔ hɔ. Ɛhɔ ara na ɔsɔɔ odiyifoɔ Yeremia mu sɛ: “Kaldeafoɔ afã na woredane akorɔ!” 14 Na Yeremia kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ!+ Mennane nkɔɔ Kaldeafoɔ afã.” Nanso wantie. Enti Yiria sɔɔ Yeremia mu de no kɔmaa mpanimfoɔ no. 15 Na mpanimfoɔ+ no bo fuu Yeremia,+ na wɔhwee no+ de no too afiase+ wɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ afiase.+ 16 Berɛ a Yeremia kɔɔ abura+ dan no ne ntokuro no mu no, Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no baeɛ, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahuntaeɛ mu.+ Na ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bi a ɛfiri Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Afei Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi+ a enti mode me ato afiase yi? 19 Ɛhe na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo ne asase yi so’+ no wɔ? 20 Enti afei me wura ɔhene, mesrɛ wo tie. Ma m’adesrɛ+ nnuru w’anim, na nsan mfa me nkɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan+ fie hɔ na manwu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu. Na wɔmaa no paanoo a ɛfiri paanootofoɔ borɔno+ so daa kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ.
38 Na Mattan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya+ ba Pasur tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman+ no nyinaa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onipa a ɔbɛtena kuro yi mu no, ɔno na nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ bɛku no. Na deɛ ɔbɛfiri adi akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn deɛ, ɔbɛnya nkwa; ɔbɛnya ne kra sɛ asadeɛ na watena nkwa mu.’+ 3 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene asraafoɔdɔm nsa, na ɔbɛfa.’”+
4 Na mpanimfoɔ no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam ago.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ na mmom mmusuo.” 5 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam. Ɔhene ntumi nsi mo kwan biribiara ho.”+
6 Na wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkiya abura+ a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no mu. Wɔde ahoma sɔɔ Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsuo nni abura no mu, na mmom atɛkyɛ, na Yeremia kɔwuraa atɛkyɛ no mu.+
7 Na Etiopiani+ Ebed-Melek a na ɔyɛ opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa berɛ no, na ɔhene no te Benyamin Pono+ no ano. 8 Enti Ebed-Melek firii ahemfie hɔ ne ɔhene kɔkasaa sɛ: 9 “O me wura ɔhene, mmarima yi ayɛ bɔne wɔ deɛ wɔde ayɛ odiyifoɔ Yeremia no nyinaa mu sɛ wɔakɔto no atwene abura mu, ɛfiri sɛ ɛkɔm+ no nti, ɔbɛwu+ wɔ hɔ. Aduane bi nni kuro yi mu bio.”
10 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima aduasa wɔ ha di w’akyi, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu ansa na wawu.”+ 11 Enti Ebed-Melek faa mmarima a ɔda wɔn ano no, na wɔkɔɔ ahemfie adekoradan+ no ase kɔsesaa ntomago ne ntoma dada firii hɔ, na ɔde nhoma sosɔɔ mu gyaa mu maa Yeremia wɔ abura+ no mu. 12 Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Fa ntomago ne ntoma dada yi hyehyɛ ahoma no ase wɔ wo mmɔtoam.” Na Yeremia yɛɛ saa.+ 13 Enti wɔde nhoma no twetwee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ no mu.
14 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn+ wɔ aboboano kwan a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no so, Yehowa fie+ hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Merebisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.”+ 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Na sɛ metu wo fo nso a, worentie.”+ 16 Afei Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam ahuntaeɛ mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔbɔɔ yɛn kra+ yi te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra no nsa.”+
17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn+ no aka nie, ‘Sɛ wobɛfiri adi akɔ Babilon hene+ mpanimfoɔ nkyɛn deɛ a, wo kra bɛtena nkwa mu, na wɔremfa egya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babilon hene mpanimfoɔ no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde egya bɛhye,+ na wo nso worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
19 Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mesuro Yudafoɔ a wɔadane kɔ Kaldeafoɔ no afã no;+ anhwɛ a wɔbɛyi me ahyɛ wɔn nsa ama wɔayɛ me basabasa.”+ 20 Na Yeremia kaa sɛ: “Wɔrenyɛ wo saa. Tie Yehowa asɛm a mereka akyerɛ woɔ yi, na ɛbɛsi wo yie+ ama wo kra atena nkwa mu. 21 Na sɛ woamfiri adi ankɔ wɔn nkyɛn a,+ deɛ Yehowa ayi akyerɛ me nie: 22 Hwɛ! mmaa a wɔaka wɔ Yuda hene fie nyinaa,+ wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babilon hene mpanimfoɔ,+ na wɔbɛka sɛ,
‘Wɔn a wɔne wo te asomdwoeɛ mu no adaadaa wo,+ na wɔadi wo so.+
Wɔama wo nan amem atɛkyɛ mu; wɔde wɔn ani akyerɛ baabi foforɔ koraa.’+
23 Wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛfiri adi abrɛ Kaldeafoɔ no, na wo nso, worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.+ Babilon hene nsa bɛsɔ wo mu, na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+
24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee na woanwu. 25 Na ɛba sɛ mpanimfoɔ+ no te sɛ me ne wo akasa a, ebia wɔbɛba wo nkyɛn abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenku wo. Ɛdeɛn na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ?’ 26 Sɛ ɛba saa a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mede m’adesrɛ kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔmmfa me nnkɔ Yehonatan+ fie hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’”
27 Akyire yi, mpanimfoɔ no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm. Na ɔno nso ne wɔn kasaa sɛdeɛ nsɛm a ɔhene hyɛeɛ no nyinaa teɛ.+ Enti wɔanka hwee bio n’anim, ɛfiri sɛ obiara ante asɛm no. 28 Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ kɔsii da a wɔko faa Yerusalem.+ Ɛbaa mu berɛ a wɔfaa Yerusalem+ no.
39 Yuda hene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du+ no, Babilon hene Nebukadresar ne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+
2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu, bosome a ɛtɔ so nnan, bosome no da a ɛtɔ so nkron na wɔbubuu kuro no afasuo no.+ 3 Na Babilon hene mpanimfoɔ yi nyinaa baa mu bɛtenatenaa mfimfini Pono+ no mu: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babilon hene mpanimfoɔ a aka nyinaa.
4 Na ɛbaa sɛ berɛ a Yuda hene Sedekia ne mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa hunuu wɔn no, ntɛm ara na wɔdwane+ firii kuro no mu anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+ 5 Ɛnna Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm no tĩĩ wɔn+ na wɔkɔkyee Sedekia wɔ Yeriko+ asasetamaa no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+ 6 Na Babilon hene kunkum+ Sedekia mma mmarima n’anim+ wɔ Ribla, na Babilon hene kunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso.+ 7 Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.
8 Na Kaldeafoɔ no de gya hyee ahemfie no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no nso guiɛ.+ 9 Ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn wɔ kuro no mu ne wɔn a wɔdane kɔɔ n’afã ne nnipa a wɔaka no, awɛmfoɔ so panin+ Nebusaradan+ de wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
10 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa asase no so mmɔborɔfoɔ a wɔnni hwee no bi wɔ Yuda asase so.+ Ɛda no, ɔde bobe nturo maa wɔn, na wɔyɛɛ apaafoɔ adwuma.+
11 Afei nso Babilon hene Nebukadresar nam awɛmfoɔ so panin Nebusaradan so hyɛɛ no Yeremia ho sɛ: 12 “Momfa no na momma mo ani nku ne ho, na monnyɛ no bɔne biara.+ Na deɛ ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ saa mma no.”+
13 Ɛnna awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris, ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag ne Babilon hene atitire nyinaa somaeɛ; 14 wɔsoma kɔfaa Yeremia firii Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fie na ɔnkɔtena nkurɔfoɔ no mu.
15 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn berɛ a wɔde no toom wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no sɛ: 16 “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, merema me nsɛm aba mu kuro yi so ama mmusuo aba so, na ɛrensi wɔn yie;+ ɛbɛsi w’anim saa da no.”’+
17 “‘Ɛda no, mɛgye wo,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfa wo nhyɛ nnipa a wosuro wɔn no nsa.’+
18 “‘Na fire na mɛma woafiri mu, na worentɔ nkrantɛ ano; wobɛnya wo kra sɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm nie.”
40 Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de no firi Rama+ kɔeɛ no. Berɛ a ɔfaa no no, na wɔde abankaba agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+ 2 Afei awɛmfoɔ so panin no faa Yeremia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn no na ɔkaa mmusuo yi tiaa ɔman yi,+ 3 na Yehowa ama no aba mu, na wayɛ deɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moayɛ Yehowa bɔne, na moantie no ama asɛm yi ato mo.+ 4 Na hwɛ! Ɛnnɛ, mayi abankaba a ɛgu wo nsa no. Sɛ ɛyɛ wɔ w’ani so sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ma yɛnkɔ, na mɛma m’ani aku wo ho.+ Na sɛ ɛnyɛ wɔ w’ani so sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ɛnneɛ san. Hwɛ! Asase no nyinaa da w’anim. Baabiara a ɛyɛ na ɛtene w’ani so sɛ wobɛkɔ no, kɔ.”+
5 Berɛ a ɔnnya mmuaa sɛ ɔbɛkɔ no, Nebusaradan kaa sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkuro soɔ no nkyɛn, na wo ne no ntena nkurɔfoɔ no mu; anaa baabiara a ɛyɛ wɔ w’ani so sɛ wobɛkɔ no, kɔ.”+
Na awɛmfoɔ so panin no maa no aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ.+ 6 Enti Yeremia baa Ahikam ba Gedalia+ nkyɛn wɔ Mispa,+ na ɔne no tenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn asase no soɔ no mu.
7 Akyire yi, asahene a wɔwɔ asase no soɔ+ nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asase no so panin, na wayɛ no panin wɔ mmarima ne mmaa ne mmɔfra nkumaa ne asase no so mmɔborɔfoɔ a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon nkoasom mu no so.+ 8 Enti wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa; Netania ba Ismael,+ ne Karea mma Yohanan+ ne Yonatan, ne Tanhumet ba Seraia, ne Netofani+ Efai mma no, ne Maakatni+ no ba Yesania,+ ne wɔn mmarima na wɔbaeɛ.+ 9 Ɛnna Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ kaa ntam+ kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no, na ɔkaa sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.+ 10 Me deɛ, mɛtena Mispa+ na magyina Kaldeafoɔ a wɔbɛba yɛn nkyɛn no anim. Mo nso, mommoaboa bobesa+ ne ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano, na momfa ngu mo nneɛma mu, na montena mo nkuro a moagyegyeɛ no mu.”
11 Na Yudafoɔ a na wɔwɔ Moab ne Ammonfoɔ mu ne wɔn a wɔwɔ Edom ne nsase a aka no soɔ nyinaa+ tee sɛ Babilon hene agya nnipa nkaeɛ bi ama Yuda, na ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia+ asi wɔn so. 12 Na Yudafoɔ no nyinaa firii mmeaeɛ a wɔhwete kɔeɛ nyinaa san baeɛ, na wɔbaa Gedalia nkyɛn Yuda asase so wɔ Mispa.+ Na wɔboaboaa bobesa ne ahuhuro berɛ mu nnuaba bebree pa ano.
13 Karea+ ba Yohanan+ ne asahene a wɔwɔ asase no soɔ+ nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. 14 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wonnim sɛ Ammonfoɔ+ hene Baalis asoma Netania+ ba Ismael+ sɛ ɔmmɛbɔ wo kra?” Nanso Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.+
15 Ɛnna Karea ba Yohanan+ ka kyerɛɛ Gedalia ahuntaeɛ mu wɔ Mispa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔkum Netania ba Ismael, na obiara renhunu.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ wo kra, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa hwete na Yuda nkaeɛ no ase tɔre?”+ 16 Nanso Ahikam+ ba Gedalia+ ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: “Nni saa asɛm yi, na asɛm a moreka fa Ismael+ ho no nyɛ nokorɛ.”
41 Ɛbaa sɛ bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael+ a ɔfiri adehyeɛ abusua+ mu a ɔka ɔhene mpanimfoɔ ho no ne mmarima foforɔ du+ baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Na wɔn nyinaa tenaa ase sɛ wɔredidi wɔ Mispa.+ 2 Ɛnna Netania ba Ismael ne mmarima du a wɔka ne ho no sɔreeɛ, na wɔde nkrantɛ bɔɔ Safan ba Ahikam ba Gedalia kum no.+ Enti ɔkum deɛ Babilon hene de no asi asase no soɔ no.+ 3 Na Yudafoɔ a wɔka Gedalia ho wɔ Mispa no nyinaa ne Kaldeafoɔ a wɔwɔ hɔ no, kyerɛ sɛ, mmarima a wɔkɔ ɔsa no, Ismael kunkum wɔn.
4 Berɛ a wɔkum Gedalia no akyi nnanu a obiara nnim ho hwee+ no, 5 mmarima bi firi Sekem+ ne Silo+ ne Samaria+ baeɛ, mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abɔdwesɛ+ asunsuane wɔn ntadeɛ mu atwitwa wɔn ho akam;+ ná wɔkura wɔn nsam aduane afɔdeɛ ne ɛhyɛ+ sɛ wɔde reba Yehowa fie. 6 Enti Netania ba Ismael firi Mispa kɔhyiaa wɔn, na ɔrekɔ nyinaa na ɔresu.+ Berɛ a ɔhyiaa wɔn no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.” 7 Nanso berɛ a wɔduruu kuro no mu ara pɛ, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn, na wɔtoo wɔn guu abura no mu.+
8 Nso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael ntɛm sɛ: “Nku yɛn na yɛde nneɛma pa bi asie afuo mu, ayuo ne atokoɔ ne ngo ne ɛwoɔ.”+ Enti ɔgyaa wɔn, na wanku wɔn amfra wɔn nuanom no. 9 Abura a Ismael+ too mmarima a ɔkunkum wɔn no nyinaa afunu guu mu no yɛ deɛ Israel hene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no,+ na na ɛyɛ abura kɛseɛ. Ɛno na Netania ba Ismael de wɔn a wɔawuwuo no afunu hyɛɛ no ma.
10 Afei Ismael faa nnipa no nkaeɛ a wɔwɔ Mispa+ no nyinaa nnommum, ɔhene mma mmaa+ ne wɔn a wɔaka wɔ Mispa+ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam+ ba Gedalia nsa no. Enti Netania ba Ismael faa wɔn nnommum sɛ ɔde wɔn retwa akɔ Ammonfoɔ+ mu.
11 Akyire yi, Karea ba Yohanan+ ne asahene+ a wɔka ne ho no nyinaa tee adebɔne a Netania ba Ismael ayɛ no nyinaa. 12 Enti wɔfaa mmarima no nyinaa, na wɔkɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko. Na wɔkɔtoo no wɔ Gibeon+ nsuo pii no ho.
13 Na berɛ a nnipa a wɔwɔ Ismael nkyɛn no nyinaa hunuu Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔfirii aseɛ bɔɔ ose. 14 Enti nnipa a Ismael faa wɔn nnommum firii Mispa+ no nyinaa san wɔn akyi, na wɔkɔɔ Karea ba Yohanan nkyɛn. 15 Na Netania ba Ismael deɛ, ɔne mmarima nwɔtwe dwane+ firii Yohanan anim kɔɔ Ammonfoɔ mu.
16 Na Karea ba Yohanan+ ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa nkaeɛ no nyinaa, wɔn a Netania ba Ismael faa wɔn firii Mispa berɛ a ɔkum Ahikam ba Gedalia+ no, nnɔmmarima, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa, ne wɔn yerenom ne wɔn mma nkumaa ne ahemfie mpanimfoɔ no, na ɔde wɔn firi Gibeon baeɛ. 17 Na wɔkɔsoɛɛ Kimham asoɛeɛ wɔ Betlehem+ nkyɛn sɛ wɔrekɔ Egypt,+ 18 Kaldeafoɔ+ no nti; ná wɔsuro wɔn,+ Ahikam+ ba Gedalia a Babilon hene de no sii asase no so+ a Netania ba Ismael kum no no nti.
42 Ɛnna asahene no nyinaa ne Karea ba Yohanan+ ne Hosaia+ ba Yesania*+ ne nnipa no nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, twe bɛneeɛ, 2 na wɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: “Yɛde yɛn adesrɛ reto w’anim na woabɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ mpaeɛ ama yɛne nkaefoɔ a wɔaka yi nyinaa, ɛfiri sɛ yɛn ne kakraa bi a yɛaka wɔ nnipa bebree no mu+ sɛdeɛ w’ani hunu yɛn yi. 3 Ma Yehowa wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn kwan a yɛmfa soɔ ne deɛ yɛnyɛ.”+
4 Ɛnna odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mate. Hwɛ, mɛbɔ Yehowa mo Nyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ moaka no,+ na asɛm biara a Yehowa de bɛbua mo no, mɛka akyerɛ mo.+ Meremfa asɛm baako mpo nsie mo.”+
5 Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Sɛ yɛanyɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛsoma wo abɛka akyerɛ yɛn no pɛpɛɛpɛ+ a, Yehowa nyɛ yɛn nokorɛ danseni+ pintinn. 6 Sɛ papa oo, bɔne oo, Yehowa, yɛn Nyankopɔn a yɛasoma wo ne nkyɛn no na yɛbɛtie ne nne, na asi yɛn yie, ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛtie no.”+
7 Na dadu akyi no, Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn.+ 8 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho nyinaa ne nnipa no nyinaa baeɛ, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so;+ 9 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto n’anim+ no aka nie, 10 ‘Sɛ mokɔ so tena asase yi so a,+ me nso mɛma mo so asi hɔ, na merennwiri mo ngu; mɛdua mo, na merentutu mo ase;+ ɛbɛyɛ me ya sɛ mede mmusuo aba mo soɔ.+ 11 Monnsuro Babilon hene a ne ho hu atɔ mo soɔ no.’+
“‘Monnsuro no,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka mo ho, na mɛgye mo na mayi mo afiri ne nsam.+ 12 Na mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na wasan de mo akɔ mo asase so.+
13 “‘Na sɛ moka sɛ: “Dabi, yɛrentena asase yi so!” na sɛ moantie Yehowa mo Nyankopɔn nne,+ 14 na moka sɛ: “Dabi, Egypt asase so na yɛbɛkorɔ,+ na ɛhɔ deɛ, yɛrenhunu ɛko, yɛrente abɛn nnyegyeeɛ, na yɛrenni aduankɔm, na ɛhɔ na yɛbɛtena”+ a, 15 ɛnneɛ montie Yehowa asɛm, O Yuda nkaeɛ. Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Sɛ mode si mo ani so sɛ Egypt na mobɛkɔ, na sɛ mokɔ kɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ ampa a,+ 16 ɛnneɛ nkrantɛ a mosuro no, ɛno na ɛbɛtoa mo wɔ Egypt asase soɔ,+ na ɛkɔm a mosuro no, ɛno na ɛbɛdi mo akyi akɔ Egypt,+ na ɛhɔ na mobɛwuwuo.+ 17 Na wɔn a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ Egypt akɔtena hɔ no, wɔn na wɔbɛwuwu nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ ano,+ na wɔn mu biara remfiri mu nka na ɔrennya ne tiri nnidi mu, mmusuo a mede reba wɔn soɔ no mu.”’+
18 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Sɛdeɛ mahwie m’abufuo ne m’abufuhyeɛ agu Yerusalemfoɔ soɔ no,+ saa ara na sɛ mokɔ Egypt a, mɛhwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ, na mobɛyɛ nnome ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora,+ na morenhunu ɛha yi bio.’+
19 “Yehowa akasa akyerɛ mo, O Yuda nkaeɛ. Monntu mo nan nnsi Egypt.+ Hunu na monhunu sɛ madi mo adanseɛ nnɛ,+ 20 ɛne sɛ, moayɛ mo kra bɔne,+ ɛfiri sɛ mo ara na mosomaa me kɔɔ Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn sɛ, ‘Bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na asɛm biara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka no, ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ.’+ 21 Mereka akyerɛ mo nnɛ, nanso morentie Yehowa mo Nyankopɔn nne ne deɛ ɔde asoma me mo nkyɛn no biara.+ 22 Enti afei monhunu sɛ nkrantɛ+ ne ɛkɔm ne owuyareɛ ano na mobɛwuwu wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ no.”+
43 Berɛ a Yeremia kaa Yehowa, wɔn Nyankopɔn nsɛm nyinaa a Yehowa wɔn Nyankopɔn de somaa no ɔman no nyinaa nkyɛn wieeɛ no,+ 2 Hosaia+ ba Asaria ne Karea ba Yohanan+ ne mmarima ahantanfoɔ+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Atosɛm na woreka yi.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn nsomaa wo yɛn nkyɛn sɛ, ‘Monntu mo nan nnsi Egypt nnkɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ.’+ 3 Na Neria ba Baruk+ na ɔretutu gu w’asom tia yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kaldeafoɔ nsa bɛka yɛn na wɔakunkum yɛn anaa wɔde yɛn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon.”+
4 Na Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa ne ɔman no nyinaa antie Yehowa asɛm+ antena Yuda asase so.+ 5 Enti Karea ba Yohanan ne asahene no nyinaa faa Yuda nkaeɛ a wɔfiri aman a wɔbɔɔ wɔn hwetee soɔ no so baa sɛ wɔrebɛsoɛ Yuda asase soɔ no nyinaa,+ na wɔkɔeɛ; 6 mmarima ne wɔn yerenom ne mmɔfra nkumaa ne ɔhene mma mmaa+ ne ɔkra biara a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa no Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ nkyɛn no ne odiyifoɔ Yeremia ne Neria ba Baruk.+ 7 Na wɔkɔɔ Egypt+ asase so, na wɔantie Yehowa asɛm; wɔkɔeɛ ara kɔduruu Tapanes.+
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanes sɛ: 9 “Tase aboɔ akɛseɛ, na fa kɔhunta dɔteɛ mu wɔ birikisi a ɛsam Farao fie pono ano no mu wɔ Tapanes, Yuda mmarima no anim.+ 10 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadresar,+ m’akoa+ no aba, na aboɔ a mede ahunta yi so na mede n’ahennwa bɛsie, na ɔbɛtrɛ ne ntomadan kɛseɛ mu wɔ so. 11 Na ɔbɛba abɛyɛ Egypt+ asase pasaa. Deɛ ɔsɛ owuyareɛ no bɛkɔ owuyareɛ mu. Deɛ ɔsɛ nkoasom no bɛkɔ nkoasom mu. Na deɛ ɔsɛ nkrantɛ no bɛkɔ nkrantɛ ano.+ 12 Na mede gya bɛto Egypt+ anyame no afie mu, na ɔbɛhye na ɔde wɔn akɔ nkoasom mu, na wafira Egypt asase sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ fira ntoma+ no, na ɔbɛfiri hɔ akɔ asomdwoeɛ mu. 13 Na ɔbɛbubu Bet-Semes a ɛwɔ Egypt asase soɔ no adum pasaa, na ɔde gya bɛhye Egypt anyame no afie.”’”
44 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafoɔ a wɔtete Egypt asase so+ nyinaa, wɔn a wɔtete Migdol+ ne Tapanes+ ne Nof+ ne Patros+ asase soɔ ho nie: 2 “Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mo ara moahunu mmusuo a mede aba Yerusalem+ ne Yuda nkuro nyinaa soɔ, na hwɛ, ayɛ amamfõ nnɛ, na obiara nte hɔ.+ 3 Ɛyɛ bɔne a moyɛ de hyɛɛ me abufuo na mokɔhyee afɔrebɔdeɛ+ de som anyame foforɔ a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn+ ntira. 4 Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn+ sɛ: “Mesrɛ mo, monnyɛ atantanneɛ a mekyiri yi.”+ 5 Nanso moantie,+ na moammrɛ mo aso ase ansan amfiri mo bɔne ho, na mokɔhyee afɔrebɔdeɛ maa anyame foforɔ.+ 6 Enti m’abufuhyeɛ ne m’abufuo hwie guu mo so, na ɛdɛree wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem+ mmɔnten so, na abɛyɛ amamfõ a obiara nte hɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.’+
7 “Enti afei deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Adɛn nti na mode mmusuo reba mo ara mo kra soɔ,+ na mopɛ sɛ motwa ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne akɔkoaa+ firi Yuda, a obi nka mma mo? 8 Mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuo, na mohye afɔrebɔdeɛ ma anyame foforɔ+ wɔ Egypt asase a moakɔtena hɔ sɛ ahɔhoɔ no so, na ɛno nti wɔbɛtwa mo atwene na moayɛ nnome ne ahohora wɔ asase so aman nyinaa mu.+ 9 Mo agyanom nneyɛɛ bɔne+ ne Yuda ahemfo+ ne wɔn yerenom+ nneyɛɛ bɔne ne mo nso mo ne mo yerenom+ nneyɛɛ bɔne a moyɛɛ no Yuda asase so ne Yerusalem mmɔnten soɔ no, mo werɛ afiri anaa? 10 Ampusu+ mo de bɛsi nnɛ, na moansuro,+ na moannante me mmara+ ne m’ahyɛdeɛ a mede sii mo ne mo agyanom anim no mu.’+
11 “Enti deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ, mɛdane m’ani aba mo so na mede mmusuo aba mo so na matwa Yuda nyinaa atwene.+ 12 Na mɛfa Yuda nkaeɛ a wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛkɔ akɔtena Egypt sɛ ahɔhoɔ+ no, na wɔn nyinaa ase bɛtɔre wɔ Egypt asase so.+ Wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na ɛkɔm+ bɛma wɔn ase ahye, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so; nkrantɛ ne ɛkɔm ano na wɔbɛwuwuo. Wɔbɛyɛ nnome ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora.+ 13 Na mede nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyareɛ bɛbu wɔn a wɔtete Egypt asase soɔ no atɛn sɛdeɛ mebuu Yerusalem atɛn no.+ 14 Na Yuda nkaeɛ a wɔakɔtena Egypt+ asase so sɛ ahɔhoɔ no biara remfiri mu nka, na wɔrennya wɔn tiri nnidi mu na wɔrensan nkɔ Yuda a wɔn kra pɛ sɛ ɛkɔ hɔ no, na wɔrenkɔtena hɔ,+ ɛfiri sɛ wɔrensan nkɔ hɔ, gye nkaefoɔ kakraa bi.’”
15 Ɛnna mmarima a wɔnim sɛ wɔn yerenom hye afɔrebɔdeɛ ma anyame foforɔ,+ ne wɔn yerenom a wɔgyinagyina hɔ, asafo kɛseɛ no, ne nkurɔfoɔ a wɔtete Patros+ wɔ Egypt asase soɔ+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: 16 “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie wo;+ 17 mmom asɛm a afiri yɛn anom+ aba no ara na yɛbɛyɛ, na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã+ ama no sɛdeɛ yɛn+ ne yɛn agyanom+ ne yɛn ahemfo+ ne yɛn mpanimfoɔ yɛɛ no Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔnten so berɛ a na yɛdidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yɛnhunu mmusuo biara no.+ 18 Ɛfiri berɛ a yɛgyaee sɛ yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na nkrantɛ ne ɛkɔm ama yɛn ase ahye.+
19 “Afei nso berɛ a yɛhyee afɔrebɔdeɛ maa ‘ɔsoro hemmaa,’+ na yɛhwiee afɔrebɔ nsã maa no no,+ yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ paanoo no sɛ ne honi, yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”+
20 Ɛnna Yeremia nso ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa, mmarima no ne wɔn yerenom ne nnipa a aka a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no nyinaa sɛ: 21 “Afɔrebɔdeɛ a mo+ ne mo agyanom+ ne mo ahemfo+ ne mo mpanimfoɔ+ ne asase no so nnipa hyee no Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so+ no, ɛnyɛ yei na Yehowa kaeeɛ na ɛbaa n’akomam anaa?+ 22 Afei Yehowa antumi mo bɔne ne mo akyiwadeɛ a moyɛeɛ no bio,+ enti mo asase danee amamfõ ne ahodwirideɛ ne ntanka adeɛ ne ahohora, na obi antena so de bɛsi nnɛ.+ 23 Sɛ́ mohyee afɔrebɔdeɛ+ na moyɛɛ Yehowa bɔne+ na moantie Yehowa+ na moannante ne mmara+ ne n’ahyɛdeɛ ne ne nkaesɛm mu nti na mmusuo yi aba mo so de bɛsi nnɛ yi.”+
24 Na Yeremia toaa so ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa ne mmaa no nyinaa sɛ: “Yudafoɔ a mowɔ Egypt asase so nyinaa, montie Yehowa asɛm.+ 25 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mo ne mo yerenom:+ Mmaa no nso, mode mo ano aka (na mode mo nsa ama no aba mu) sɛ: “Ma ara na yɛbɛma deɛ yɛhyɛɛ ho bɔ no,+ na yɛbɛhye afɔrebɔdeɛ ama ‘ɔsoro hemmaa’+ na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no.”+ Ma ara na mmaa no nso mode deɛ mohyɛɛ ho bɔ no bɛma na moayɛ deɛ mohyɛɛ ho bɔ no.’
26 “Enti Yudafoɔ a motete Egypt asase so nyinaa, montie Yehowa asɛm,+ ‘“Hwɛ, maka me din kɛseɛ no ntam,’+ Yehowa asɛm nie, “sɛ Yudani biara remfa n’ano mmɔ me din+ bio wɔ Egypt asase nyinaa so sɛ, ‘Sɛ́ Awurade Tumfoɔ Yehowa te aseɛ yi!’+ 27 Hwɛ, mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na nkrantɛ ne ɛkɔm ano na Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asase soɔ nyinaa awieeɛ bɛba akɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+ 28 Na nnipa kakraa bi na wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, na wɔafiri Egypt asase so akɔ Yuda asase so,+ na Yuda nkaeɛ a wɔabɛtena Egypt asase so sɛ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu deɛ n’asɛm yɛ nokorɛ, sɛ me deɛ oo, sɛ wɔn deɛ oo.”’”+
29 “‘Na yei na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo+ sɛ mede m’ani bɛsi mo so wɔ ha, na moahunu sɛ m’asɛm bɛba mu na ayɛ mmusuo ama mo,’+ Yehowa asɛm nie: 30 ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao+ Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ ne kra no nsa+ sɛdeɛ mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadresar a ɔrehwehwɛ ne kra no nsa no.”’”+
45 Asɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk+ berɛ a ɔtwerɛɛ nsɛm yi firii Yeremia anom+ hyɛɛ nwoma mu, Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan mu no nie:
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa wo ho nie, O Baruk, 3 ‘Woka sɛ: “Mennue,+ ɛfiri sɛ Yehowa de yea aka m’awerɛhoɔ ho! Mabrɛ ne apinisie, na menni asetena pa bi.”’+
4 “Sei na ka kyerɛ no; ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Deɛ mesiiɛ no, meredwiri agu, na deɛ meduaeɛ no nso, meretutu, na ɛbɛba asase no nyinaa so.+ 5 Nanso wo deɛ, nneɛma akɛseɛ na worehwehwɛ.+ Gyae hwehwɛ.”’+
“‘Na hwɛ, mede mmusuo reba honam nyinaa so,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.’”+
46 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn wɔ amanaman+ no ho nie. 2 Egypt+ deɛ: Egypt hene Farao Neko+ asraafoɔ a wɔwɔ asubɔnten Eufrate ho wɔ Karkemis+ a Babilon hene Nebukadresar dii wɔn so nkonim wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan mu no ho asɛm nie: 3 “Monsiesie nkataboɔ ne akyɛm akɛseɛ na monkɔ ko.+ 4 O apɔnkɔsotefoɔ, monsiesie apɔnkɔ na montenatena so, na monhyehyɛ dadeɛ kyɛ nnyinagyina hɔ. Montwi mpea ho. Monhyehyɛ akotadeɛ.+
5 “‘Adɛn nti na mehunu wɔn sɛ wɔabɔ hu yi? Wɔasan wɔn akyi, na wɔabobɔ wɔn nnɔmmarima pasaa; wɔadwane a wɔantwa wɔn ani.+ Ehu nko ara na atwa wɔn ho ahyia,’+ Yehowa asɛm nie. 6 ‘Mma ɔhoɔherɛfoɔ nnyɛ sɛ ɔredwane, na mma dɔmmarima nnyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfiri hɔ akɔ.+ Wɔasuntisunti ahwehwe ase wɔ atifi+ fam, asubɔnten Eufrate ano.’+
7 “Hwan na ɔreba sɛ Asubɔnten Nil ne nsubɔnten a emu nsuo bu fa soɔ yi?+ 8 Egypt foro ba sɛ Asubɔnten Nil,+ ɔba te sɛ nsubɔnten a emu nsuo bu fa soɔ.+ Na ɔka sɛ, ‘Mɛforo akɔ. Mɛyiri akata asase so. Mɛka me ho akɔsɛe kuro no ne emufoɔ.’+ 9 Apɔnkɔ, momforo nkɔ ɛ; nteaseɛnam, monnye bum! Momma nnɔmmarima mforo nkɔ, Kus+ ne Put+ mmarima a wɔkurakura akyɛm ne Ludim+ mmarima a wɔkurakura agyan na wɔkuntunu mu no.
10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so werɛ.+ Na nkrantɛ bɛdi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔdeɛ+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
11 “O ɔbaabunu, Egypt babaa,+ foro kɔ Gilead kɔpɛ balsam+ ngo. Woama wo nnuro adɔɔso kwa. Ayaresa bi nni hɔ mma wo.+ 12 Amanaman no ate w’animguaseɛ,+ na wo sũ ahyɛ asase no so ma.+ Ɔdɔmmarima sunti dɔmmarima so,+ na wɔn mmienu nyinaa hwehwe ase.”
13 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia wɔ Babilon hene Nebukadresar ho sɛ ɔbɛba abɛsɛe Egypt asase+ no nie: 14 “Monka no Egypt, mommɔ dawuro wɔ Migdol,+ na mommɔ dawuro wɔ Nof+ ne Tapanes.+ Monka sɛ, ‘Gyina hɔ, na siesie wo ho,+ ɛfiri sɛ nkrantɛ bɛdi nam atwa wo ho ahyia.+ 15 Adɛn nti na wɔahohoro w’atumfoɔ korɔ yi?+ Wɔantumi annyina, ɛfiri sɛ Yehowa na wapamo wɔn.+ 16 Wama bebree asuntisunti, na wɔahwehwe ase nso. Wɔkeka kyerɛ wɔn ho sɛ: “Sɔre, ma yɛnsan nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne yɛn abusuafoɔ asase so, atirimuɔden nkrantɛ no nti.”’ 17 Ɛhɔ na wɔteam sɛ, ‘Egypt hene Farao ano yɛ den kwa.+ Wama afahyɛ berɛ atwam.’+
18 “‘Sɛ́ mete aseɛ yi,’ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie,+ ‘sɛdeɛ Tabor+ si mmepɔ mu na Karmel+ si po ho no, saa na ɔbɛba. 19 Hyehyɛ nkoasom nneɛma,+ O Egypt babaa+ a wote kuro no mu. Na Nof+ bɛdane ahodwirideɛ, na wɔde gya bɛhye, na obi rentena mu.+ 20 Egypt te sɛ nantwibereɛ kumaa a ne ho yɛ fɛ paa. Atifi fam na ntontom bɛfiri aba ne soɔ.+ 21 Asraafoɔ a wabɔ wɔn paa a wɔabɛka wɔn ho no nso te sɛ anantwie mma+ a wɔadɔ sradeɛ. Wɔn nso adane wɔn ho abom adwane.+ Wɔantumi annyina,+ ɛfiri sɛ wɔn amanehunu da aba wɔn so, wɔn akontabuo da no.’+
22 “‘Ne nne te sɛ ɔwɔ a ɔtwe ne ho aseɛ;+ mmarima de ahoɔden kɛseɛ bɛba, na nkuma na wɔde bɛba ne so sɛ wɔn a wɔbu nnua. 23 Wɔbɛbu ne kwaeɛ+ agu, ɛfiri sɛ ɛkwan nna mu,’ Yehowa asɛm nie. ‘Wɔdɔɔso sene ntutummɛ;+ wɔn dodoɔ nni ano. 24 Egypt babaa+ ani bɛwu. Wɔde no bɛhyɛ atifi famfoɔ nsa.’+
25 “Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka sɛ, ‘Hwɛ, mede m’ani resi Amon+ a ɔwɔ Noh+ no so, ne Farao so ne Egypt so ne n’anyame+ so ne n’ahemfo+ so, ne Farao ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ+ nyinaa so.’
26 “‘Na mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa; mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar+ ne ne nkoa nsa, na ɛno akyi no, nnipa bɛtena mu bio sɛ kane no,’+ Yehowa asɛm nie.
27 “‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma wo bo nntu, O Israel.+ Mɛgye wo nkwa wɔ akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nkoasom asase so.+ Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bɛdwo no na watena hɔ dwoodwoo a obiara renyi no hu.+ 28 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm nie, ‘ɛfiri sɛ meka wo ho.+ Mɛhye aman a mabɔ mo ahwete soɔ no nyinaa ase,+ na wo deɛ, merenhye w’ase.+ Nanso mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata,+ na meremma womfa wo ho nni.’”+
47 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn wɔ Filistifoɔ+ ho ansa na Farao rebɛsɛe Gasa no nie.+ 2 Deɛ Yehowa aka nie:
“Hwɛ! Nsuo firi atifi+ fam reba,+ na ayiri rebu fa so. Ɛbɛyiri afa asase no ne deɛ ahyɛ no mã, kuro no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.+ Nnipa bɛteateam, na wɔn a wɔtete mu nyinaa bɛtwa adwo.+ 3 Sɛ wɔte n’apɔnkɔnini+ nan a ɛpempem fam kimkim ne ne ko nteaseɛnam+ a ɛyɛ twɛtwerɛdɛdɛ ne ne ntwahonan+ a ɛtwa ne ho kitikiti no a, agyanom rentwa wɔn ani mpo nhwɛ wɔn mma, wɔn nsam a agoɔ nti, 4 ɛfiri sɛ ɛda no reba a ɛbɛsɛe Filistifoɔ+ nyinaa na atwitwa Tiro+ ne Sidon+ aboafoɔ a wɔaka nyinaa.+ Na Yehowa bɛsɛe Filistifoɔ+ a wɔaka a wɔfiri Kaftor+ nsuano man mu no. 5 Gasa+ tiri ho bɛpa.+ Askelon+ bɛyɛ dinn. Wɔn asasetamaa sofoɔ a moaka, mobɛtwitwa mo ho akam+ akɔsi da bɛn?
6 “Ahaa, Yehowa nkrantɛ!+ Da bɛn na wobɛyɛ dinn? San kɔhyɛ wo bɔha mu.+ Home, na yɛ komm.
7 “Ɛbɛyɛ dɛn na ayɛ dinn berɛ a Yehowa na ahyɛ no? Ɛreba Askelon ne mpoano+ asase no so. Ɛhɔ na wahyɛ sɛ ɛmmra.”
48 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka+ akyerɛ Moab+ nie: “Nebo+ nnue, ɛfiri sɛ wɔasɛe no! Wɔagu Kiriataim+ anim ase, wɔadi ne so nkonim. Wɔagu abantenten no anim ase, na wɔama ehu aka no.+ 2 Moab ayeyie+ nyinaa asa. Wɔasusu mmusuo bi atia no wɔ Hesbon+ sɛ: ‘Mommra mma yɛntwa no mfiri hɔ na wanyɛ ɔman bio.’+
“Wo, Madmin nso, yɛ komm. Nkrantɛ di w’akyi reba. 3 Wɔte sũ ne ɔsɛeɛ ne bubuo kɛseɛ wɔ Horonaim.+ 4 Wɔabubu Moab.+ Ne mma resũ. 5 Wɔde esũ na ɛforo Luhit+ kwan no korɔ—esũ nko ara. Nkurɔfoɔ ate sɛ abubu.+ Enti wɔsu yayaaya firi Horonaim kwan so siane ba.
6 “Monnwane; monnwane nnye mo kra+ na monyɛ sɛ serɛ so+ popaw dua. 7 Ɛsiane sɛ wode wo ho ato wo nnwuma ne w’ademudeɛ soɔ nti, wo nso wɔbɛdi wo so.+ Kemos+ ne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa+ bɛbom akɔ nkoasom mu.+ 8 Ɔsɛefoɔ no bɛba kuro biara so,+ na kuro biara nni hɔ a ɛbɛfiri mu afi.+ Ɔbɛma asasetamaa no afiri hɔ na asase a ɛda fam no asɛe sɛdeɛ Yehowa aka no.
9 “Momfa ɛkwan ahyɛnsodeɛ mma Moab, ɛfiri sɛ ɔbɛtete pasaa na wakɔ.+ Ne nkuro bɛyɛ ahodwirideɛ, na obiara rentena mu.+
10 “Nnome nka deɛ ɔtoto Yehowa adwuma aseɛ,+ na nnome nka deɛ ɔkame ne nkrantɛ, mogya ho!
11 “Moabfoɔ atena hɔ dwoodwoo firi wɔn mmɔfraberɛ mu,+ na wɔda wɔn puo so a biribiara nha wɔn.+ Wɔnhwie mfirii adeɛ baako mu nguu foforɔ mu, na wɔnkɔɔ nkoasom mu da. Ɛno nti na ne dɛ da so wɔ mu, na ne hwa nsesaeɛ no.
12 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛsoma ahwiefoɔ aba wɔn so na wɔabɛkyea wɔn+ ahwie wɔn agu, na wɔabobɔ wɔn nhina akɛseɛ no pasapasa. 13 Moab ani bɛwu Kemos+ ho sɛdeɛ Israel fie ani awu Betel a ɔde ne ho too soɔ ho no.+ 14 Mone hwan a moka sɛ: “Yɛyɛ nnɔmmarima+ ne mmarima ahoɔdenfoɔ a yɛkɔ ɔsa”?’
15 “‘Wɔasɛe Moab; obi ato ahyɛ ne nkuro so.+ Ne mmeranteɛ akantinka nso, wɔasiane kɔ owuo mu,’+ Ɔhene a ne din de asafo Yehowa no asɛm nie.+
16 “Moab amanehunu abɛn, na ne mmusuo repɛ ntɛm paa.+ 17 Wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa bɛgyam no, wɔn a wɔnim ne din+ no. Monka sɛ, ‘Ahoɔden poma no na abubuo yi, ahoɔfɛ dua no!’+
18 “Dibon+ babaa+ a wote kuro no mu, si firi animuonyam so, na tena sukɔm mu, ɛfiri sɛ Moab sɛefoɔ no aba wo so. Na wo nkuro a ɛyɛ den no, ɔbɛsɛe no.+
19 “Gyina hɔ na hwehwɛ kwan, O wo a wote Aroer.+ Bisa ɔbarima a ɔredwane ne ɔbaa a ɔrepɛ baabi afa. Bisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’+ 20 Wɔagu Moab anim ase, na ehu aka no.+ Montwa adwo na monsu. Monka no Arnon+ sɛ wɔasɛe Moab. 21 Atemmuo aba asase a ɛda fam no so,+ aba Holon ne Yahas+ ne Mefaat+ so, 22 aba Dibon+ ne Nebo+ ne Bet-Diblataim so, 23 aba Kiriataim+ ne Bet-Gamul ne Bet-Meon+ so, 24 aba Keriot+ ne Bosra+ ne Moab asase so nkuro nyinaa so, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn nyinaa.
25 “‘Wɔatwa Moab abɛn atwene,+ na wɔabu ne basa+ nso,’ Yehowa asɛm nie. 26 ‘Momma no nnom nsã mmo+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa;+ Moab ayantam ne feɛ mu+ na wadane adeɛ a wɔdi ho fɛ.
27 “‘Israel anyɛ adeɛ a wɔdi ho fɛ amma wo anaa?+ Ɔka akorɔmfoɔ ho?+ Berɛ biara a wobɛkasa atia no no, wowosowoso wo ti.
28 “‘Mo, Moabfoɔ, monnya mo nkuro hɔ na monkɔtena botan+ so, na monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ntokuro ano kwan nkyɛn.’”+
29 “Yɛate sɛdeɛ Moab ahoran no+—ɔyɛ dwɛɛ paa—yɛate n’ahomasoɔ ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’akoma a wama soɔ no.”+
30 “‘Me ara menim n’abufuo,’ Yehowa asɛm nie, ‘na ɛrenkɔsi baabiara; ne kasa hunu no+—ɔrentumi nyɛ hwee.+ 31 Ɛno nti na mɛtwa adwo wɔ Moab ho, na masu Moabfoɔ nyinaa no.+ Nnipa bɛdi Kir-Heres+ mmarima ho abooboo.
32 “‘O Sibma+ bobe, mɛsu wo asene Yaser+ ho su no. Wo duforɔ fɛfɛ atra po. Atra po akɔduru Yaser.+ Ɔsɛefoɔ no ato ahyɛ w’ahuhuro berɛ mu nnuaba+ ne wo bobe a woateteɛ so.+ 33 Wɔayi ahurisie ne ahosɛpɛ afiri turo no mu ne Moab asase so kɔ.+ Mama nsã atwa wɔ nsã-kyi-amena mu.+ Obiara remmɔ nnye so berɛ a wɔrekyĩ nsã. Sɛ wɔbɔ gye so mpo a, ɛrenyɛ nnyeso pa.’”+
34 “‘Wɔama wɔn nne so. Wɔate Hesbon+ nteamu no wɔ Eleale+ akɔduru Yahas.+ Wɔate Soar+ nteamu+ wɔ Horonaim+ ne Eglat-Selisiya.+ Nimrim+ asuo mpo bɛyera. 35 Na mɛma afɔrebɔdeɛ a wɔde ba sorɔnsorɔmmea ne afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma wɔn anyame no agyae wɔ Moab,’+ Yehowa asɛm nie. 36 ‘Ɛno nti m’akoma bɛgyegye sɛ mmɛn ama Moab.+ Kir-Heres+ mmarima nso, m’akoma bɛgyegye sɛ mmɛn ama wɔn. Ɛno nti na nneɛma bebrebe a wanya no bɛsɛe no.+ 37 Obiara tiri ho apa+ na wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ.+ Wɔatwitwa obiara nsa ho akam,+ na atweaatam+ bɔ obiara mu!’”
38 “‘Wɔte agyaadwoɔ wɔ Moab adan atifi nyinaa ne ne mmɔnten so baabiara,+ ɛfiri sɛ mabubu Moab sɛ anwenneɛ bi a wɔmpɛ,’+ Yehowa asɛm nie. 39 ‘O monhwɛ sɛdeɛ ehu aka no! Montwa adwo! Monhwɛ sɛdeɛ Moab adwane! Animguaseɛ aka no.+ Moab adane adeɛ a wɔdi ho fɛ ne ahudeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.’”
40 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ to hyɛ aboa bi soɔ no,+ saa na obi bɛtrɛ ne ntaban mu aba Moab soɔ.+ 41 Wɔbɛdi ne nkuro so, na wɔagye n’abandenden no. Na da no, Moab nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔwɔ awoko yea mu akoma.’”+
42 “‘Wɔbɛsɛe Moab na anyɛ ɔman bio,+ ɛfiri sɛ wama ne ho so atia Yehowa.+ 43 O Moabfoɔ, akomatuo ne amena ne fidie da mo so,’+ Yehowa asɛm nie. 44 ‘Obiara a akomatuo no nti ɔbɛdwane no bɛtɔ amena mu, na obiara a ɔbɛfiri amena no mu afi no, fidie no bɛyi no.’+
“‘Mede bɛba Moab so, n’akontabuo afe no,’+ Yehowa asɛm nie. 45 ‘Adwanefoɔ no akɔgyinagyina Hesbon nwunu mu a ahoɔden bi nni wɔn mu. Na egya bɛfiri Hesbon aba+ na gyaframa afiri Sihon+ abɛhye Moab asontorɔm na ahye hooyɛ mma no apampam.’+
46 “‘Moab due!+ Kemos+ ho nnipa asɛe. Ɛfiri sɛ wɔafa wo mma mmarima nnommum, na wo mma mmaa nso, wɔafa wɔn nnommum. 47 Na awieeɛ nna no mu no, mɛboaboa Moab atukɔfoɔ ano,’+ Yehowa asɛm nie. ‘Moab ho atemmusɛm no si wɔ ha.’”+
49 Deɛ Yehowa aka akyerɛ Ammonfoɔ+ nie: “Israel nni mma, anaa ɔnni ɔdedifoɔ? Adɛn nti na Malkam+ afa Gad+ na ne nkurɔfoɔ akɔtenatena Israel nkuro+ mu yi?”
2 “‘Enti hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mɛma wɔate ɛko totorobɛnto+ a ɛtia Ammonfoɔ kuro Raba,+ na ɛbɛdane amamfõ sie,+ na wɔde gya+ bɛto ɛho nkuro+ mu.’
“‘Na Israel bɛfa wɔn a wɔtete mu no adi wɔn so,’+ Yehowa na aka.
3 “‘Hesbon,+ twa adwo,+ ɛfiri sɛ wɔasɛe Ai! Raba ho nkuro, monteateam. Momfirafira atweaatam.+ Mommɔ abubuo na monni akɔneaba wɔ aboɔ nnwammuo mu, ɛfiri sɛ Malkam bɛkɔ nkoasom+ mu, ɔne n’asɔfoɔ ne ne mpanimfoɔ nyinaa.+ 4 O ɔbabaa nkontomponi, adɛn nti na wode w’asasetamaa hoahoa wo ho, w’asase a ɛsene nsuo no,+ wo a wode wo ho ato emu ademudeɛ+ soɔ, na woka sɛ: “Hwan na ɔbɛba me so” no?’”+
5 “‘Hwɛ, mede ahudeɛ firi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa mu reba wo so,’+ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa asɛm nie. ‘Na wɔbɛbɔ mo ahwete ama obiara de n’ani akyerɛ baabi,+ na obiara remmoaboa wɔn a wɔredwane no ano.’”
6 “‘Nanso akyire yi, mɛsan aboaboa Ammon atukɔfoɔ no ano,’+ Yehowa asɛm nie.”
7 Deɛ asafo Yehowa aka afa Edom ho nie: “Nyansa+ nni Teman+ bio anaa? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔn nyansa no aporɔ+ anaa? 8 Dedanfoɔ+ ee, monnwane!+ Montu mmirika! Monkɔpɛ baabi ntɛ!+ Na mede amanehunu bɛba Esau so berɛ a mede m’ani bɛsi ne soɔ no.+ 9 Sɛ wɔn a wɔtete bobe ba a, anka wɔrennya bi wɔ aseɛ? Sɛ akorɔmfoɔ ba anadwo a, deɛ wɔpɛ nko ara na wɔbɛfom.+ 10 Nanso me deɛ, mɛyɛ Esau kwaterekwa.+ Mɛma ne huntabea ho ada hɔ,+ na obi rentumi nhunta.+ N’asefoɔ ne ne nuanom ne wɔn a wɔtete ne nkyɛn bɛsɛe,+ na ɔbɛyera.+ 11 Gya wo nnyanka,+ na me deɛ mɛhwɛ wɔn, na w’akunafoɔ bɛnya me mu ahotɔsoɔ.”+
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ! Wɔn a wɔntaa nnom kuruwa no ano mpo bɛnom ara.+ Na wo na wobɛfa wo ho adi anaa? Woremfa wo ho nni, nom ara na wobɛnom.”+
13 “Maka me ho ntam,”+ Yehowa asɛm nie, “sɛ ahodwirideɛ+ ne ahohoradeɛ ne amamfõ ne nnome na Bosra+ bɛyɛ, na ne nkuro nyinaa nso bɛdane amamfõ akɔsi daa.”+
14 Mate amanneɛbɔ bi afiri Yehowa hɔ, na watu abɔfoɔ kɔ amanaman no mu sɛ: “Mommoaboa mo ho nkɔ ne so, na monsɔre nkɔko.”+
15 “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu, na wɔmfa wo nyɛ hwee nnipa mu.+ 16 Ahopopoɔ a wode aba nkurɔfoɔ so ne w’akomam ahantan na adaadaa woɔ,+ wo a wode abotan ayɛ wo fie, baabi a ɛhɔ korɔn no. Woyɛ wo pirebuo ɔsorosoro sɛ ɔkɔdeɛ,+ nanso ɛhɔ na mɛyi wo afiri asi fam,”+ Yehowa asɛm nie. 17 “Edom bɛdane ahodwirideɛ,+ na obiara a ɔtwam hɔ no de ahodwiri bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma, n’amanehunu no nyinaa nti.+ 18 Sɛdeɛ wɔbutuu Sodom ne Gomora ne ɛho nkuro no,”+ Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena hɔ, na ɔdasani biara rensoɛ hɔ.+
19 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata+ afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ wɔayi no na mede no bɛsi ne soɔ. Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+ 20 Enti afei, montie deɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ Edom+ ne deɛ wasusu sɛ ɔbɛyɛ Temanfoɔ:+ Ampa, wɔbɛtwe nnwammaa no ase. Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adane amamfõ.+ 21 Wɔbɛhwe ase birim ama asase awoso.+ Wɔreteateam!+ Wɔte dede no wɔ Po Kɔkɔɔ+ no ho. 22 Hwɛ! Obi firi soro bɛto aba ne so sɛ ɔkɔdeɛ,+ na ɔbɛtrɛ ne ntaban mu aba Bosra so,+ na da no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔwɔ awoko yea+ mu akoma.”
23 Damasko+ deɛ nie: “Hamat+ ne Arpad+ ani awu, ɛfiri sɛ asɛmmɔne na wɔateɛ. Wɔn akoma atu.+ Ɛpo rebu fa so; ɛntumi nyɛ dinn.+ 24 Damasko akoma atu. Wadane ne ho adwane, na ehu aka no.+ Ahohia ne awoko yea akuta no sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+ 25 Adɛn nti na wɔnnya ayeyie kuro no, ahosɛpɛ kuro+ no nto hɔ?
26 “Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmɔnten so, na mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm nie. 27 “Mɛto Damasko fasuo mu gya, na ɛbɛhye Ben-Hadad+ abandenden no.”
28 Kedar+ ne Hasor+ ahennie a Babilon hene Nebukadresar sɛee no no,+ deɛ Yehowa aka afa ho nie: “Monsɔre, monkɔ Kedar na monkɔsɛe Apueeɛfoɔ+ no. 29 Wɔbɛfa wɔn ntomadan+ ne wɔn nnwan+ ne wɔn ntomadan ho ntoma+ ne wɔn nneɛma nyinaa. Wɔbɛfa wɔn yoma+ afiri wɔn ho akɔ, na wɔbɛsu akyerɛ wɔn sɛ, ‘Ahudeɛ atwa yɛn ho ahyia!’”+
30 “Monnwane, monnwane nkɔ akyirikyiri. Hasorfoɔ,+ monkɔpɛ baabi ntɛ,” Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadresar+ abɔ mo ho pɔ bɔne, na wadwene mo ho adwemmɔne.”
31 “Monsɔre, momforo nkɔ ɔman a biribiara nha wɔn,+ na wɔte hɔ dwoodwoo+ no so!” Yehowa asɛm nie.
“Ɛnni apono na ɛnni mmeamu. Wɔn nko ara na wɔte hɔ.+ 32 Wɔn yoma+ bɛyɛ afomdeɛ, na wɔbɛfom wɔn nyɛmmoa bebrebe no. Mɛbɔ wɔn ahwete mframa nyinaa ano,+ wɔn a wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ+ no; mede mmusuo firi nkuro a ɛbembɛn nyinaa so aba wɔn so,” Yehowa asɛm nie. 33 “Na Hasor+ bɛdane sakraman+ atenaeɛ ne daa amamfõ. Obiara rentena hɔ, na ɔdasani biara rensoɛ hɔ.”+
34 Yehowa asɛm a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn a ɛfa Elam+ ho, Yuda hene Sedekia+ ahennie mfitiaseɛ nie: 35 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ merebɛbubu Elam agyan,+ n’ahoɔden mfitiaseɛ no. 36 Mede mframa nnan bɛfiri ɔsoro afanan aba Elam so.+ Mɛbɔ wɔn ahwete mframa yi nyinaa ano,+ na ɔman bi nni hɔ a Elamfoɔ a wɔabɔ wɔn ahweteɛ+ no renkɔ hɔ.’”
37 “Na mɛbubu Elamfoɔ wɔn atamfoɔ anim, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no anim. Mede mmusuo ne m’abufuhyeɛ+ bɛba wɔn so,” Yehowa asɛm nie. “Na mɛsoma nkrantɛ adi wɔn akyi akɔsi sɛ mɛma wɔn ase ahyeɛ.”+
38 “Mede m’ahennwa bɛsi Elam,+ na mɛsɛe ɔhene ne ne mpanimfoɔ afiri hɔ,” Yehowa asɛm nie.
39 “Na ɛbɛba sɛ awieeɛ nna no mu no,+ mɛsan aboaboa Elam+ atukɔfoɔ ano,” Yehowa asɛm nie.
50 Asɛm a Yehowa nam odiyifoɔ Yeremia so kaa no Babilon+ ne Kaldeafoɔ+ asase ho nie: 2 “Monka no amanaman no mu, mommɔ no dawuro.+ Momma ahyɛnsodeɛ+ so, mommɔ no dawuro. Mommfa hwee nnsie. Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase.+ Ehu aka n’abosom fĩ no.’ 3 Na ɔman bi firi atifi fam aba ne so.+ Ama n’asase adane ahodwirideɛ na obi rentena mu.+ Nnipa ne afieboa nyinaa adwane.+ Wɔn nyinaa kɔ.”+
4 “Saa nna no ne saa berɛ no,”+ Yehowa asɛm nie, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa bɛba.+ Wɔbɛnante aba, na wɔreba nyinaa na wɔresu,+ na Yehowa wɔn Nyankopɔn na wɔbɛhwehwɛ no.+ 5 Wɔbɛbisa Sion kwan na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ+ aka sɛ, ‘Mommra mma yɛne Yehowa nyɛ daa apam a werɛ remfiri da.’+ 6 Me man adane nnwan a wɔresã.+ Wɔn ahwɛfoɔ na wɔama wɔafom kwan.+ Wɔama wɔnenam mmepɔ so.+ Wɔfiri bepɔ so kɔ kokoɔ so. Wɔn werɛ afiri wɔn homebea.+ 7 Wɔn a wɔhu wɔn nyinaa di wɔn nam,+ na wɔn atamfo ka sɛ,+ ‘Yɛrenni fɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne, tenenee tenabea+ ne wɔn agyanom anidasoɔ,+ Yehowa no.’”
8 “Monnwane mfiri Babilon, na momfiri Kaldeafoɔ+ asase so nkɔ; monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.+ 9 Na merehwanyan aman akɛseɛ asafo afiri atifi fam aba Babilon so,+ na wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba ne so.+ Wɔbɛfiri hɔ adi ne so nkonim.+ Wɔn agyan te sɛ dɔmmarima deɛ; wɔn na wɔma nkurɔfoɔ hwere wɔn mma na wɔnkɔ mfa nsapan mma.+ 10 Na Kaldea bɛdane asadeɛ.+ Wɔn a wɔfom wɔn fa no nyinaa bɛmee,”+ Yehowa asɛm nie.
11 “Ɛfiri sɛ berɛ a mofom m’agyapadeɛ no,+ modii ahurisie,+ na mo ani gyeeɛ. Motiatiaa wɔn so sɛdeɛ nantwibereɛ kumaa tiatia serɛ mono soɔ,+ na moteateaam sɛ apɔnkɔnini.+ 12 Animguaseɛ kɛseɛ aka mo maame.+ Deɛ ɔwoo mo no nsa asi fam.+ Hwɛ! Wayɛ ɔman a mfasoɔ nni so koraa wɔ amanaman mu; wadane serɛ pradaa ne asase a nsuo nni soɔ.+ 13 Yehowa abufuo nti, obi rentena mu,+ na n’afã nyinaa bɛdane amamfõ.+ Obiara a ɔbɛtwam Babilon de ahodwiri bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma, n’amanehunu no nyinaa nti.+
14 “Monhyehyɛ mo ho nkɔ Babilon so wɔ afã nyinaa,+ mo a mokuntunu agyan mu nyinaa.+ Monto agyan nkɔ ne so.+ Monnnya agyan no bi ɛfiri sɛ wɔayɛ Yehowa bɔne.+ 15 Monhyɛne ɛko ntotorobɛnto ngu ne so wɔ afã nyinaa.+ Wama ne nsa so.+ N’adum abubu. Wɔadwiri n’afasuo agu.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ Yehowa aweredie.+ Montɔ ne so werɛ. Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no.+ 16 Montwa ogufoɔ ne deɛ ɔkura kantankrankyi wɔ twaberɛ mu no mfiri Babilon.+ Atirimuɔden nkrantɛ nti, wɔde wɔn ani bɛkyerɛ wɔn nkurɔfoɔ mu, na obiara adwane akɔ n’asase so.+
17 “Israel yɛ odwan a wayera.+ Agyata na wɔapamo no.+ Deɛ ɛdi kan, Asiria hene tetee ne mu,+ na akyire yi, Babilon hene Nebukadresar bobɔɔ ne nnompe mu.+ 18 Enti deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Hwɛ, mɛtu m’ani asi Babilon hene ne n’asase so sɛdeɛ metuu m’ani sii Asiria hene soɔ no.+ 19 Na mɛsan de Israel aba n’adidibea,+ na ɔbɛdidi wɔ Karmel+ ne Basan.+ Na ne kra bɛdidi amee wɔ Efraim+ ne Gilead+ mmepɔ so.’”
20 “Saa nna no ne saa berɛ no,”+ Yehowa asɛm nie, “wɔbɛhwehwɛ Israel mmarato+ na wɔrenhunu; wɔbɛhwehwɛ Yuda bɔne,+ na wɔrenhunu, ɛfiri sɛ wɔn a mɛma wɔaka no, mede wɔn bɔne bɛfiri wɔn.”+
21 “Tu Merataim asase no so sa,+ kɔ ne so na kɔ Pekodfoɔ+ so. Fa okunkɛseɛ ne ɔsɛeɛ pasaa di wɔn akyi,” Yehowa asɛm nie, “na yɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa.+ 22 Ɛko gyegyeegye ne ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ asase no so.+ 23 O hwɛ sɛdeɛ wɔatwa asase nyinaa asaeɛ+ no atwene na abubuo!+ O hwɛ sɛdeɛ Babilon adane ahodwirideɛ amanaman no mu!+ 24 O Babilon, masum wo fidie ama ayi wo, nanso woanhunu.+ Wɔabɛto wo, na wɔakye wo, ɛfiri sɛ Yehowa na wo ne no adi asie.+
25 “Yehowa abue n’adekoradan, na wayi n’abufuo akodeɛ adi.+ Ɛfiri sɛ Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa wɔ adwuma bi yɛ wɔ Kaldeafoɔ asase so.+ 26 Momfiri akyirikyiri mmra ne so.+ Mommue n’aduankoradan.+ Mommoaboa ano sɛ ayuo+ na monsɛe no.+ Mommma biribiara nnka mmma no.+ 27 Monkunkum n’anantwinini nkumaa nyinaa.+ Momma wɔnkɔ okum mu.+ Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn berɛ asõ, wɔn akontabuo da no!+
28 “Wɔate adwanefoɔ ne wɔn a wɔredwane firi Babilon asase soɔ no nnyegyeeɛ,+ na wɔrekɔka Yehowa yɛn Nyankopɔn aweredie+ ne n’asɔrefie ho aweredie+ wɔ Sion.
29 “Momfrɛfrɛ agyantofoɔ ne wɔn a wɔkuntunu tadua mu nyinaa nkɔ Babilon so.+ Mommɔ ne ho nsraban nhyia. Mommma obiara nnnwane.+ Montua no ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ Sɛdeɛ wayɛ nkurɔfoɔ no, saa na momfa nyɛ no,+ ɛfiri sɛ wadi Yehowa, Israel Kronkronni no so ahantansɛm.+ 30 Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ ne mmɔnten so,+ na ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa bɛyɛ dinn ɛda no,”+ asafo Yehowa asɛm nie.
31 Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa, asɛm nie: “Hwɛ! me ne wo anya,+ O Ɔhantanni,+ ɛfiri sɛ wo da bɛba berɛ a mɛtu m’ani asi wo soɔ no. 32 Ɔhantanni no bɛsunti ahwe ase,+ na ɔrennya obi mma ne so.+ Na mede gya bɛto ne nkuro mu, na ɛbɛhye atwa ne ho nyinaa ahyia.”+
33 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Wɔafa Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa nnommum, na wɔhyɛ wɔn so. Wɔn a wɔde wɔn ayɛ nnommum no kurakura wɔn mu,+ na wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn.+ 34 Wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den,+ na asafo Yehowa ne ne din.+ Di na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+ na wama asase no ahome,+ na wahyɛ Babilonfoɔ ahometeɛ.”+
35 “Nkrantɛ reba Kaldeafoɔ so,”+ Yehowa asɛm nie, “ne Babilonfoɔ+ ne wɔn mpanimfoɔ+ ne wɔn anyansafoɔ+ so. 36 Nkrantɛ reba wɔn a wɔka nsɛnhunu so,+ na wɔbɛyɛ sɛ nkwaseafoɔ.+ Nkrantɛ reba ne nnɔmmarima so,+ na wɔbɛbɔ hu.+ 37 Nkrantɛ reba wɔn apɔnkɔ+ ne wɔn ko nteaseɛnam ne firamanfiramanfoɔ a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa so,+ na wɔbɛdane mmaa.+ Nkrantɛ reba wɔn ademudeɛ so, na nkurɔfoɔ bɛfom wɔn.+ 38 Wɔn nsuo bɛsɛe na awe.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni+ asase, na wɔn anisoadehunu a ɛyɛ hu no nti, wɔbɛyɛ sɛ abɔdamfoɔ. 39 Ɛno nti kwaweɛ so mmoa ne mmoa a wɔpɔ soɔ na ɛbɛtena hɔ, na nsohori nso atena hɔ.+ Obi rentena hɔ bio, na ɛrentena hɔ bio, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.”+
40 “Sɛdeɛ Onyankopɔn butuu Sodom ne Gomora+ ne ɛho nkuro+ no,” Yehowa asɛm nie, “saa ara na obiara rentena hɔ, na ɔdasani biara rensoɛ hɔ.+
41 “Hwɛ! Ɔman bi firi atifi fam reba; wɔbɛhwanyan ɔman kɛseɛ+ ne ahemfo akɛseɛ+ afiri akyirikyiri asase so aba.+ 42 Wɔkurakura agyan ne pea.+ Wɔn tirim yɛ den na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.+ Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuro,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so;+ wɔayɛ krado sɛ onipa baako, na wɔne wo rebɛko, O Babilon babaa.+
43 “Babilon hene ate wɔn ho amanneɛbɔ,+ na ne nsam ago.+ Ne ho dwan no! Yea asɔ ne mu sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ.+
44 “Hwɛ! Obi bɛsɔre sɛ gyata afiri Yordan kwaeɛbirentuo no mu aba huntabea hɔ,+ nanso mɛma no adwane afiri ne mu ntɛm.+ Deɛ mayi no na mede no bɛsi ne soɔ.+ Hwan na ɔte sɛ me?+ Hwan na ɔne me bɛdi asie,+ na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?+ 45 Enti afei, montie deɛ Yehowa abɔ ne tirim+ sɛ ɔde bɛyɛ Babilon+ ne deɛ wasusu sɛ ɔbɛyɛ Kaldeafoɔ asase no.+ Ampa, wɔbɛtwe nnwammaa no ase.+ Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adane amamfõ.+ 46 Sɛ wɔfa Babilon a, ɛho nnyegyeeɛ no bɛma asase awoso,+ na wɔbɛte nteamu wɔ amanaman no mu.”+
51 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, merema mframa a ɛsɛe adeɛ+ atwi afa Babilon+ ne wɔn a wɔtete Leb-Kamai no so; 2 mɛsoma aba Babilon ama ahufoɔ abɛhu no akɔ, na wɔbɛma n’asase ada mpan.+ Na wɔbɛba ne so wɔ afã nyinaa, amanehunu da no.+
3 “Deɛ ɔkuntunu agyan mu no, mma no nnkuntunu mu bio.+ Na mma obiara nnsɔre mmfa akotadeɛ nnhyɛ.
“Mo nso, monnhu ne mmeranteɛ mmɔbɔ.+ Monsɛe n’asraafoɔ nyinaa.+ 4 Momma wɔntotɔ wɔ Kaldeafoɔ+ asase so na monhwire wɔn mu, ne mmɔnten so.+
5 “Na asafo Yehowa, Israel ne Yuda+ Nyankopɔn no, ɔnnyaa wɔn akunafoɔ.+ Wɔn deɛ, asodie ahyɛ wɔn asase no so mã, Israel Kronkronni no ani so.+
6 “Monnwane mfiri Babilon,+ na obiara nnye ne kra nkwa.+ Monhwɛ na ne bɔne nti, moannane awufoɔ.+ Yehowa aweredie berɛ asõ.+ Ɔrebɛtua ne nneyɛɛ so ka.+ 7 Babilon ayɛ sɛ sika kuruwa Yehowa nsam;+ wama asase nyinaa abobo.+ Amanaman no anom ne nsã no.+ Ɛno nti na amanaman no ayɛ sɛ abɔdamfoɔ+ no. 8 Babilon ahwe ase mpofirem na wabubu.+ Montwa ne ho adwo.+ Ne yea nti, momma no balsam+ ngo, na ebia ne ho bɛtɔ no.”
9 “Anka yɛresa Babilon yareɛ, nanso yareɛ no ankɔ. Monnyaa no+ mma yɛnkɔ; obiara nkɔ n’asase so.+ Na n’atemmuo aduru soro nohoa, na wɔama so kɔ mununkum mu wɔ wiem.+ 10 Yehowa ayɛ tenenee nnwuma ama yɛn.+ Mommra mma yɛnka Yehowa yɛn Nyankopɔn no adwuma ho asɛm wɔ Sion.”+
11 “Monse agyan ano.+ Monsɔ akyɛm mu. Yehowa akanyan Media ahemfo honhom,+ na n’adwene wɔ Babilon so+ sɛ ɔrebɛsɛe no. Ɛyɛ Yehowa aweredie; ɛyɛ n’asɔrefie ho aweredie.+ 12 Momma ahyɛnsodeɛ so wɔ Babilon fasuo so.+ Monhyɛ ɔwɛn no mu den.+ Momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ.+ Momma atɛfoɔ nyɛ krado. Yehowa na wabɔ ne tirim, na deɛ waka atia Babilonfoɔ no, ɔbɛyɛ.”+
13 “O ɔbaa a wote nsuo pii so+ a wowɔ ademudeɛ pii,+ w’awieeɛ aba,+ na wo mfasoɔ berɛ atwam.+ 14 Asafo Yehowa aka ɔno ara ne kra ntam+ sɛ, ‘Mɛma mmarima ayɛ wo mu mã sɛ ntutummɛ,+ na wɔbɛbɔ ose wɔ wo so.’+ 15 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,+ na ɔde ne nyansa+ maa asase tim hɔ;+ Ɔno na ɔde ne nhunumu+ trɛɛ ɔsoro mu.+ 16 Ɔma ne nne so a, nsuo bobom wɔ soro, na ɔma suwisie firi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osuo,+ na ɔbɔ mframa firi n’asan mu ba. 17 Nnipa nyinaa nni nteaseɛ ma enti wɔnni nimdeɛ.+ Ɔtomfoɔ biara ani bɛwu ne honi a wayɛ ho,+ ɛfiri sɛ ne dadeɛ honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+ 18 Ɛyɛ ahuhudeɛ,+ asereseredeɛ.+ Akontabuo da no, wɔbɛsɛe.+
19 “Yakob Kyɛfa nte sɛ yeinom,+ ɛfiri sɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfoɔ,+ na ɔyɛ n’agyapadeɛ poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.”+
20 “Woyɛ me nsam akontimmaa ne akodeɛ,+ na mede wo bɛbubu amanaman no, na mede wo bɛsɛesɛe ahennie. 21 Mede wo bɛbubu pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne soɔ mu asinasini, na mede wo bɛbubu ɛko teaseɛnam ne deɛ ɔte mu no mu asinasini.+ 22 Mede wo bɛbubu ɔbarima ne ɔbaa mu asinasini, mede wo bɛbubu akɔkoraa ne abarimaa mu asinasini, na mede wo abubu aberanteɛ ne ɔbaabunu mu asinasini. 23 Mede wo bɛbubu odwanhwɛfoɔ ne ne nnwankuo mu asinasini, mede wo bɛbubu okuafoɔ ne ne mmoa mpamho mu asinasini, na mede wo abubu amradofoɔ ne asoafoɔ mu asinasini. 24 Na bɔne a Babilon ne Kaldeafoɔ ayɛ mo ani so wɔ Sion nyinaa nso, mɛtua wɔn so ka,”+ Yehowa asɛm nie.
25 “O bepɔ+ a wosɛe adeɛ, me ne wo anya,”+ Yehowa asɛm nie, “wo a wosɛe asase nyinaa;+ mɛtene me nsa wo so, na mamunimuni wo afiri abotan mu, na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.”+
26 “Nnipa remfa boɔ a wɔde bɛto ntwea so ne boɔ a wɔde bɛto fapem mfiri wo mu,+ ɛfiri sɛ daa amamfõ na wobɛdane,”+ Yehowa asɛm nie.
27 “Momma ahyɛnsodeɛ so wɔ asase no so.+ Monhyɛne abɛn amanaman mu. Monhyira amanaman so ntia no.+ Momfrɛfrɛ Ararat+ ne Mini ne Askenas+ ahennie nkɔ ne so. Momma dɔm anoboaboafoɔ so ntia no. Momma apɔnkɔ+ mmra sɛ ntutummɛ manyamanya a wɔrefu ntaban. 28 Monhyira amanaman so ntia no, Media ahemfo+ ne wɔn amradofoɔ ne wɔn asoafoɔ nyinaa ne nsase a wɔn nyinaa di soɔ. 29 Momma asase nwoso na ɛnhinhim biribiri,+ na Yehowa adwene biribi atia Babilon sɛ ɔbɛma Babilon asase ayɛ ahodwirideɛ, na obi rentena hɔ.+
30 “Babilon nnɔmmarima agyae ɛko. Wɔaka abandenden no mu. Wɔn ahoɔden asa.+ Wɔadane mmaa.+ Wɔato ne tenabea mu gya. Wɔabubu n’adaban.+
31 “Mmirikatufoɔ tu mmirika kɔhyia mmirikatufoɔ, na ɔbɔfoɔ kɔhyia ɔbɔfoɔ,+ na wɔkɔbɔ Babilon hene amanneɛ sɛ nkurɔfoɔ adi ne kuro no nyinaa so,+ 32 na wɔafa asutwareeɛ no nyinaa,+ na wɔde gya ahye demmire akodoɔ no, na mmarima a wɔkɔ ɔsa no ani atan.”+
33 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: “Babilon babaa te sɛ ayuporobea.+ Berɛ aduru sɛ wɔtiatia ne so pasaa. Aka kakraa bi sɛ twaberɛ aduru ama no.”+
34 “Babilon hene Nebukadresar amene me;+ wama m’adwene atu afra. Ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu. Wamene me sɛ ɔwɔ kɛseɛ bi;+ ɔde m’adepa ahyɛ ne yafunu ma. Wahohoro me kɔ. 35 Deɛ ɔte Sion bɛka sɛ, ‘Awudisɛm a wɔde dii me ne me honam no, ɛmmra Babilon so!’+ Na Yerusalem nso bɛka sɛ, ‘Me mogya mmra Kaldeafoɔ so!’”+
36 Enti deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, meredi w’asɛm ama wo,+ na mɛtɔ werɛ ama wo.+ Mɛma po a ɛda hɔ no awe, na mama ne nsubura awewe.+ 37 Babilon bɛdane aboɔ kuo+ ne sakraman tenabea,+ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma, na obi rentena hɔ.+ 38 Wɔn nyinaa bɛbobom sɛ agyata; wɔbɛpɔ so sɛ agyata mma.”
39 “Sɛ wɔn ani gye a, mɛto wɔn pono na mɛma wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn,+ na wɔbɛda akɔsi daa a wɔrensɔreɛ,”+ Yehowa asɛm nie. 40 “Mede wɔn bɛsiane aba sɛ nnwanten a wɔrekɔku wɔn, te sɛ adwennini ne mpapo.”+
41 “Hwɛ sɛdeɛ wɔakyere Sesak,+ hwɛ sɛdeɛ wɔafa asase nyinaa Ayeyie no!+ Hwɛ sɛdeɛ Babilon adane ahodwirideɛ, amanaman no mu!+ 42 Ɛpo atwi afa Babilon so. N’asorɔkye bebrebe no akata ne so.+ 43 Ne nkuro adane ahodwirideɛ, asase a nsuo nni soɔ ne serɛ pradaa.+ Ne nsase no, obiara rentena so, na ɔdasani bi rentwam mfa hɔ.+ 44 Mɛtu m’ani asi Bel+ so wɔ Babilon na mama wafe deɛ wamene nyinaa aba.+ Na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio.+ Na Babilon fasuo nso bɛdwiri agu.+
45 “Me man, momfiri ne mu,+ monnwane na obiara nnye ne kra nkwa+ mfiri Yehowa abufuhyeɛ mu.+ 46 Anyɛ saa a, mo akoma bɛtu,+ na ehu bɛka mo, amanneɛbɔ a mobɛte no asase no soɔ nti. Afe bi wɔbɛte amanneɛbɔ bi, na n’afe akyi no, wɔbɛte amanneɛbɔ bio; awudisɛm wɔ asase no so na sodifoɔ asɔre atia sodifoɔ. 47 Enti hwɛ! nna bi reba, na mɛtu m’ani asi Babilon ahoni no so;+ n’asase nyinaa anim bɛgu ase, na n’atɔfoɔ bɛtotɔ ne mu.+
48 “Na ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babilon ho ahurisi dwom,+ ɛfiri sɛ asɛefoɔ no bɛfiri atifi fam aba ne so,”+ Yehowa asɛm nie. 49 “Ɛnyɛ Israel atɔfoɔ nko na Babilon maa wɔtotɔeɛ,+ na asase so atɔfoɔ nyinaa nso totɔɔ wɔ Babilon.+
50 “Mo a moadwane afiri nkrantɛ ano, monkɔ. Monnnyina hɔ.+ Momfiri akyirikyiri nkae Yehowa+ na monkae Yerusalem nso mo akoma mu.”+
51 “Wɔagu yɛn anim ase,+ yɛate ahohora yɛn asom.+ Aniwuo akata yɛn anim,+ ɛfiri sɛ ananafoɔ aba Yehowa fie kronkronbea no so.”+
52 “Enti hwɛ! nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛtu m’ani asi n’ahoni no so,+ na wɔn a wɔahwire wɔn mu n’asase nyinaa soɔ no bɛsi apini.”+
53 “Sɛ Babilon foro kɔ soro,+ na ɔma n’abantenten kɔduru sorosoro+ mpo a, me nkyɛn na asɛefoɔ no bɛfiri aba ne soɔ,”+ Yehowa asɛm nie.
54 “Tie! Wɔte nteateamu wɔ Babilon,+ ne ɔsɛeɛ kɛseɛ wɔ Kaldeafoɔ asase so,+ 55 ɛfiri sɛ Yehowa resɛe Babilon, na ɔbɛsɛe n’anoɔden no afiri hɔ,+ na wɔn asorɔkye bɛhuru sɛ nsuo pii,+ na wɔrente ne nne bio. 56 Ɔsɛefoɔ+ no bɛba Babilon so, na ne nnɔmmarima no, wɔbɛkye wɔn.+ Wɔbɛbubu wɔn agyan mu pasaa,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔtua bɔne so ka.+ Tua deɛ, ɔbɛtua ka.+ 57 Na emu mpanimfoɔ ne anyansafoɔ ne amradofoɔ ne asoafoɔ ne nnɔmmarima no, mɛma wɔabobo,+ na wɔbɛda akɔsi daa a wɔrensɔreɛ,”+ Ɔhene+ a ne din de asafo Yehowa+ no asɛm nie.
58 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Babilon fasuo a ɛtrɛ no, wɔbɛdwiri agu;+ n’apono atenten no, wɔde gya bɛhye.+ Aman no bɛyɛ adwumahunu,+ na amanaman no bɛyɛ adwuma ama egya ahye;+ wɔbɛbrɛ wɔn ho kwa.”
59 Nsɛm yi na odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ Maseia+ ba Neria+ ba Seraia berɛ a ɔne Yuda hene Sedekia kɔɔ Babilon, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu no; ná Seraia yɛ apiafoɔhene. 60 Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babilon soɔ no nyinaa wɔ nwoma+ baako mu, nsɛm a ɔtwerɛ tiaa Babilon no nyinaa. 61 Bio nso Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: “Sɛ wonya duru Babilon, na wohunu kuro no pɛ a, kenkan nsɛm yi nyinaa den.+ 62 Na ka sɛ, ‘O Yehowa, wo na wokasa tiaa kuro yi, sɛ wɔntwa mfiri hɔ na obiara antena mu,+ onipa ne aboa nyinaa, na ɛnnane daa amamfõ.’ 63 Na sɛ wokenkan nwoma yi wie a, fa kyekyere ɛboɔ na to to Eufrate mu.+ 64 Na ka sɛ, ‘Saa na Babilon bɛmem a ɛrensɔre bio da, mmusuo a mede reba ne soɔ no nti.+ Wɔbɛbrɛ wɔn ho kwa.’”+
Ɛha na Yeremia nsɛm no sie.
52 Sedekia+ bɛdii adeɛ+ no, na wadi mfeɛ aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna+ no ba. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ Yehoiakim+ yɛeɛ no ara. 3 Nneɛma a ɛsisii Yerusalem ne Yuda yi na ɛmaa Yehowa bo fuiɛ, kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+ 4 Afei ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadresar baeɛ; ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so+ bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+ 5 Wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako mu.+
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron+ no, ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu; ná aduane bi nni hɔ mma ɔmanfoɔ no.+ 7 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee+ anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+ 8 Na Kaldea asraafoɔdɔm no de mmirika tĩĩ Sedekia,+ na wɔkɔtoo ɔhene+ no wɔ Yeriko asasetamaa no so; n’asraafoɔdɔm a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ.+ 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no de no kɔmaa Babilon hene+ wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+ 10 Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim,+ na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla.+ 11 Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei Babilon hene de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon+ kɔtoo afiase kɔsii ne wuda.
12 Bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du a ɛyɛ Ɔhene Nebukadresar,+ Babilon hene, no afe a ɛtɔ so dunkron no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan,+ a ɔgyina Babilon hene anim som no no baa Yerusalem. 13 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde gya hyee efikɛseɛ biara.+ 14 Na Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia nyinaa, Kaldea asraafoɔdɔm a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwiri guiɛ.+
15 Mmɔborɔfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn kuro no mu,+ ne wɔn a wɔdane kɔɔ Babilon hene afã, ne adwumayɛfoɔ nkaeɛ a wɔn ho akokwa no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+ 16 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa asase no so mmɔborɔfoɔ no bi sɛ wɔnyɛ bobe nturo mu adwumayɛfoɔ ne apaafoɔ.+
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum+ ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18 Na deɛ wɔde sesa nsõ ne sofi+ ne adumgya+ ne nyaawa+ ne nkuruwa ne kɔbere nneɛma a wɔde som no nyinaa, wɔsesa kɔeɛ.+ 19 Na asɛn+ ne egya nkukuwa ne nyaawa+ ne deɛ wɔde sesa nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne afɔrebɔ nyaawa a wɔde sika+ amapa ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔeɛ.+ 20 Na adum+ mmienu no ne ɛpo+ baako no ne kɔbere anantwie dumienu+ a ɛpo no si wɔn akyi no, ne nsutwe nnaka no, Ɔhene Solomon na ɔyeyɛɛ no Yehowa fie+ hɔ. Nneɛma yi nyinaa ho kɔbere deɛ, wɔankari anhunu ne dodoɔ.+
21 Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa dunwɔtwe,+ na basafa dumienu homa na ɛtwa ho hyia;+ ná ne pipiripie yɛ nsateaa nnan, na tokuro da mu. 22 Na wɔde kɔbere+ na ɛyɛɛ ɛso ntaasoɔ no; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum;+ atena ne granate akutuo a atwa ntaasoɔ no ho ahyia+ no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa; saa ara na edum a ɛtɔ so mmienu no ho atena ne granate akutuo no teɛ.+ 23 Ná granate akutuo a ɛwowɔ ho no yɛ aduɔkron nsia, nanso na granate akutuo a ɛsensɛn atena no soɔ nyinaa yɛ ɔha.+
24 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne ɔsɔfoɔ Sefania+ a ɔdi ne soɔ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no,+ 25 na kuro no mu nso, ɔfaa ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ ano, ne mmarima a wɔkɔ ɔhene anim+ no nson a wɔwɔ kuro no mu, ne ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asase no soɔ, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima aduosia a wɔwɔ kuro no mu.+ 26 Yeinom na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 27 Na Babilon hene bobɔɔ wɔn+ kuu wɔn wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so. Saa na ɛyɛeɛ a Yuda firii n’asase so kɔɔ nkoasom mu.+
28 Yeinom na Nebukadresar de wɔn kɔɔ nkoasom mu: afe a ɛtɔ so nson no mu, Yudafoɔ mpem mmiɛnsa ne aduonu mmiɛnsa.+
29 Nebukadresar+ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu no, akra ahanwɔtwe aduasa mmienu na wɔfaa wɔn firii Yerusalem kɔeɛ.
30 Nebukadresar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu no, Yudafoɔ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no yɛ akra ahanson aduanan nnum.+
Akra no nyinaa si mpemnan ne ahansia.
31 Berɛ a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛtɔ so aduasa nson, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛtɔ so aduonu nnum, afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ firii nneduafie. 32 Na ɔkasaa ayamyɛ so kyerɛɛ no, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a wɔaka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa.+ 33 Na ɔyii n’afiase ntadeɛ,+ na ɔdidii+ n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa.+ 34 Deɛ wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma no no, ɛfiri Babilon hene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne deɛ, ne nkwa nna nyinaa, kɔsii ne wuda.+
[Aseɛ hɔ nsɛm]
Hebri mu, “wɔwae firi me ho,” kyerɛ sɛ, Yehowa ho.
Aseɛ ne, “Ehu wɔ afa nyinaa.”
Hwɛ Ex 27:3 aseɛ hɔ asɛm.