March
Wukuda, March 1
Esiane sɛ moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako nti, moayɛ ama me.—Mat. 25:40.
“Nguan” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ Mateo 25:31-36 no gyina hɔ ma atreneefo a ɛwɔ hɔ wɔ awiei mmere yi mu. Saafo yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so. Wɔn ara nso ne nguan foforo no. Kristo nuanom a wɔde honhom asra wɔn a wɔda so wɔ asaase so no, “nguan” no de nokwaredi boa wɔn ma wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ wiase nyinaa. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Afe biara, aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu so no, nguan foforo no boa Kristo nuanom no ma wɔto nsa frɛ anigyefo a wɔwɔ wiase nyinaa ba Nkaedi no bi. Afei nso, wɔboa de nhyehyɛe biara a ɛho hia gu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a asafo biara a ɛwɔ wiase betumi ayɛ Nkaedi no. Nguan foforo no ani gye ho paa sɛ wɔbɛyɛ saa nneɛma yi de aboa Kristo nuanom no. Nguan foforo yi nim sɛ, nea wɔyɛ de boa wɔn a wɔasra wɔn no, Yesu bu no sɛ, ɔno ankasa na wɔayɛ ama no.—Mat. 25:37-40. w22.01 22-23 ¶11-12
Yawda, March 2
Obiara a wahu me no ahu Agya no nso.—Yoh. 14:9.
Yebetumi asuasua Yesu suban ne sɛnea na odwen nnipa ho no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ohuu kwatani bi mmɔbɔ, onyaa tema maa ɔbea bi a na yare a emu yɛ den bi abɔ no, na onyaa ayamhyehye maa wɔn a wɔn adɔfo awuwu. Sɛ yesuasua Yesu a, na yɛresuasua Yehowa ara ne sa. (Mar. 1:40, 41; 5:25-34; Yoh. 11:33-35) Bere a yɛresuasua Yehowa nyinaa na yɛne n’ayɔnkofa mu reyɛ den. Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛboa yɛn na wiase bɔne yi amma yɛanyi yɛn adwene amfi Yehowa som so. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, otumi kaa sɛ: “Madi wiase so nkonim.” (Yoh. 16:33) Nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, wamma kwan amma nnipa a wɔwɔ wiase no adwene, nea wɔde asisi wɔn ani so, ne wɔn nneyɛe anyi n’adwene amfi Yehowa som so. Yesu amma ne werɛ amfi nea enti a n’Agya somaa no baa asase so no. Ɔbae sɛ ɔrebɛtew Yehowa din ho. Na yɛn nso ɛ? Nneɛma bebree wɔ wiase yi mu a ebetumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si so sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ sɛnea Yesu yɛe no a, yɛn nso yebedi wiase so “nkonim.”—1 Yoh. 5:5. w21.04 4 ¶7-8
Fida, March 3
[Biribiara] rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ ho.—Rom. 8:39.
Ná ɔsomafo Paul nim sɛ Yesu ahyɛ bɔ sɛ, ‘obiara a ɔkyerɛ ɔno Yesu mu gyidi no benya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16; Rom. 6:23) Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi no, na Paul ka ho bi. Ná n’adwene si no pi sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na onu ne ho a, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ no. (Dw. 86:5) Ade foforo nso ne sɛ, Paul nyaa gyidi sɛ Onyankopɔn dɔ no paa, efisɛ ɔsomaa Kristo sɛ ommewu mma no Hwɛ asɛmdɛ bi a ɛwɔ Galatifo 2:20. no awiei. Paul kaa sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’ Paul ante nka sɛ ɔno de, ne bɔne so dodo, enti Onyankopɔn rentumi nnɔ no. Wanka sɛ: ‘Minim sɛ Yehowa dɔ me nuanom, nanso me de, ɛnyɛ ade a ɔbɛdɔ me.’ Paul kaee Romafo no sɛ: “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:8) Onyankopɔn de, woyɛ hena o, wote sɛn o, obetumi adɔ wo! Ná Paul wɔ awerɛhyem kɛse sɛ Onyankopɔn dɔ nni ano. Ná Paul nim sɛ Yehowa nyaa Israel man no ho abotare. w21.04 22 ¶8-10
Memeneda, March 4
Nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ni: Ɛno ne sɛ yebedi n’ahyɛde so.—1 Yoh. 5:3.
Sɛ woreyɛ Bible adesua a, boa wo suani no ma ɔnnɔ Yehowa. Wobɛyɛ no sɛn? Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, twe n’adwene si Yehowa suban ahorow so. Boa wo suani no ma onhu sɛ Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn na ɔboa wɔn a wɔdɔ no. (1 Tim. 1:11; Heb. 11:6) Boa wo suani no ma onhu sɛ, sɛ ɔde nea moresua no yɛ adwuma a, ɛbɛboa no. Afei nso boa no ma onhu sɛ Yehowa dɔ no nti na ɔde akwankyerɛ a ɛte saa ma no. (Yes. 48:17, 18) Nkakrankakra sɛ ɔdɔ a wo suani no wɔ ma Yehowa yɛ kɛse a, ɔbɛyɛ nsakrae biara a ehia. Sɛ Bible suani bi betumi anya nkɔso abɔ asu a, ehia sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre. Ɛtɔ da a ɛsɛ sɛ asuafo no bi de nneɛma bi bɔ afɔre ansa na wɔatumi abɛyɛ Yesu suani. Asuafo no bebree wɔ hɔ a, ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔne wɔn nnamfo a wɔnnɔ Yehowa no tetew mu. Ebinom mpo de, wɔn abusuafo a wɔne Yehowa Adansefo ani nhyia no betumi apo wɔn. Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wobedi n’akyi no nsa rensi fam da. Wobehyira wɔn na wɔabɛka Yehowa abusua a ɔdɔ wom no ho.—Mar. 10:29, 30. w21.06 4 ¶8-9
Kwasida, March 5
Momma mo ani so nhwɛ mfuw no, na mubehu sɛ nnɔbae no awo sɛ wotwa.—Yoh. 4:35.
Ɔsomafo Paul de asuafoyɛ adwuma no totoo sɛnea yɛyɛ afuw ho, na ɔkyerɛe sɛ, sɛ yedua aba no a na yenwiei. Ɔkaee Korintofo no sɛ: “Me de, miduae, Apolo guguu so nsu . . . Moyɛ Onyankopɔn afuw.” (1 Kor. 3:6-9) Yɛyɛ adwumayɛfo wɔ Onyankopɔn afuw mu, enti ɛnyɛ sɛ yeduaa aba no ara na yɛawie. Mmom, yegugu so nsu na yɛtaa kɔhwɛ sɛ ɛrenyin anaa. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn na ɔma aba no nyin. Ɛyɛ hokwan paa na yɛanya sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛakyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔabehu nokware no! Saa adwuma yi ma yɛn ani gye ankasa. Ɔsomafo Paul a ɔboaa Tesalonikafo pii ma wɔbɛyɛɛ asuafo no ma yehu sɛnea ɔtee nka. Ɔkaa sɛ: “Dɛn ne yɛn anidaso, anaa yɛn anigye, anaa yɛn abotiri a yɛde bɛhoahoa yɛn ho yɛn Awurade Yesu anim wɔ ne mmae mu? Ɛnyɛ mo? Nokwasɛm ni, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.”—1 Tes. 2:19, 20; Aso. 17:1-4. w21.07 3 ¶5; 7 ¶17
Dwoda, March 6
‘Mummmu nkumaa yi mu baako animtiaa.’—Mat. 18:10.
Yehowa atwe yɛn mu biara aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Wo de, susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ. Bere a Yehowa tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ nnipa ɔpepepem pii a ɛwɔ wiase no mu no, ohui sɛ wowɔ koma pa a ɛbɛma woatumi adɔ no. (1 Be. 28:9) Yehowa nim wo, ɔte wo ase, na ɔdɔ wo. Wei nkyekye wo werɛ anaa? Yehowa dwen wo ho paa, na saa ara nso na odwen wo nuanom Kristofo nyinaa ho. Yesu de Yehowa totoo oguanhwɛfo ho de kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. Sɛ oguanhwɛfo bi wɔ nguan 100 na baako yera a, dɛn na ɔbɛyɛ? ‘Obegyaw 99 no wɔ bepɔw so akɔhwehwɛ nea wayera no.’ Sɛ oguanhwɛfo no hu ne guan no a, ne bo remfuw oguan no sɛ ɔyerae, mmom obedi ahurusi. Asuade a ɛwom no ne sɛn? Oguan biara ho hia Yehowa. Yesu kaa sɛ: “M’Agya a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.”—Mat. 18:12-14. w21.06 20 ¶1-2
Benada, March 7
Mommɛn Onyankopɔn.—Yak. 4:8.
Ɔdɔ a enni huammɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛ kɛse, na yɛne n’ayɔnkofa no nso, ɛma emu yɛ den. (Rom. 8:38, 39) Ɛkanyan yɛn ma yesuasua Yesu nhwɛso no. (1 Pet. 2:21) Sɛ aka kakra ama Nkaedi no adu so a, nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu asetena mu aka nnawɔtwe ama wawu, ne wu no, ne ne wusɔre ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛno na yɛde yɛn adwene kɔ so paa. Afei, anwummere a yɛreyɛ Nkaedi no, ɔkasa no kae yɛn ɔdɔ a Yesu yii no adi kyerɛɛ yɛn no. (Efe. 5:2; 1 Yoh. 3:16) Sɛ yɛkenkan sɛnea Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn, na yedwinnwen ho a, ɛkanyan yɛn ma ‘yɛkɔ so nantew sɛnea onii no nantewee no.’ (1 Yoh. 2:6) Ɛma yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu. (Yuda 20, 21) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu? Ɛne sɛ biribiara mu, yebetie no, yɛbɛtew ne din ho, na yɛama ne koma atɔ ne yam. (Mmeb. 27:11; Mat. 6:9; 1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛkɔ Nkaedi no a, ɛka yɛn ma yesi yɛn bo sɛ, da biara yɛbɛbɔ yɛn bra ama Yehowa ahu sɛ, ‘yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho sie ne dɔ mu daa!’ w22.01 23 ¶17; 25 ¶18-19
Wukuda, March 8
Mompaw nea mobɛsom no.—Yos. 24:15.
Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn. Ɔbra a yɛpɛ biara yebetumi abɔ. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsom yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no a, ɛma n’ani gye. (Dw. 84:11; Mmeb. 27:11) Yɛn pɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no, yebetumi de asisi gyinae pa wɔ nneɛma afoforo pii mu nso. Yebetumi asuasua Yesu na yɛadi kan ayɛ nea afoforo hia ama wɔn. Bere bi na Yesu ne n’asuafo no abrɛ paa, enti wɔyɛe sɛ wɔrekɔhyɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhome kakra, nanso anyɛ yiye. Nnipadɔm bi huu wɔn, na na wɔpɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛ wɔn. Yesu bo amfuw, mmom nkurɔfo no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Enti dɛn na Yesu yɛe? “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mar. 6:30-34) Sɛ yesuasua Yesu na yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn bere boa afoforo a, ɛhyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.—Mat. 5:14-16. w21.08 3 ¶7-8
Yawda, March 9
Ma obiara nhwɛ sɛnea . . . obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.—Gal. 6:4.
Yehowa ani gye nneɛma a egu ahorow ho. Sɛ yɛhwɛ nneɛma ahorow-ahorow a wabɔ a, ɛma yehu saa. Yɛhwɛ nnipa sɛɛ a, ɛsono sɛnea obiara te, enti Yehowa mfa wo ntoto obiara ho. Mmom, ɔhwehwɛ wo koma mu hu sɛnea wote ankasa. (1 Sam. 16:7) Afei nso onim wo mmɔdenbɔ, wo mmerɛwyɛ ne sɛnea wɔtetee wo. Enti ɔnhwɛ kwan sɛ wobɛyɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa, na yehu yɛn ho sɛnea ohu yɛn no. Ɛba saa a, yebenya “adwene a emu da hɔ;” ɛremma yemmu yɛn ho ntra so, na saa ara nso na ɛremma yemmu yɛn ho sɛ yɛnsɛ hwee. (Rom. 12:3) Nhwɛso pa a afoforo yɛ no, yebetumi asuasua. Sɛ onua anaa onuawa bi bɔ mmɔden wɔ asɛnka mu sɛɛ a, yebetumi asua biribi afi ne hɔ. (Heb. 13:7) Ebia ɛno bɛma yɛahu akwan ahorow a yɛbɛfa so ama yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn. (Filip. 3:17) Nanso kae sɛ, ɛsono sɛ wobɛhwɛ obi nhwɛso pa asua, ɛnna ɛsono sɛ wode wo ho bɛtoto no. w21.07 20 ¶1-2
Fida, March 10
Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ. Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?—Yes. 40:26.
Sɛ wode w’ani to fam hwɛ mmoa, afifide, ne nsoromma a, ebetumi ama woanya gyidi wɔ Ɔbɔadeɛ no mu. (Dw. 19:1) Sɛ wokɔ so sua saa nneɛma yi ho ade a, ɛbɛma woabegye adi paa sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no. Sɛ woresua abɔde ho ade a, ɛyɛ a tɔ wo bo ase hwɛ nea wubetumi asua afa yɛn Bɔfo no ho. (Rom. 1:20) Ɛho nhwɛso bi ni. Ebia wunim sɛ owia no ma yɛn ɔhyew ne hann a ɛma yetumi tena nkwa mu, nanso owia koro yi ara, emu ahoɔden no bi betumi apira yɛn. Enti ɛsɛ sɛ nnipa nya biribi a ebetumi abɔ wɔn ho ban. Ampa ara, yɛwɔ biribi a ɛbɔ yɛn ho ban! Ɛyɛ dɛn? Mframa bi a ɛsɔn owia no ahoɔden so atwa yɛn asaase yi ho ahyia. Ɛno na ɛbɔ yɛn ho ban na owia no mu ahoɔden a ebetumi apira yɛn no anka yɛn. Sɛ owia no mu ahoɔden a etumi pira yɛn no ano reyɛ den a, na mframa a ɛsɔn owia no ahoɔden so no nso bi rebɛka ho. Afei, wunnye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔdɔ yɛn, na ne nyansa mu dɔ na ɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi nyinaa? w21.08 17 ¶9-10
Memeneda, March 11
Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.—1 Yoh. 4:21.
Sɛ obi bɔ asu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ no, na yɛkyerɛ sɛ yebu no. (1 Yoh. 4:20) Yɛbɛyɛ no sɛn? Ade baako ne sɛ, sɛ ɔyɛ biribi na yɛante ase mpo a, ɛsɛ sɛ yegye no di; ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma no. Mmom, yebedi yɛn nua no ni, na yɛabu no sɛ ɔkyɛn yɛn. (Rom. 12:10; Filip. 2:3) Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborɔhunu ne ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa. Sɛ yɛmpɛ sɛ yefi Yehowa abusua no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde Bible mu asɛm bɔ yɛn bra. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, yɛnna mmɔborɔhunu ne ayamye adi nkyerɛ nnipa nyinaa, a yɛn atamfo mpo ka ho. (Luka 6:32-36) Nanso ɛtɔ da a, na ayɛ asɛm. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara tie Yehowa, na yesuasua Yesu a, yɛma yɛn Agya a ɔwɔ soro no hu sɛ yɛawe ahinam so sɛ yɛremfi n’abusua no mu da. w21.08 6 ¶14-15
Kwasida, March 12
‘Monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere mma mo, na merenhwie nhyira ngu mo so anaa.’—Mal. 3:10.
Fa wo ho to Yehowa so. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to ne so, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de som no a, obehyira yɛn pii. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu nnipa bebree a wɔyeree wɔn ho som Yehowa ho asɛm. Mpɛn pii no na wodi kan yɛ biribi ansa na Yehowa ahyira wɔn. Yɛhwɛ Abraham sɛɛ a, ɛyɛ bere a otu fii ne fie a “na onnim baabi a ɔrekɔ” no akyi na Yehowa hyiraa no. (Heb. 11:8) Yakob nso, ɛyɛ bere a ɔne ɔbɔfo bi tentamee akyi na Yehowa hyiraa no. (Gen. 32:24-30) Afei nso, aka kakra ma Israel man no akɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na ɛsɛ sɛ asɔfo no de wɔn nan si Asubɔnten Yordan a na ayiri no mu. Ɛno na na ɛbɛma nsu no mu apae ama ɔman no atumi atwa akɔ. (Yos. 3:14-16) Ɛnnɛ, Adansefo a wɔde wɔn ho to Yehowa so na wɔyɛ pii wɔ ne som mu nso, wubetumi asua biribi afi wɔn hɔ. w21.08 29-30 ¶12-14
Dwoda, March 13
Nka sɛ, “Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?”—Ɔsɛnk. 7:10.
Anuanom a mo mfe akɔ anim, sɛnea na wɔyɛ nneɛma kan no, munim, nanso moabehu sɛ mmere adan, enti ehia sɛ mo nso modan mo ho. Anuanom a mo ani afi a mobɔɔ asu nkyɛe no, mo nso mowɔ suahu paa. Nea moafa mu wɔ asetena mu ne nea moasua afi mu no, sɛ moka ho asɛm kyerɛ mmerante ne mmabaa a, wɔn ani begye paa. Sɛ ‘mokɔ so ma,’ kyerɛ sɛ, mokɔ so ka mo asetena mu suahu kyerɛ nkyirimma a, Yehowa behwie ne nhyira agu mo so. (Luka 6:38) Sɛ anuanom a wɔn ani afi no twiw bɛn anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim no a, wobehu sɛ nifa guare benkum na benkum nso aguare nifa. (Rom. 1:12) Wɔn mu biara wɔ biribi a ne yɔnko hia. Anuanom a wɔn ani afi no de mfe pii aboaboa nimdeɛ ne osuahu pii ano. Mmerante nso wɔ ahoɔden. Sɛ anuanom a wɔn mfe nkɔɔ anim ne anuanom a wɔn ani afi no ka wɔn ntama bɔ ano som Yehowa a, ɛde ayeyi brɛ yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no, na obiara a ɔwɔ asafo no mu ani gye. w21.09 8 ¶3; 13 ¶17-18
Benada, March 14
Yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ hintidua ma Yudafo.—1 Kor. 1:23.
Adɛn nti na ɔkwan a wɔfaa so kum Yesu no too Yudafo bebree hintidua? Yudafo no de, esiane sɛ Yesu wui wɔ asɛndua so nti, wohuu no sɛ nsɛmmɔnedifo anaa ɔdebɔneyɛfo na ɛnyɛ sɛ Mesia. (Deut. 21:22, 23) Yudafo a nea ɛtoo Yesu no too wɔn hintidua no, na anka ɛsɛ sɛ wohu sɛ Yesu ho nni asɛm, nkurɔfo twaa asɛm too no so, na wɔne no anni no yiye. Wɔn a wodii Yesu asɛm no buu atɛnkyea. Yudafo asɛnnibea kɛse no hyiae gya-so-gya-so, na ɔkwan a wɔfa so di asɛm no, wɔamfa emu biara anyɛ adwuma. (Luka 22:54; Yoh. 18:24) Sɛ́ anka atemmufo no de adwempa betie sobo a na nkurɔfo rebɔ Yesu na wɔahwehwɛ adanse a na nkurɔfo redi tia no no mu no, wɔn mmom na wɔkɔhwehwɛɛ ‘adanse bi a ɛnyɛ nokware tiaa Yesu na ama wɔagyina so akum no.’ (Mat. 26:59; Mar. 14:55-64) Bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, saa atemmufo a wobuu ntɛnkyea no tuaa “sika bebree” maa Roma asraafo a na wɔrewɛn ɔda no ano sɛ wonkodi atoro nka sɛ Yesu asuafo na abewia n’amu no.—Mat. 28:11-15. w21.05 11 ¶12-13
Wukuda, March 15
Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.—Mat. 24:36.
Bere biara a Yehowa pɛ no, obetumi asɛe wiase bɔne yi. Nanso abotare a wanya no aboa yɛn paa! Adam ne Hawa asefo nyinaa, wɔbɛwo wɔn no, na sintɔ wɔ wɔn ho. Ne nyinaa akyi no, Yehowa dɔ wɔn na ɔhwɛ wɔn, na wahyɛ bɔ sɛ obeyi wiase bɔne yi afi hɔ. (1 Yoh. 4:19) Wahyɛ da a ɔde beyi ɔhaw a nnipa refa mu no nyinaa afi hɔ. Yehowa dɔ yɛn nti wagyina ɔhaw ano abesi saa bere yi. Wei nkanyan yɛn sɛ yɛn nso yensuasua no anaa? Sɛ yɛreka obi a otumi gyina ɔhaw ano paa a, Yehowa da mu fua. Yesu suasuaa n’Agya. Yesu baa asaase so no, nkurɔfo kasa tiaa no, woguu n’anim ase, na yɛn nti ohuu amane wɔ asɛndua so. (Heb. 12:2, 3.) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa nhwɛso no na ɛhyɛɛ Yesu den ma otumi gyinaa mu. Yɛn nso, ebetumi ahyɛ yɛn den. w21.07 12-13 ¶15-17
Yawda, March 16
Monkɔ so nhu nnipa mmɔbɔ sɛnea mo Agya hu nnipa mmɔbɔ no.—Luka 6:36.
Da biara yɛn Agya a ɔwɔ soro no hu yɛn mmɔbɔ. (Dw. 103:10-14) Ná Yesu akyidifo no tɔ sin nanso ohuu wɔn mmɔbɔ de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Ofi ne pɛ mu mpo de ne nkwa too hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bɔnefakyɛ. (1 Yoh. 2:1, 2) Sɛ ‘yeyi yɛn yam de yɛn nuanom bɔne kyɛ wɔn’ a, ɛma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne wɔn ntam no mu yɛ den. (Efe. 4:32) Ɛwom, ɛtɔ da a ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛde afoforo bɔne bɛkyɛ wɔn, nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho. Onuawa bi tee nka sɛ asɛm a yɛato din “Momfa Mfirifiri Mo Ho Korakora” a ɛbaa Ɔwɛn-Aban bi mu no boaa no ma ɔyɛɛ saa. Ɔkaa sɛ: “Saa adesua asɛm no ma mihui sɛ, sɛ wode afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛnkyerɛ sɛ wopene wɔn bɔne no so anaa womfa asɛm no aniberesɛm. Mmom, nea ɛkyerɛ ne sɛ wubeyi abufuw biara afi wo mu na woanya w’asomdwoe.” Sɛ yeyi yɛn yam de yɛn nuanom bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn, na yesuasua yɛn Agya Yehowa. w21.09 23 ¶15-16
Fida, March 17
Wɔn a wɔsom [Onyankopɔn] no, ɛsɛ sɛ wɔsom no . . . nokware mu.—Yoh. 4:24.
Ná nokware no da Yesu koma so. Ɛyɛ nokware bɛn? Ɛyɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nyinaa ho. Sɛnea Yesu bɔɔ ne bra no ma yehu sɛ na ogye nokware no di, na ɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo nso. (Yoh. 18:37) Yesu akyidifo ankasa nso, na nokware no da wɔn koma so paa. (Yoh. 4:23) Nokwasɛm ne sɛ, ɔsomafo Petro kaa sɛ Kristosom yɛ “nokware kwan.” (2 Pet. 2:2) Esiane sɛ na nokware no da tete Kristofo no koma so paa nti, nyamesom mu nkyerɛkyerɛ, amanne, ne adwenkyerɛ biara a na ɛne nokware no nhyia no, wɔannye antom. (Kol. 2:8) Ɛnnɛ nso, nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so anantew “nokware no mu.” Ɛno nti wɔhwɛ sɛ nea wogye di ne ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn bra nyinaa gyina Yehowa asɛm so pɛpɛɛpɛ. (3 Yoh 3, 4) Yehowa Adansefo nka sɛ biribiara a ɛwɔ Bible mu no, wɔte ase yiye. Ɛtɔ da na wɔrekyerɛkyerɛ Bible mu asɛm bi mu anaa wɔde akwankyerɛ rema asafo no a, wotumi di mfomso. Akyiri yi, sɛ wohu mfomso a wodii no a, wɔyɛ nsakrae biara a ehia. w21.10 21-22 ¶11-12
Memeneda, March 18
Nea ɔde ne ho to Yehowa so no, ne dɔ a enni huammɔ twa ne ho hyia.—Dw. 32:10.
Tete no, na wɔtow fasu twa kurow bi ho hyia sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ɔmanfo no ho ban. Saa ara na Yehowa dɔ a enni huammɔ nso twa yɛn ho hyia, na ɛbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛne Yehowa ntam. Afei nso, Yehowa dɔ a enni huammɔ nti, ɔtwe yɛn ba ne nkyɛn. (Yer. 31:3) Odwontofo Dawid de biribi foforo yɛɛ ntotoho a ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ne me guankɔbea, Onyankopɔn a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me no.” Dawid san kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me, na ɔno ne m’abannennen, me guankɔbea a ɛyɛ den ne me gyefo; ɔyɛ me kyɛm ne me hintabea.” (Dw. 59:17; 144:2) Adɛn nti na Dawid de Yehowa dɔ a enni huammɔ totoo guankɔbea ne abannennen ho? Yehowa ne n’asomfo ayɔnkofa ho hia no paa. Enti ɛmfa ho baabiara a yɛte wɔ asaase so no, sɛ yɛyɛ n’asomfo nko ara de a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban na biribiara ansɛe yɛne ne ntam. w21.11 6 ¶14-15
Kwasida, March 19
Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho.—Dw. 77:12.
Bere bi a Yesu ne n’asuafo te ɔkorow mu a mframa kɛse bi bɔe no, ɔfaa nea esii no so boaa n’asuafo no ma wohui sɛ wohia gyidi kɛse. (Mat. 8:23-26) Mframa no bɔe denneennen ara ma anka asorɔkye no rekata ɔkorow no so, nanso Yesu de, na wada redwudwo ne ho. Asuafo no bɔɔ hu paa, na wonyan Yesu sɛ onnye wɔn. Awurade Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo saa, mo a mo gyidi sua?” Worehyia ɔhaw kɛse bi anaa? Ebetumi aba sɛ atoyerɛnkyɛm bi ama woakɔ ahokyere mu. Anaa ebia yare bi a emu yɛ den abɔ wo ma w’abam abu ara ma wunhu nea wonyɛ. Ɛtɔ da a, dadwen betumi abɛtɔ wo so nanso ɛnsɛ sɛ woma ɛhyɛ wo so, mmom kɔ so fa wo ho to Yehowa so. Bɔ no mpae denneennen na ama woabɛn no. Nneɛma a Yehowa yɛ de boaa wo bere bi a atwam no, dwinnwen ho ma ɛnhyɛ wo gyidi den. (Dw. 77:11) Nya awerɛhyem sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ wo da. w21.11 22 ¶7, 10
Dwoda, March 20
Mommmɔ korɔn.—Lev. 19:11.
Ebia obi bɛka sɛ, sɛ ɔmfaa obi ade nko ara de a, ɛkyerɛ sɛ ɔredi saa mmara no so. Nanso wobɛhwɛ no na ɔreyɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ ɔrewia ade. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ oguadini bi hyɛ da de nsenia anaa susude a enni mu di gua a, na ɔrebɔ korɔn. Leviticus ti 19 ma yehu sɛ, sɛ obi bu nkurɔfo fa so wɔ n’adwumam a, na ɔrewia ade efisɛ ɛhɔ ka sɛ: “Nsisi wo yɔnko.” Enti, nsisi nyinaa yɛ korɔnbɔ. Mmara a ɛto so nwɔtwe no kaa sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn. Nanso nsɛm a ɛwɔ Leviticus nhoma no mu no kyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri ma yehu sɛnea yɛde saa mmara no bɛyɛ adwuma. Adwene a Yehowa wɔ wɔ nsisi ne korɔnbɔ ho no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:11-13 no a, ehia sɛ meyɛ nsakrae bi wɔ m’asetena mu anaa? Ɔkwan a mefa so yɛ m’adwuma anaa nneyɛe bi a ɛkɔ so wɔ m’adwumam no, ehia sɛ mesesa mu anaa? w21.12 9-10 ¶6-8
Benada, March 21
Sɛnea Yehowa ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.—Kol. 3:13.
Sɛ wo nko ara worebɔ mpae a, dwen ho na hwɛ mfomso pɔtee a woyɛɛ no saa da no, na srɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ wo. Sɛ woayɛ bɔne a emu yɛ duru de a, woka kyerɛ Yehowa wie a, ɛsɛ sɛ wosan ka kyerɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔboa wo. Wobetie wo, na wɔbɛma wo afotu pa a efi Onyankopɔn Asɛm mu. Wɔne wo bɛbɔ mpae, na wɔasrɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ Yesu afɔre no ho, na ɔmmoa wo ‘na wo ho nyɛ wo den’ anaa wo ne ne ntam nyɛ papa bio. (Yak. 5:14-16) Afei nso, wodwinnwen agyede no ho a, ɛbɛboa. Amanehunu kɛse a Onyankopɔn Ba no faa mu no, sɛ wudwinnwen ho a, ebia ɛma wo werɛ how. Nanso sɛ wugye bere pii dwinnwen Yesu afɔre no ho a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yesu ne ne Papa no ayɛ kɛse. Afe biara sɛ yɛkɔ Yesu wu Nkaedi no ase na yɛyere yɛn ho to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔbɛka yɛn ho a, ɛma agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Hwɛ hokwan kɛse paa a Yehowa de adom yɛn sɛ yɛnka ne Ba no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo! w21.04 18-19 ¶13-16
Wukuda, March 22
Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.—Mar. 6:34.
Wo de, hwɛ nea Yesu yɛe bere a nnipadɔm bi kohyiaa no wɔ bepɔw bi so no. Ná Yesu abɔ mpae anadwo mũ no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ na wabrɛ paa, nanso bere a ohuu nnipadɔm no, ahiafo ne ayarefo a ɛwom no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Ɔsaa ayarefo no yare, nanso wamfa anso hɔ ara. Ɔsan maa ɔkasa bi a ɛnnɛ yɛfrɛ no Bepɔw So Asɛnka no. Abakɔsɛm mu nyinaa no, ɔkasa a nkurɔfo ama a ɛka koma paa no, ɔkasa a Yesu mae yi ka ho. (Luka 6:12-20) Yesu yii ne yam de ne bere nso bɔɔ afɔre. Wohwɛ a, sɛn na Yesu tee nka bere a ɔtee sɛ wɔatwa ne yɔnko Osuboni Yohane ti no? Bible ka sɛ: “Bere a Yesu tee [Yohane wu no ho] asɛm no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu fii hɔ kɔe, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ baabi komm.” (Mat. 14:10-13) Nanso, ansa na Yesu bedu baabi a ɔrekɔhyɛ no na nnipadɔm bi adu hɔ dedaw. (Mar. 6:31-33) Ohui sɛ na Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn paa, enti ɛhɔ ara na ɔyɛɛ ho biribi.—Luka 9:10, 11. w22.02 21 ¶4, 6
Yawda, March 23
Mo . . . ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.—Rom. 12:18.
Sɛ yehu sɛ yɛafom yɛn nua Kristoni bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ Yehowa mpae. Yebetumi asrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn na yɛne yɛn nua no nsiesie yɛn ntam. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de hwehwɛ yɛn ho mu. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mibu me ho dodo ma enti ɛyɛ den ma me sɛ mɛbrɛ me ho ase agye me mfomso atom, na mapa kyɛw sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena me ne me nua ntam anaa? Sɛ midi kan tu anammɔn de siesie me ne me nua ntam a, Yehowa ne Yesu bɛte nka sɛn?’ Sɛnea yebeyi saa nsɛmmisa no ano no bɛkanyan yɛn ama yɛatie Yesu na yɛabrɛ yɛn ho ase akɔ yɛn nua no nkyɛn akosiesie yɛn ntam. Sɛ yɛrekɔ yɛn nua bi nkyɛn akosiesie yɛne ne ntam a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. (Efe. 4:2, 3) Sɛ yɛrekɔ yɛn nua a yɛafom no no nkyɛn a, adwene a ɛsɛ sɛ yɛde kɔ ne sɛ yɛrekodwudwo ne bo, na yɛde yiye ato yiye. Kae sɛ asomdwoe a ɛbɛtena yɛne yɛn nuanom ntam no, ɛho hia koraa sen sɛ yɛbɛkyerɛ nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ.—1 Kor. 6:7. w21.12 26 ¶13-16
Fida, March 24
Ɔhwɛɛ kurow no, na osuu kurow no.—Luka 19:41.
Yesu dii yaw wɔ ne komam, efisɛ na onim sɛ ne man mufo dodow no ara ada no adi dedaw sɛ wɔrentie Ahenni ho asɛm no. Ɛno nti, na wɔbɛsɛe Yerusalem. Yudafo a na wobenya wɔn ti adidi mu no, na wɔbɛsoa wɔn akɔ obi man so. (Luka 21:20-24) Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Yesu kae no, nnipa dodow no ara poo no. Sɛn na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ Ahenni ho asɛm no ho wɔ baabi a wote no? Mmɔden a worebɔ sɛ wobɛka nokware no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, sɛ nnipa dodow no ara ntie a, dɛn na wubetumi asua afi nisu a Yesu tewee no mu? Yehowa dwen nnipa ho. Nisu a Yesu tewee no ma yehu sɛnea Yehowa dwen nnipa ho fa. “Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (2 Pet. 3:9) Ɛnnɛ, sɛ yɛkɔ so yɛ nea yebetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo ma ɛka wɔn koma a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—Mat. 22:39. w22.01 16 ¶10-12
Memeneda, March 25
Mebata wo ho denneennen; wo nsa nifa kura me mu yiye.—Dw. 63:8.
Nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo, ne nea wayɛ ama wo no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Nea ehia paa no, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse. Su ahorow no nyinaa, ɔdɔ ne hene, efisɛ ɛno na ɛbɛkanyan wo ma woatie Yehowa, na wode nneɛma abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ n’ani. Ɛno nso na ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ biara ano. (Mat. 22:37-39; 1 Kor. 13:4, 7; 1 Yoh. 5:3) Biribiara nni hɔ a ɛsom bo sen sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo denneennen! (Dw. 63:1-7) Kae sɛ, mpaebɔ, ne ade a yesua na yedwinnwen ho no, ne nyinaa ka yɛn som ho. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ kokoam adesua anaa wobɔ mpae a, sɛnea Yesu yɛe no, pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm kɔhyɛ. Biribiara a ebetumi atwetwe w’adwene no, yi fi hɔ. Sɛ woreyɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a, ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na w’adwene ankyinkyin. Sɛ wode wo bere di dwuma yiye nnɛ a, Yehowa behyira wo ama woanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Mar. 4:24. w22.01 31 ¶18-20
Kwasida, March 26
Munkyi bɔne.—Rom. 12:9.
Nea yedwen ho no, ɛno na ɛyɛ a yɛyɛ. Ɛno nti, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ nea ɛbɛma yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru no, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho. (Mat. 5:21, 22, 28, 29) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani, anaa ɛnte saa? Enti, ɛho hia paa sɛ, adwemmɔne biara a ɛbɛba yɛn tirim no, yeyi fi hɔ ntɛm ara! Yesu kaa sɛ: “Nea efi onipa anom ba no fi koma no mu.” (Mat. 15:18) Wei kyerɛ sɛ, yɛn kasa ma nkurɔfo hu nea ɛwɔ yɛn koma mu. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ meka nokware na me ho bɛkyere me mpo a, mɛka, anaa medi atoro? Sɛ maware a, mehwɛ yiye sɛ meremfa me ho nhyehyɛ obi a ɔnyɛ me hokafo? Mikyi kasafĩ? Sɛ obi hyɛ me abufuw a, mitumi kasa abodwo so?’ Sɛ woto wo bo ase dwinnwen nsɛmmisa yi ho a, ɛbɛboa wo. Sɛ wobɔ mmɔden kwati atɛnnidi, atorodi, ne kasafĩ a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubeyi suban dedaw no agu. w22.03 5 ¶12-14
Dwoda, March 27
Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no na nyansa yɛ wɔn dea.—Mmeb. 13:10.
Wɔn a wotu anammɔn kɔhwehwɛ afotu no, ɛyɛ a wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu sen wɔn a wɔtena hɔ twɛn sɛ obi bɛba abetu wɔn fo no. Enti ɛyɛ a tu anammɔn kɔhwehwɛ afotu. Bere bɛn na yebetumi akɔhwehwɛ afotu afi yɛn mfɛfo Kristofo hɔ? Momma yɛnhwɛ tebea ahorow bi. (1) Onuawa bi ka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw sɛ onkogya no na ɔnkɔyɛ ne Bible adesua bi. Wowiei no, obisaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw no sɛ, ɔnkyerɛ no nea ɔyɛ a ebetumi ama wakyerɛkyerɛ yiye. (2) Onuawa sigyani bi pɛ sɛ ɔkɔtɔ trɔsa, enti obisa onuawa bi a ne ho akokwaw adwene wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔkɔtɔ no ho. (3) Onua bi rebɛma ne baguam kasa a edi kan. Enti ɔka kyerɛ obi a onim kasa ma sɛ ontie no yiye, na sɛ owie a, ɔde afotu a ɛbɛma watu mpɔn ama no. Sɛ onua bi ama ɔkasa mfe pii mpo a, eye sɛ obebisa anuanom a wonim ɔkasa ma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma no afotu a ɛbɛboa no ma watu mpɔn.—Mmeb. 19:20. w22.02 13 ¶15-17
Benada, March 28
Ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho.—Yoh. 8:16.
Sɛnea Yehowa dɔɔ Yesu na ɔhwɛɛ no bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, saa ara na ɔdɔ yɛn na ɔhwɛ yɛn. (Yoh. 5:20) Ɔde nea Yesu hia wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa maa no, na ɔhyɛɛ no nkuran nso ma otumi gyinaa sɔhwɛ biara a ohyiae ano. Afei nso, Yehowa ka kyerɛɛ ne ba no sɛ ɔdɔ no, na wagye no atom. (Mat. 3:16, 17) Esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’Agya a ɔwɔ soro no dɔ no na ɔtaa n’akyi nti, wante nka sɛ wayɛ ankonam da. Sɛnea na Yehowa dɔ Yesu no, yɛn nyinaa nso wɔ adanse bebree a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Yehowa atwe yɛn aba ne nkyɛn, na wama yɛanya anuanom bebree a wɔdɔ yɛn na wɔma yɛn ani gye. Na sɛ yɛrefa ateetee mu nso a, ɔkyekye yɛn werɛ. (Yoh. 6:44) Afei nso, daa Yehowa ma yɛn honhom fam aduan a ɛhyɛ yɛn gyidi den. Bio nso, ɔboa yɛn ma yɛn nsa ka nea yehia wɔ asetenam. (Mat. 6:31, 32) Sɛ yedwinnwen sɛnea Yehowa dɔ yɛn no ho a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛ den. w21.09 22 ¶8-9
Wukuda, March 29
Munyi suban dedaw no ne ne nneyɛe ngu.—Kol. 3:9.
Ansa na worefi ase ne Yehowa Adansefo asua Bible no, na w’abrabɔ te sɛn? Yɛn mu bebree kae a, na yɛn se afem. Sɛnea na yɛn suban te no, ɛbɛyɛ sɛ nea wiase no susuw sɛ ɛyɛ papa ne bɔne no, ɛno na yesuasuae. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ‘yɛwɔ wiase no mu a yenni anidaso biara, na na yennim Onyankopɔn.’ (Efe. 2:12) Nanso, bere a wufii ase suaa Bible no, wuhui sɛ wowɔ Agya bi wɔ soro a ɔdɔ wo paa. Wuhui sɛ, sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na wobɛka n’asomfo ho a, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae akɛse wɔ w’abrabɔ ne wo nsusuwii mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wusua sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wo bra. (Efe. 5:3-5) Yehowa ne yɛn Bɔfo ne yɛn Agya a ɔwɔ soro, enti ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Afei nso, ansa na yɛbɛbɔ asu no, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘yi suban dedaw no ne ne nneyɛe gu.’ w22.03 2 ¶1-3
Yawda, March 30
Mewɔ nguan foforo.—Yoh. 10:16.
Nguan foforo no ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no bi akɔhwɛ nea ɛrekɔ so, na wɔadwinnwen wɔn anidaso no ho. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akotie Nkaedi kasa no, efisɛ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, nea Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no bɛyɛ ama nnipa anokwafo no, ɛno paa na ɔkasa no ka ho asɛm. Saa Kristofo a wɔbɛkɔ akodi ade wɔ soro yi, Ɔhene Yesu Kristo bedi wɔn anim ama wɔaboa ma asaase no adan paradise. Afei nso, wɔbɛboa adasamma asoɔmmerɛwfo ma wɔakɔ pɛyɛ mu. Nnipa ɔpepem pii ba Nkaedi no ase sɛ bɛhwɛadefo. Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 35:5, 6; 65:21-23 ne Adiyisɛm 21:3, 4 no, sɛ ɔkasafo no rekyerɛ sɛnea ɛbɛba mu no a, ɛma wotumi twa wɔn anidaso no ho mfoni. Wei ma wɔn ani gye paa. Sɛ wɔde wɔn ani bu sɛnea wɔne wɔn adɔfo bɛtena wiase foforo no mu a, ɛhyɛ wɔn anidaso a wɔwɔ ma daakye no mu den. Afei nso, ɛma wosi wɔn bo sɛ wɔrennyae Yehowa som da.—Mat. 24:13; Gal. 6:9. w22.01 21 ¶5-7
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii bere a owia akɔtɔ: Nisan 9) Mateo 26:6-13
Fida, March 31
‘Onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’—Mar. 10:45.
Dɛn ne agyede no? Ɛyɛ nea Yesu tuae a ɔsan de tɔɔ hokwan a Adam ma efii ne nsa no. (1 Kor. 15:22) Adɛn nti na yehia agyede no? Yehia agyede no efisɛ Yehowa kyerɛe wɔ Mose Mmara no mu sɛ, N’atɛntrenee hwehwɛ sɛ nkwa si nkwa ananmu. (Ex. 21:23, 24) Adam maa ne nkwa a ewie pɛyɛ no fii ne nsa. Ɛno nti, na Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ Yesu de ne nkwa a ewie pɛyɛ no bɔ afɔre de si anan. (Rom. 5:17) Enti Yesu bɛyɛɛ “Daa Agya” maa wɔn a wonya gyidi wɔ n’agyede no mu nyinaa. (Yes. 9:6; Rom. 3:23, 24) Nea enti a na Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa bɔ afɔre ne sɛ, ɔdɔ n’Agya a ɔwɔ soro no paa, na nnipa nso, ɔdɔ yɛn paa. Yoh. 14:31; 15:13 Ɔdɔ kɛse a Yesu wɔ ma Yehowa ne nnipa nti, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware ne nkwa nna nyinaa, na wayɛ n’Agya apɛde awie. Nea Yesu yɛe nti, botae a Yehowa de bɔɔ nnipa ne asaase no bɛbam w21.04 14 ¶2-3
Nkaedi Bible akenkan: (Nsɛm a esisii da no: Nisan 9) Mateo 21:1-11, 14-17