Kristofo Nipasu No Fɛ A Ɛyɛ
“Monhyɛ nipasu foforo a wɔbɔe sɛnea Onyankopɔn pɛ te nokware trenee ne nokwaredi mu no.”—Efesofo 4:24, New World Translation
1. Ahoɔfɛ bɛn na yɛpɛ sɛ yɛka ho asɛm wɔ ha?
WƆKA asɛm bi sɛ ‘obi akɔnnɔde ne odompo nsono,’ a ɛkyerɛ sɛ ahoɔfɛ gyina sɛnea obi hu no no so. Dɛn ne Kristoni ɔbarima anaa Kristoni ɔbea ahoɔfɛ no? Ɛno ne nea yɛpɛ sɛ yesusuw ho mprempren
Ahoɔfɛ Mu A Wɔkyerɛkyerɛ Wɔ Kristoni Ɔbarima Ho
2. Dɛn nti na honam fam su horow nkutoo mma obi nyɛ Onyankopɔn nipa?
2 Ma yenni kan nsusuw su horow a ɛma Kristoni ɔbarima ho yɛ fɛ a ɛbɛma afoforo ani agye sɛ wɔne no bɛbɔ no ho. Honam fam su horow nkutoo mma obi nyɛ “Onyankopɔn nipa.” (1 Timoteo 6:11) Ɔbarima nipadua mu ahoɔfɛ ba bɛyɛ nea ɛnkyerɛ hwee, sɛ onni adwene a wɔde susuw nneɛma ho a. Sɛ ɔyɛ ahantan, ahomaso, obi a ommu ade ne anibiannaso a, nkurɔfo ani nnye ne ho—wɔrenka mma ne ho. Sɛ ne su da no adi sɛ onni anisɔ a, obetumi ato afoforo hintidua. Sɛ ne nkutoo ho na osusuw ne sɛnea ɔte anaa sɛnea afoforo ani gye ne ho a, ɔrenyɛ obi a afoforo bɛpɛ sɛ wɔne no bɔ.
3, 4. (a) Onyankopɔn nipa su horow a ɔbarima Yesu Kristo yɛɛ ho nhwɛso no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɔkwan bɛn so na wobɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn nipa su horow no bi mu?
3 Mmom no, Onyankopɔn nipa benya su horow a ɛne atɛntrenee, mmɔborohunu, ɔdɔ, ne ayamye. Ɛnyɛ sɛnea ná Yesu Kristo nipadua di mũ no na wɔde nim no na mmom nnyinasosɛm a ɔde dii dwuma ne ne nokwaredi nti. ɔkwan a na ɔfa so kyerɛkyerɛ no daa no adi sɛ obi a ɔde tumi a efi Onyankopɔn hɔ kasa. (Mateo 7:28, 29; Yohane 7:46) Onyankopɔn nipa remma tumi anaa din-gye ho akɔnnɔ nsɛe no. Mfaso ahorow a ɛwɔ dibea bi mu rentumi ntɔ no. ɔyɛ onipa a ɔyɛ den. Ɔdɔ ahobrɛase na ɔrenni atoro. Oyi Yehowa ho suro pa adi. (Mmebusɛm 22:4) Su horow a wobehu wɔ Onyankopɔn nipa ho no bi nen.
4 Onyankopɔn nipa wɔ ahonim, ɔwɔ koma ne adwene pa. (1 Timoteo 1:5; Mmebusɛm 4:23) Ɔrenyɛ nneɛma a ɛne n’ahonim nhyia, ɔremmu n’ani ngu trenee gyinapɛn ahorow so. Esiane sɛ ɔwɔ koma pa ne adwene a ɛteɛ nti, ɔremfa ɔkwan a ɛnteɛ biara so bere a ɔne afoforo di no. (Hebrifo 13:18) Ɔremma kwan mma abrabɔ ne nneyɛe a, ɛho ntew nsɛe adwene pa a ɔwɔ no. (Hosea 4:11) Ɔteɛ ne ho so bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ne koma remmɛyɛ okontomponi Wɔ asɛm ne nneyɛe mu no, ɔda ne ho adi sɛ onipa a ɔde nnyinasosɛm di dwuma.—Dwom 15:1, 2.
5. Dwuma bɛn na ayamhyehye di wɔ Onyankopɔn nipa asetra mu?
5 Onyankopɔn nipa wɔ ayamhyehye ma afoforo, ɔwɔ fafiri ne ayamye. Onipa a ɔwɔ ayamhyehye yɛ obi a ɔwɔ ahummɔbɔ. Otumi da timmɔbɔ ne ntease adi bere a afoforo wɔ ɔhaw ahorow a ɛyɛ den sɛ wobedi ho dwuma a ɛtie dadwene ba no. Nea ɛsen saa no, bere a obi afom no no, otumi de firi. Onnya adwene sɛ ɔde bɔne betua bɔne so ka anaasɛ ɔyaw betua ɔyaw so ka. Ampa asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:8, 9 no fata no. Esiane sɛ ɔnnome na mmom ohyira nti, ɔda no adi sɛ ɔwɔ ayamye na wadi akɔnnɔ horow a enye a ɛhyɛ onipa a ɔmfra, ɔbarima a onni ayamhyehye, nea onni fafiri ne ayamye mma afoforo no agyirae no so.—Efesofo 4:31, 32.
6. (a) Onyankopɔn nipa su atitiriw foforo bɛn na ɛwɔ hɔ, na dɛn na ɛkyerɛ? (b) Adwene bɛn na ɔbarima a ɔte sɛɛ yere ne ne mma benya wɔ ne ho?
6 Su titiriw foforo a ɛhyɛ Onyankopɔn nipa agyirae ne adɔeyɛ. Na sɛ waware a, ɔyɛ okunu ankasa ne agya a odi nokware. Sɛ́ obi a waware no, Onyankopɔn nipa wɔ hokwan kɛse a ɔde bɛyɛ obi a ɔwɔ nkɛntɛnso pa a ɔyɛ nhwɛso ma ne yere ne ne mma. (Kolosefo 3:19, 21) Wɔ asɛm a ɛfa adɔe a ɔyɛ ho mu no, ɔbarima a ɔte sɛɛ di Awurade Yesu Kristo afotu pa no akyi: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Wɔ abusua ho nsɛm mu no, ɔbarima a ɔte sɛɛ bɛhwɛ ne fifo yiye ampa. Obedi afotu fɛfɛ a ɛwɔ Efesofo 4:28 no nso akyi na ɔbɛyɛ “adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.” Sɛ́ okunu ankasa no, Onyankopɔn nipa bedi nokware wɔ aware nhyehyɛe no mu. Ne yere betumi anya ne mu ahotoso kɛse sɛ ɔbarima a ɔno nkutoo na ɔne no wɔ hɔ wɔ aware apam no mu. (Mmebusɛm 5:18, 19) Bio nso, sɛ ɔwɔ mma a, ɔbɛda no adi sɛ ɔyɛ agya a odi nokware, ɔnyɛ osisifo anaa obi a onni nokware wɔ ɔne afoforo nsɛm mu. Enti, ɔde nokwaredi ho nnyinasosɛm ahorow bɛhyɛ ne mma mu. (Mmebusɛm 4:1-5) Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara na ɔbarima a ɔte sɛɛ yɛ ma ne mma a ɛnkyɛ na biribi aka wɔn adwene mu no! Wobetumi ahu no sɛ ɔbarima a odi nokware, mudi mu kurafo.—Mmebusɛm 11:3, 4.
7. Ɛka ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na Onyankopɔn nipa benya?
7 Wɔ eyi mu nso no, Onyankopɔn nipa bɛhwɛ sɛ ɔne n’abusua remfa ka adesoa a emu yɛ duru mmɛto wɔn ho so, na onim sɛ eyi betumi de ɔhaw ahorow a emu yɛ den aba. Eyi kyerɛ sɛ n’ankasa anaa n’abusua no renni mmoro nea wonya so. Oyɛ onipa a obebu biribi ho akontaa ansa na wayɛ. (Luka 14:28-30) Obetumi de nneɛma bi akame ne ho mprempren esiane daakye nti, na sɛnea yɛbɛka no no, otumi gyae nea wohu mu esiane nea wonhu nti. (Fa toto Hebrifo 11:8-10 ho.) Tra a Onyankopɔn nipa tra ase wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no bɛboa no ma wakura ne Kristofo ahonim no mu wɔ ne da biara asetra mu.
8. Ɔkwan bɛn so na ɔbarima a ɔte sɛɛ begyina tebea horow a enye ano wɔ n’asetra mu?
8 Esiane bɔne ne sintɔ nti ɛtɔ bere bi a ɛho hia sɛ adesamma nyinaa hyia tebea horow a enye wɔ wɔn asetra mu. Nanso Onyankopɔn nipa benya akokoduru na ɔde nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu de adi nhwɛso a Yesu yɛe no akyi. (Yohane 16:33) Ɔde akokoduru bedi ɔhaw ahorow a emu yɛ den ho dwuma wɔ ne Nyankopɔn, Yehowa, no ahoɔden mu, na ɔde ne ho bɛto Yehowa so na wama no mmoa ne akwankyerɛ.—Mmebusɛm 18:10.
9. Ɔkwan bɛn so na wobɛka ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani abrabɔ ho asɛm?
9 Obi a ɔyɛ Onyankopɔn nipa ampa no tumidi ne nipadua so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ odi n’akɔnnɔ ne ne nkate ahorow so a onim sɛ ne nipadua yɛ akoa pa a ɔsan yɛ owura bɔne nso. Ɔkae ɔsomafo Paulo asɛm a efi honhom mu no bere nyinaa: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Enti ɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛsow “honhom aba, anidahɔ,” na ɔtwe ne ho fi nneɛma a ɛbɛsɛe no ho. (Galatifo 5:22, 23) Ɔde nyansa hu sɛ ne ho mu a obegyaa ama ɔbrasɛe adwene no betumi ama ɔde ne ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Bio, ne Nyankopɔn, Yehowa, ne N’ahoɔden a ɔde ma no so na ɔde ne ho to.—Filipifo 4:13.
10, 11. (a) Su pa bɛn na Onyankopɔn nipa da no adi bere a odi mfomso no? (b) nhwɛso bɛn na mmusua ti bedi akyi wɔ abusua adesua mu?
10 Na nea etwa to no, Onyankopɔn nipa tumi gye ne mfomso tom, ɔka sɛ manyɛ no yiye, odi mfomso a esiane ne sintɔ nti ɔyɛ tia ne yere ne afoforo wɔ ɔkwan biako anaa foforo so no ho yaw. Obetumi de koma a emu tew akɔ Yehowa anim na wasrɛ ne bɔne ahorow no ho fafiri efisɛ wasrɛ ne yere, ne yɔnko nipa, ne ne mma sɛ wɔmfa mfiri no. Sɛ́ wobetumi aka sɛ, “Mepa wo kyɛw, manyɛ no yiye yiye” no yɛ obi a ɔyɛ ɔbarima ankasa, ne titiriw no, Onyankopɔn nipa, agyiraehyɛde.—Mateo 18:21, 22; Marko 11:25.
11 So worenka sɛ Yehowa bɛboa ɔbarima, ne agya a ɔte sɛɛ? (Dwom 54:4) Ampa, ɔbɛyɛ obi a wasiesie ne ho a obetumi agyina ɔhaw ahorow a nnɛ wiase yi de ba yɛn nyinaa so esiane Satan nnɛɛdɛe ne ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛsɛe biribiara a eye a aware ne abusua nhyehyɛe a ɛyɛ anigye no ka ho no ano. Ɔbɛhwɛ abusua mufo no honhom mu yiyedi so, adi wɔn anim wɔ Onyankopɔn Asɛm no a wosua daa ne mpaebɔ mu de adi Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtraa ase Bible mmere mu nhwɛso no akyi.—Deuteronomium 11:18-21; Mmebusɛm 7:1-3.
12. Hena afã a ɛho hia na yebesusuw ho afei?
12 Nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɔyere no nso afã wɔ abusua mu ɔhaw ahorow ano a wobegyina mu wɔ hɔ. Afei ma yensusuw su horow a ɔbɛpɛ sɛ onya wɔ n’asetra mu no ho.—Mmebusɛm 19:14.
Ahoɔfɛ Mu A Wɔkyerɛkyerɛ Wɔ Kristoni Ɔbea Ho
13, 14. Dɛn na ɔbea betumi ayɛ na wanya Yehowa dom, na sɛ waware a, n’abusua nso de, na ɔsomafo Petro afotu a ɛwɔ 1 Petro 3:1-5 no yɛ dɛn ma mmea?
13 Mmebusɛm nhoma no ka biribi kyerɛ yɛn wɔ ɔbea a osuro Onyankopɔn ho: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:30) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɔbea nya su horow a ɛma ne kunu ne ne mma dɔ no, anaasɛ sɛ ɔyɛ ɔhokwafo a, ɛma afoforo ani gye sɛ wɔbɛbɛn no yi? Nea edi kan no, ɔbea a osuro Onyankopɔn yɛ obi a obue ne komam, kyerɛ sɛ, ɔyɛ adɔe a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa afoforo wɔ ɔkwan biara a obetumi so, honam fam ne honhom fam. Sɛ afoforo hia mmoa a, ɔka wɔn a wodi kan a wɔbɛpɛ sɛ wɔboa no ho, na ɔma n’ani kũ afoforo ahiade ho ankasa. Nanso sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ɔkari pɛ wɔ eyi yɛ ne n’ani a ɛsɛ sɛ ɔma ekũ n’ankasa abusua ho no mu.—Tito 2:3-5.
14 Bio nso ɔbea a ɔte sɛɛ wɔ ahobrɛase adwene, ɔnyɛ ahantan; ne yam ye, ɔnkyerɛ ne ho; ne ho tew, ɔnyɛ ne ho basaa; ɔwɔ ayamhyehye, ɔnyɛ atutupɛ. Na sɛ waware a, ɔbɔ mmɔden sɛ obedi afotu a ɔsomafo no de ma wɔ 1 Petro 3:1-5 no akyi.
15. (a) Botae bɛn na ɛsɛ sɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn nya, na ɔbɛyɛ dɛn adu ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ obi a ɔboa ne kunu? (d) Dɛn nti na ɔkɔ so ara yɛ obi a wɔdɔ no wɔ abusua no mu?
15 Afei nso ɔbea a osuro Onyankopɔn nni wiase no adwene na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ obenya honhom mu su ahorow. Ɔyɛ obi a ɔbɔ Bible no akenkan ho mmɔden na n’ani gye ho sɛ ɔde nnyinasosɛm ahorow no bedi dwuma wɔ n’asetra mu. (Dwom 119:66) Ɛnyɛ nimdeɛ a ne nkutoo pɛ sɛ onya nti na ɔyɛ eyi na mmom ɔwɔ adwene sɛ ɔbɛka nneɛma pa a wasua no ho asɛm akyerɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu ne afei afipamfo, abusuafo ne nnamfo a ohyia wɔn da biara no. Okunu Kristoni ani gye ɔyere a ɔne no tumi bɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ sɛ ne boafo ho, obi a ɔno nso ani sɔ honhom mu nneɛma na ɔpɛ sɛ ɔne no bom hu Yehowa yiye no. (Mmebusɛm 9:9, 10) Enti ɔbea a osuro Onyankopɔn no wɔ nhumu ne ntease. Sɛ waware a, ohu n’adwuma sɛ ne kunu boafo no. Ɔboa ne kunu wɔ honhom mu akwankyerɛ a ɔde ma mmofra no mu, ne titiriw, bere a ne kunu nni fie no. (Fa toto 2 Timoteo 1:2, 5; 2 Yohane 1, 2 ho.) Ɔbɛkɔ so ayi ɔdɔ adi na ɛno nti wɔbɛkɔ so adɔ no wɔ abusua no mu bere a ne mmabaaberem ahoɔfɛ no kɔ akyi bere tenten mpo no. Ne kunu betumi de ne ho ato no so wɔ adwenkyerɛ ne nkuranhyɛ a eye na ɛteɛ mu, efisɛ ɔyɛ onyansafo ne obi a ɔwɔ adwempa (Mmebusɛm 25:11) Ɛyɛ bere a Abigail de nhumu dii dwuma na ɔyɛɛ ade ntɛm so no na ɛmaa Dawid kae sɛ: “Nhyira nka w’adwempa.”—1 Samuel 25:32, 33.
16. Nsɛm ne nneyɛe bɛn na ɛma wohu ɔbea a osuro Onyankopɔn?
16 Nkɛntɛnso kakra a eye a ɔyere nya de boa ne kunu no renyɛ nea nsɛm a emu yɛ yaw anaa fɛwdi wom. Onya ɔdom denam nsɛm a ɛfata a ɔka, ne dɔ nnwuma, nsiyɛ, ayamye ne ntease a emu dɔ a ɔwɔ so. (Fa toto Mmebusɛm 25:11; 31:10-28; 1 Tesalonikafo 2:7 ho.) Odwo, gyidi, ahobrɛase, eyinom ne su horow a ɛma wɔdɔ ɔbea a osuro Onyankopɔn no daa.—Dwom 37:11; Hebrifo 11:11, 31, 35; Mmebusɛm 11:2.
17. Bo bɛn na ɔdɔ su som ma ɔbea a osuro Onyankopɔn?
17 Ɔbea a osuro Onyankopɔn su titiriw foforo ne ayamhyehye ne ɔdɔ adi a otumi yi no. (Romafo 12:10) N’ahyehyɛde a ɛsen biara ne ɔdɔ a ɛremma ɔnyɛ obi a ɔnte asɛm ase wɔ nneɛma nketenkete mu no. Hwɛ sɛnea wɔka saa ɔdɔ no ho asɛm fɛfɛ wɔ 1 Korintofo 13:4-7. Ɛkenkan wɔ The New English Bible mu sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre; ɔdɔ yam ye, n’ani mmere obiara. Ɔdɔ nhoahoa ne ho, ɛnhoran; ɛnyɛ pɛsɛmenkominya, ne bo nfuw ntɛm. Ɔdɔ mmu mfomso ho akontaa; n’ani nnye nnipa afoforo bɔne ho, na mmom n’ani gye nokware no mu. Biribiara nni hɔ a ɔdɔ ntumi nnyina ano; ne gyidi, n’anidaso ne ne boasetɔ nni ano.”
Yɛyɛ Nnipa Bɛn?
18. Nsemmisa a ɛfa ankoroankoro ho bɛn na ɛda yɛn mu biara anim mprempen, na dɛn na yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛyɛ?
18 Afei asemmisa kɛse no ne sɛ: Sɛ́ yɛyɛ awarefo anaa ahokwafo no, so wobetumi ahu yɛn mu biara sɛ obi a ɔyɛ Kristoni? So nneɛma bi wɔ hɔ a yetumi hu sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔ so yɛ nsakrae wom bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ne yɛn mfɛfo nnipa ani no? Ɛda adi sɛ yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ biara bɛma yɛahu nneɛma a yebetumi anya nkɔso wom. Nanso hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu nkɔso a ɛte sɛɛ wɔ yɛn ankasa ho, na nea ɛsen saa no, afoforo nso ahu na wɔaka nsakrae ahorow a yɛyɛ esiane Onyankopɔn Asɛm no ne ne nkyerɛkyerɛ akyi a yedi nti no ho asɛm!—2 Korintofo 13:5; 1 Timoteo 4:15, 16.
19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi ɔhaw ahorow a yehyia bere a yɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛtra ase wɔ asomdwoe ne onyamesuro mu no ho dwuma?
19 Bere a obi yɛ ɔhokwafo no, obetumi abɔ mmɔden anya su ahorow yi. (1 Korintofo 7:32) Na bere a ebia onii no besi gyinae da bi sɛ ɔbɛware no, su horow yi bi a ɔwɔ no bɛboa no. Wɔ wɔn a wɔaware fam no, Kristofo su horow a wɔbɛkɔ so anya de anigye kɛse bɛbrɛ wɔn. (Filipifo 4:8, 9) Ɔhaw ahorow ho dwuma a wobedi hia awarefo baanu no nyinaa mmɔdenbɔ. Ɔpɛ a obi wɔ sɛ obegye ne su horow a enye atom na wayɛ nsakrae betumi aboa kɛse wɔ Kristofo nipasu a eye a obenya no mu. (Kolosefo 3:8-10) Kae nso sɛ Kristoni ɔbarima anaa Kristoni ɔbea agyiraehyɛde ne ka a otumi ka sɛ, “Manyɛ no yiye, mesrɛ wo fa firi me.” Yɛn nyinaa yɛ mfomso. Sɛ yegye tom a, yɛda su pa a ɛne ahobrɛase ne odwo a yɛrenya no adi.—Mika 6:8; Yakobo 3:2.
20. Ɔsomafo Paulo asɛm a ɛfata a ɛwɔ Kolosefo 3:12-17 bɛn na ɛboa na ɛyɛ nea eye ma yɛn nyinaa?
20 Hwɛ fata ara a Paulo asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Kolose no fata: “Sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ “a ɛne pɛyɛ hama no ngu. Na Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ. Momma Kristo asɛm no ntra mo mu bebree: monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho nyansa nyinaa mu, momfa sanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛw so mo koma mu mma Onyankopɔn. Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.”—Kolosefo 3:12-17.
21. Ɔkwan bɛn so na yɛn abrabɔ ne yɛn nneyɛe hyɛ afoforo nkuran?
21 Ɛsɛ sɛ nhwɛso ahorow fɛfɛ a ɛwɔ Bible mu ne afei nso Kristofo asafo no mu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no hyɛ yɛn nyinaa nkuran ma yɛko so yɛ nipasu foforo no ho adwuma. (Efesofo 4:22-24) Ɛdenam saa yɛ so no, yɛbɛyɛ nhyira ama wɔn a yɛne wɔn bɔ nyinaa. Bio nso, ɛnyɛ yɛn asɛm a yɛka no nko na afoforo pii a yɛde Ahenni ho asɛm no kɔ wɔn nkyɛn no ani begye ho na ahyɛ wɔn nkuran na mmom nnamyɛ ne abrabɔ pa a wohu wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa abusua no mu no nso.—Yohane 13:34, 35.
Dɛn na wobɛka wɔ nea ɛwɔ atifi hɔ no ntĩmu mu?
◻ Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nipa nya?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoni ɔbarima bɛhwɛ ne yere ne n’abusua?
◻ Su pa ahorow bɛn na ɛma Kristoni ɔbea da nsow?
◻ Ɔkwan bɛn so na ahokwafo betumi asiesie wɔn ho wɔ nyansam ama daakye?
[Kratafa 32 adaka]
So Anigye Betumi Aba Aware Mu Nnɛ?
Eyi ne nea nnipa pii bisa. Na akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wobɛpɛ sɛ wuhu. Ɛnde kenkan mmuae ne akwankyerɛ a egyina Bible so a wɔde ama wɔ nhoma fɛfɛ a wɔato din Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no mu no. Yiw, sɛ wode ₵50 pɛ mana Watch Tower, Box 760, Accra, a, wo nsa bɛka eyi biako.
[Kratafa 28 mfoni]
Ɔbarima a ɔyɛ honhom muni yi su horow a ɛtwe afoforo bɛn no adi
[Kratafa 30 mfoni]
Ɔyere pa yi ɔdɔ odi na ɛma wɔdɔ ɔno nso
[Kratafa 31 mfoni]
Kristofo ahokwafo betumi anya nipasu foforo no na ama wɔanya asetra a edi mũ a anigye wom