“Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
“Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.”—1 KOR. 15:26.
1, 2. Mfiase no na Adam ne Hawa asetena te sɛn? Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?
BERE a Yehowa bɔɔ Adam ne Hawa no, na wonni ɔtamfo biara. Na wɔyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔwɔ paradise. Na wɔne wɔn Bɔfo no ntam yɛ kama te sɛ agya ne ne mma. (Gen. 2:7-9; Luka 3:38) Onyankopɔn de adwuma titiriw bi hyɛɛ wɔn nsa. (Monkenkan Genesis 1:28.) Ɔkae sɛ ‘wɔbɛhyɛ asase so mã’ na wɔasiesie so; na wonhia daa nkwa na wɔde ayɛ eyi. Nanso sɛ Adam ne Hawa betumi adi “mmoa a wɔnenam asase so” no so a, na ɛsɛ sɛ wɔtena ase daa. Enti owu deɛ na enni asɛm no mu koraa.
2 Ɛnde, adɛn nti na nneɛma asesa koraa saa nnɛ? Adɛn nti na atamfo pii, ɛnkanka owu, atena yɛn anigye so saa? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ de asɛe atamfo yi? Nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ Bible mu; momma yensusuw ho.
ONYANKOPƆN BƆƆ WƆN KƆKƆ
3, 4. (a) Ahyɛde bɛn na Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa? (b) Adɛn nti na na ɛnsɛ sɛ wodi ahyɛde yi ho agorɔ koraa?
3 Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa sɛ wɔntena ase daa, nanso na ɛnkyerɛ sɛ wɔne owu abɔ nsianho korakora. Sɛ wɔbɛkɔ so atena ase a, na ehia sɛ wɔhome mframa, wodidi nom nsu, na wotumi da. Nanso na ehia paa sɛ wɔma wɔne Yehowa ayɔnkofa ho hia wɔn efisɛ ɔno ne Nkwamafo. (Deut. 8:3) Sɛ wobetumi atena ase daa anya anigye a, na biribi titiriw bi ho hia: Ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa kyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so. Ansa na Yehowa rebɔ Hawa mpo no, ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”—Gen. 2:16, 17.
4 “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no” kyerɛ sɛ na Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Onyankopɔn bɔɔ Adam wɔ ne suban so na ɔmaa no ahonim, enti na onim papa ne bɔne. Nanso dua no kaee Adam ne Hawa sɛ wohia Yehowa wɔ wɔn asetenam daa; ɔno na na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn kwan. Sɛ wodi dua no aba a, na ɛte sɛ nea wɔreka akyerɛ Onyankopɔn sɛ, “Yenhia wo mmara biara.” Sɛ ɛba saa a, wɔne wɔn asefo bewu sɛnea na Onyankopɔn adi kan aka no.
NEA ƐYƐE A OWU BƐSOƐƐ ADESAMMA
5. Ɛyɛɛ dɛn na Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden?
5 Bere a Yehowa bɔɔ Hawa no, Adam kaa mmara a Yehowa ahyɛ no kyerɛɛ no. Na Hawa nim mmara no yiye, na akyiri yi otii mu kae. (Gen. 3:1-3) Bere a Satan nam ɔwɔ so ne no rekasa no, otii mmara no mu kyerɛɛ no. Na Satan yɛ Onyankopɔn ba a ahantan adonnɔn no, otuatewfo a n’ani bere tumidi. (Fa toto Yakobo 1:14, 15 ho.) Ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo na sɛ wantie Onyankopɔn a ɔrenwu, na mmom ɔbɛyɛ sɛ ɔno Nyankopɔn no ara. (Gen. 3:4, 5) Hawa nso gyee no dii, na osii ne bo tew aduaba no bi dii. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ Adam sɛ ɔno nso nni bi. (Gen. 3:6, 17) Satan dii atoro kyerɛɛ Hawa. (Monkenkan 1 Timoteo 2:14.) Na Adam nim sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obedi aduaba no, nanso otiee ne yere. Wohwɛ a na akɔyɛ te sɛ ɔwɔ no yɛ Hawa adamfo, nanso nea na ɔhyɛ aboa no akyi no yɛ ɔtamfo tirimɔdenfo a onni ahummɔbɔ koraa. Na onim paa sɛ n’atosɛm no de nsunsuanso bɔne na ɛbɛba.
6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dii Adam ne Hawa asɛm buu wɔn atɛn?
6 Yehowa na ɔmaa Adam ne Hawa nkwa ne adepa biara, nanso wɔtew ne so atua. Nea ɛrekɔ so nyinaa na Yehowa ani tua. (1 Be. 28:9; monkenkan Mmebusɛm 15:3.) Nanso Yehowa maa Adam, Hawa, ne Satan kwan sɛ wɔnkyerɛ adwene a wɔwɔ wɔ ne ho. Na Yehowa ne wɔn Agya, enti ɔkwan biara so nea wɔyɛe no yɛɛ no yaw. (Fa toto Genesis 6:6 ho.) Nanso Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔteɛ, enti ɔtwee wɔn aso sɛnea ɔkae sɛ ɔbɛyɛ no.
7 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ ɛnsɛ sɛ odi papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no, efisɛ ‘da a obedi bi no, owu na obewu.’ Ebia na Adam susuw sɛ, sɛ obu ahyɛde yi so a, obewu ansa na owia akɔtɔ. Nanso saa anwummere no ara Yehowa ne Adam kasae. (Gen. 3:8) Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔteɛ, enti odii kan tiee Adam ne Hawa anom asɛm. (Gen. 3:9-13) Afei obuu wɔn atɛn. (Gen. 3:14-19) Sɛ Yehowa kum wɔn amonom hɔ ara a, anka nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma no remma mu. (Yes. 55:11) Bere a Yehowa buu Adam ne Hawa kumfɔ no, wɔn bɔne ho nsunsuanso fii ase, nanso Yehowa maa wɔkɔɔ so tenaa ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛwo na wɔn mma anya daakye papa. Efi da a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no na wɔadan teaseawu wɔ Yehowa ani so. Afei esiane sɛ mfe 1,000 yɛ da koro wɔ Yehowa ani so nti, yebetumi aka sɛ wowui “da” no ara.—2 Pet. 3:8.
8, 9. Ɔkwan bɛn so na Adam bɔne kaa ne mma nyinaa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
8 Adam ne Hawa mma nso ɛ? Nea wɔn awofo yɛe no bɛka wɔn anaa? Aane. Romafo 5:12 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Ɔsomafo Paulo de kaa ho sɛ: “Onipa biako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo.” (Rom. 5:19) Ɔnokwafo Habel na odii kan wui. (Gen. 4:8) Afei Adam mma a aka ne ne mmanana bɔɔ nkwakoraa ne mmerewa wuwui. Enti “agyapade” a Adam ne Hawa de gyaw adesamma ne bɔne ne owu; atamfo mmienu yi di nnipa nya paa. Yɛrentumi nkyerɛ ɔkwan pɔtee a Adam de bɔne ne owu san ne mma, nanso nea afi mu aba deɛ yɛn ani tua.
9 Enti sɛ Bible ka sɛ bɔne ne owu te sɛ “ntama a wɔde akata aman nyinaa so” anaa “kuntu a ɛkata nnipa nyinaa so” a, ntease wom. (Yes. 25:7) Onipa biara nni hɔ a obetumi akwati bɔne ne owu. Bible ka sɛ “obiara rewu wɔ Adam mu.” (1 Kor. 15:22) Enti Paulo bisae sɛ: “Hena na obegye me afi nipadua a ɛrekɔ owu mu yi mu?” (Rom. 7:24) Ogyefo bi wɔ hɔ anaa?a
YEHOWA BETU BƆNE NE OWU AGU
10. (a) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa beyi owu afi hɔ? (b) Dɛn na Kyerɛw nsɛm yi ma yehu fa Yehowa ne ne ba no ho?
10 Yehowa betumi agye Paulo. Bible ka sɛ: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.” (Yes. 25:8) Yehowa te sɛ agya bi a ne ba resu na ɔrekorɔkorɔ no popa n’aniwam nusu. Ɛyɛ no dɛ paa sɛ obeyi owu afi hɔ! Yesu bɛboa no ma wayɛ saa. Bible ka wɔ 1 Korintofo 15:22 sɛ: “Wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.” Bere a Paulo bisae sɛ: “Hena na obegye me?” no, ɔno ara kae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Rom. 7:25) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma no ano annwo. Yehowa nam Yesu so na ɔbɔɔ Adam ne Hawa, na Yesu nso dɔ nnipa. (Mmeb. 8:30, 31) Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa bɛfa so agye adesamma afi bɔne ne owu mu?
11. Dɛn na Yehowa ayɛ de aboa adesamma?
11 Bere a Adam yɛɛ bɔne no, Yehowa buu no kumfɔ. Eyi nyinaa na akɔfa sintɔ ne owu abɛto adesamma so no. (Rom. 5:12, 16) Romafo 5:18 ka sɛ: “Bɔne biako de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so.” Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa ayi saa afobu yi afi hɔ na bere koro no ara wama n’atɛntrenee ayɛ adwuma? Yesu buaa asɛm yi bere a ɔkae sɛ ɔbae sɛ ‘ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree’ no. (Mat. 20:28) Na Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ, enti na obetumi ama yɛanya agyede. Ɛbɛyɛ dɛn na agyede yi ama atɛntrenee ayɛ adwuma?—1 Tim. 2:5, 6.
12. Adɛn nti na agyede no ne Yehowa atɛntrenee hyia?
12 Na Yesu yɛ pɛ, enti anka obetumi atena ase daa wɔ asase so. Biribi saa na na Yehowa pɛ sɛ Adam nsa ka. Yesu dɔ n’Agya ne Adam asefo nyinaa, enti ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre. Yesu nkwa a ɔde bɔɔ afɔre no ne Adam de a ɔhweree no yɛ pɛ. Akyiri yi Yehowa nyanee Yesu kɔɔ soro sɛ honhom. (1 Pet. 3:18) Yehowa gyee Yesu agyede no toom efisɛ na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre de tɔɔ Adam asefo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya daa nkwa a Adam hweree no. Enti Yehowa de n’atɛntrenee yɛɛ adwuma wɔ ha, efisɛ onipa a ɔyɛ pɛ besii onipa a ɔyɛ pɛ anan. Ɛno nti na Paulo frɛɛ Yesu “Adam a odi akyiri” no. Seesei ɔyɛ honhom a ɔma nkwa.—1 Kor. 15:45.
13. Dɛn na “Adam a odi akyiri” no bɛyɛ ama nnipa a wɔawuwu?
13 Ɛrenkyɛ biara “Adam a odi akyiri” yi bɛma adesamma anya daa nkwa. Adam asefo a wɔawuwu no mu dodow no ara benyan na wɔasan abɛtena ase daa wɔ asase so.—Yoh. 5:28, 29.
14. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa ade wɔn ho afi sintɔ ho?
14 Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa ade wɔn ho afi sintɔ ho? Yehowa wɔ aban bi wɔ soro a ɛbɛyɛ eyi. Yehowa apaw nnipa 144,000 afi adesamma mu a wɔbɛka Yesu ho ne no adi ade wɔ soro. (Monkenkan Adiyisɛm 5:9, 10.) Esiane sɛ 144,000 no yɛ nnipa a wɔatena asase so pɛn na wonim nnipa sintɔ nti, wɔbɛte adesamma ase. Yesu ne ne mfɛfo yi bedi ade mfe 1,000, na wɔbɛboa adesamma ma wɔayɛ pɛ a sintɔ biara nni wɔn ho.—Adi. 20:6.
15, 16. (a) Owu bɛn na Bible frɛ no ‘ɔtamfo a otwa to’ no? Bere bɛn na wobetu no agu? (b) Dɛn na 1 Korintofo 15:28 ka sɛ Yesu bɛyɛ?
15 Mfe 1,000 no bɛba awiei no, na nnipa asoɔmmerɛwfo ade wɔn ho afi bɔne ne owu ho. Paulo kae sɛ: “Sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu. Nanso obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a edi kan no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea [wɔn a wɔne no bedi ade] no adi hɔ wɔ ne mmae mu. Ɛno akyi na awiei no bɛba ma ɔde ahenni no ahyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa, bere a watu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa agu no. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a otwa to a obetu no agu ne owu.” (1 Kor. 15:22-26) Afei owu a yenya fii Adam hɔ no befi hɔ. “Kuntu” a akata adesamma so yi bɛyera korakora.—Yes. 25:7, 8.
16 Paulo de kaa ho sɛ: “Sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, afei Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ Nea ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa ama obiara.” (1 Kor. 15:28) Ebedu saa bere no, na Yesu nniso no awie n’adwuma. Ɛbɛyɛ Yesu dɛ sɛ wawie adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no, na ɔbɛdan ne tumi ama n’Agya na ɔde adesamma a sintɔ ne dɛm biara nni wɔn ho ahyɛ Yehowa nsa.
17. Dɛn na ɛbɛto Satan?
17 Ɛnde, Satan a ɔkɔfaa adesamma haw nyinaa bae no nso ɛ? Dɛn na ɛbɛto no? Ɛho mmuae wɔ Adiyisɛm 20:7-15. Mfe 1,000 no bɛba awiei no na nnipa ayɛ pɛ, na Satan benya hokwan de ne nnaadaasɛm asɔ wɔn ahwɛ. Afei wɔbɛsɛe Satan ne wɔn a wɔbɛkɔ akodi n’akyi nyinaa ma wɔn ase ahyew koraa. Eyi ne “owuprenu” no. (Adi. 21:8) Eyi yɛ owu a wɔrentumi ‘ntu ngu’ efisɛ wɔn a wobewu “owuprenu” no rennya owusɔre da. Sɛ yedi Yehowa nokware a, ɛnsɛ sɛ yesuro “owuprenu” no.
18. Ɛhefo na wɔbɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam nsa no?
18 Saa bere no adesamma nyinaa bɛyɛ pɛ, na Yehowa begye wɔn atom ama wɔn daa nkwa. Atamfo a wɔatena adesamma anigye so nyinaa befi hɔ. Onyankopɔn bɛhwɛ ama nnipa ayɛ adwuma a ɔde hyɛɛ Adam nsa no, adwuma a Adam de kɔsoo kwan mu no. N’asefo bɛhwɛ asase ne ɛso mmoa nyinaa so. Momma yɛn ani nnye sɛ nnansa yi ara Yehowa betu owu, ɔtamfo a otwa to no agu koraa!
a Yɛn nhoma a wɔato din Insight on the Scriptures ka sɛ abɔde mu nyansahufo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ nea enti a nnipa bɔ nkwakoraa ne mmerewa na wowuwu, nanso nokwasɛm bi wɔ hɔ a wonnim. Wonnim sɛ Ɔbɔadeɛ no ankasa na obuu Adam ne Hawa kumfɔ. Enti nnipa rentumi nte biribiara ase na wɔakyerɛkyerɛ mu.—Po 2, kratafa 247.