Kamfo Kristo, Ɔhene Nuonyamfo No!
“Kodi nkonim w’anuonyam mu.”—DW. 45:4.
1, 2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Dwom 45 ho?
ƆHENE nuonyamfo bi te ne pɔnkɔ so rekodi n’atamfo so nkonim. Otu sa nokwaredi ne trenee mu. Sɛ owie ne nkonimdi a, obehyia ayeforo. Ɔhene yi din renyera da. Awo ntoatoaso nyinaa, wɔbɛkamfo no. Nea yɛaka yi nyinaa bɔ Dwom 45 mua.
2 Nanso ɛnyɛ anikasɛm yi nko ara na ɛwɔ Dwom 45 mu. Nsɛm a ɛwom no kyerɛ biribi ma yɛn. Ɛfa yɛn ho nnɛ, na ɛka yɛn daakye nso. Ɛnde, momma yɛntɔ yɛn bo ase mpɛɛpɛɛ dwom yi mu.
‘ASƐMPA AHYƐ ME KOMA MA, ABU SO’
3, 4. (a) “Asɛmpa” bɛn na ɛfa yɛn ho, na ɔkwan bɛn so na ɛka yɛn koma? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘yɛn nnwuma fa ɔhene no ho’? Dɛn na yɛyɛ a ɛma yɛn tɛkrɛma yɛ sɛ kyerɛwdua?
3 Monkenkan Dwom 45:1. “Asɛmpa” no fa ɔhene bi ho, na ɛhyɛɛ odwontofo no ‘koma mã ma ebuu so.’ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “abu so” no betumi akyerɛ biribi a “ɛrehuru.” Eyi kyerɛ sɛ asɛm no hyɛɛ odwontofo no koma mã maa ne tɛkrɛma woroo nsɛm te sɛ “ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw kyerɛwdua.”
4 Yɛn nso Mesia Ahenni no ho asɛm yɛ asɛmpa a ɛka yɛn koma. Sɛ yɛreka a, afe 1914 paa na Ahenni ho asɛm no bɛyɛɛ “asɛmpa.” Efi saa bere no reba no, sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm a, ɛnyɛ daakye asɛm bio, efisɛ Ahenni no wɔ hɔ, na seesei ɛreyɛ adwuma wɔ soro. Eyi ne “ahenni ho asɛmpa” a yɛreka “wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:14) Ɛnde, yemmisa sɛ, ‘Ahenni ho asɛm no ka wo koma anaa?’ ‘Wode nsi ne ahokeka ka Ahenni ho asɛmpa no?’ Yɛn nso yɛte sɛ odwontofo no ara; ‘yɛn nnwuma’ fa yɛn hene Yesu Kristo ho. Yɛbɔ no dawuru kyerɛ obiara sɛ ɔno na wɔde no atena Mesia Ahenni no agua so wɔ soro. Yɛka kyerɛ ahemfo ne wɔn mamfo ne obi biara sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ɔhene Kristo ase. (Dw. 2:1, 2, 4-12) Yɛma yɛn tɛkrɛma yɛ sɛ “ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw kyerɛwdua,” kyerɛ sɛ yɛde Bible yɛ adwuma fekɔfekɔ wɔ asɛnka adwuma no mu.
Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛreka yɛn Hene Yesu Kristo ho asɛmpa
‘WƆDE ANUONYAM AHYƐ ƆHENE NO ANO’
5. (a) Dɛn na ɛmaa Yesu ‘ho yɛɛ fɛ’? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘wɔde anuonyam hyɛɛ Ɔhene no ano’? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?
5 Monkenkan Dwom 45:2. Sɛnea na Yesu te wɔ nipadua mu deɛ Bible nhyɛ da nka ho asɛm, nanso obi a ɔyɛ pɛ deɛ, ɛnyɛ dɛn ara na ‘ne ho yɛ fɛ.’ Nanso nneɛma abien bi na ɛmaa n’ahoɔfɛ daa adi paa: Odii Yehowa nokware na ɔde ne ho fam ne ho kosii ase. Bio nso Yesu kaa Ahenni ho asɛm ma ‘ɛkaa nnipa koma.’ (Luka 4:22; Yoh. 7:46) Yɛn nso ɛ, sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, yesuasua Yesu? Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm no ma aka nkurɔfo koma?—Kol. 4:6.
6. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de hyiraa Yesu “daa”?
6 Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no wɔ asase so no, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe. Yehowa nso hyiraa no, na ne wu akyi no, ɔmaa no so. Ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu. Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara, ma enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase nyinaa, na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.” (Filip. 2:8-11) Yehowa hyiraa Yesu “daa,” kyerɛ sɛ onyan no fii awufo mu, na owuo nni ne so tumi bio.—Rom. 6:9.
ƆYƐƐ ƆHENE NO KƐSE SEN NE “MFƐFO”
7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn sraa Yesu sen ne “mfɛfo”?
7 Monkenkan Dwom 45:6, 7. Ná Yesu dɔ trenee paa, na biribiara a ebegu n’Agya din ho fĩ deɛ, na okyi kɔkɔɔkɔ. Enti Yehowa sraa no sii no Hene wɔ Mesia Ahenni no so. Yehowa de “ahurusi ngo” sraa Yesu sen ne “mfɛfo.” Saa mfɛfo no ne Dawid asefo a wɔbɛyɛɛ ahemfo wɔ Yuda no. Ɔkwan bɛn so na Yesu ‘sen ne mfɛfo’? Ade biako ne sɛ Yesu deɛ Yehowa ankasa na ɔsraa no. Bio nso Yehowa sraa Yesu ma ɔbɛyɛɛ Ɔhene ne Sɔfo Panyin. (Dw. 2:2; Heb. 5:5, 6) Afei nso honhom kronkron na ɔde sraa Yesu, ɛnyɛ ngo. Nokwasɛm foforo ne sɛ n’ahenni mfi asase so, mmom efi soro.
8. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘Onyankopɔn ne Yesu ahengua’? Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ trenee bedi akoten wɔ Yesu ahenni mu?
8 Yehowa sii ne Ba no Hene wɔ Mesia Ahenni no so afe 1914. ‘N’ahempoma yɛ teeyɛ poma.’ Eyi si so dua sɛ trenee ne atɛntrenee bedi akoten wɔ n’ahenni mu. ‘Onyankopɔn ne n’ahengua,’ enti ne tumi si pi, asɛm nni ho. Yehowa ankasa ne n’ahenni no fapem. Bio nso Yesu ahengua tim hɔ “daa daa.” Ɛnde, ɛnyɛ wo dɛ sɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no yi di yɛn anim ma yɛsom Yehowa?
ƆHENE NO DE ‘NE NKRANTE BƆ N’ASEN’
9, 10. (a) Bere bɛn na Kristo de ne nkrante bɔɔ n’asen, na dɛn na ɔyɛɛ no ntɛm ara? (b) Dɛn bio na Kristo de ne nkrante bɛyɛ?
9 Monkenkan Dwom 45:3. Yehowa ka kyerɛɛ ne Hene a wapaw no no sɛ ɔmfa ‘ne nkrante mmɔ n’asen.’ Nea na ɔreka akyerɛ Yesu ara ne sɛ wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn tumidi nyinaa, ontu wɔn so sa na ɔnsɛe wɔn. (Dw. 110:2) Wɔfrɛ Yesu “Otumfoɔ,” efisɛ ɔyɛ Ɔhene Kofoni a obiara rentumi nnyina n’anim. Afe 1914 na ɔde ne nkrante bɔɔ n’asen. Saa bere no odii Satan ne n’adaemone so nkonim, na ɔtoo wɔn fii soro beguu asase so.—Adi. 12:7-9.
10 Sɛ yɛbɛka a, Ɔhene no de eyi prapraa kwan mu kɛkɛ. Afei paa na ‘ɔrebewie ne nkonimdi.’ (Adi. 6:2) Ɔrebɛsɛe Satan nhyehyɛe a ɛwɔ asase so nyinaa na wadwudwo Satan ne n’adaemone. Nea wobedi kan atu ase ne Babilon Kɛse anaa atoro som ahemman no. Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma amammui atumfoɔ no asɛe saa “aguaman” mumɔyɛfo no. (Adi. 17:16, 17) Afei Ɔhene Kofoni no de n’ani besi Satan amammui nhyehyɛe no so na wayɛ no defedefe. Kristo de Satan ne n’adaemone begu “amoa donkudonku” mu de awie ne nkonimdi koraa. Kristo yi ara na Bible frɛ no “amoa no bɔfo.” (Adi. 9:1, 11; 20:1-3) Dwom 45 hyɛɛ nneɛma a ɛrebesisi yi ho nkɔm. Momma yɛnhwɛ.
ƆHENE NO TU SA “MA NOKWAREDI”
11. Ɔkwan bɛn so na Kristo tu sa ‘ma nokwaredi’?
11 Monkenkan Dwom 45:4. Ɛnyɛ nsase anaa nkoa a Ɔhene Kofoni no pɛ nti na otu sa. Mmom otu sa trenee mu; okura adwempa. Nokwasɛm ne sɛ otu sa “ma nokwaredi ne ahobrɛase ne trenee.” Nokware a ɛkyɛn so a ɛsɛ sɛ obiara hu ne sɛ Yehowa ne Otumfoɔ Pumpuni wɔ ɔsoro ne asase so. Nanso Satan tew Yehowa so atua de kyerɛe sɛ onnye ntom sɛ Yehowa tumidi fata. Efi saa bere no reba no, nnipa ne adaemone nnye Yehowa tumidi ntom. Seesei, bere aso sɛ Yehowa Hene a wasra no no ma ne homene so na ɔma obiara hu sɛ Yehowa nkutoo na ne tumidi fata.
12. Ɔkwan bɛn so na Kristo tena ne pɔnkɔ so ‘ma ahobrɛase’?
12 Bio nso, Ɔhene no tena ne pɔnkɔ so ‘ma ahobrɛase.’ Yesu ne Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, na sɛ yɛreka obi a ɔbrɛ ne ho ase na ogye Yehowa tumidi tom a, ɔda mu fua. (Yes. 50:4, 5; Yoh. 5:19) Eyi yɛ ɛsa pa a Yesu atwa ato hɔ. Ɛsɛ sɛ ne nkoa anokwafo nyinaa di ne nhwɛso akyi na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase wɔ biribiara mu. Wɔn a wɔyɛ saa nko ara na wɔbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Sak. 14:16, 17.
13. Ɔkwan bɛn so na Kristo tu sa ‘ma trenee’?
13 Afei nso Kristo tu sa ‘ma trenee.’ Trenee a Ɔhene no tu ho sa ne “Onyankopɔn trenee,” kyerɛ sɛ nea Yehowa bu no sɛ papa anaa bɔne. (Rom. 3:21; Deut. 32:4) Yesaia hyɛɛ Ɔhene Yesu Kristo ho nkɔm sɛ: “Ɔhene bi bedi ade trenee mu.” (Yes. 32:1) Yesu nniso de “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” bɛba, na eyi mu na “trenee bɛtena.” (2 Pet. 3:13) Ebehia sɛ obi biara a ɔbɛkɔ wiase foforo no mu no dɔ nea Yehowa dɔ na okyi nea okyi.—Yes. 11:1-5.
ƆHENE NO BƐYƐ “ANWONWADWUMA”
14. Ɔkwan bɛn so na Kristo nsa nifa bɛyɛ “anwonwadwuma”? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
14 Bere a Ɔhene no tenaa ne pɔnkɔ fitaa so no, ɔde ne nkrante bɔɔ n’asen. (Dw. 45:3) Afei deɛ ɔrebeyi nkrante no de ahyɛ ne nsa nifa mu de adi dwuma. Odwontofo no ka too hɔ sɛ Ɔhene no nsa nifa bɛyɛ “anwonwadwuma.” (Dw. 45:4) Sɛ Yesu Kristo tena ne pɔnkɔ so sɛ ɔrekobu atɛn ama Yehowa wɔ Harmagedon a, ɔbɛma n’atamfo ahu ‘n’anwonwadwuma.’ Yennim kwan pɔtee a Ɔhene no bɛfa so asɛe Satan wiase no. Nanso ɔkwan biara a ɔbɛfa so no, wɔn a wontie Onyankopɔn asɛm na wonnye Kristo nniso ntom no ho bɛpopo na wɔn koma atu. (Monkenkan Dwom 2:11, 12.) Bere a Yesu rehyɛ nkɔm afa awiei bere no ho no, ɔkae sɛ “ehu ne nneɛma a ɛreba asase so no bɛma nnipa atotɔ piti; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.” Ɔtoaa so sɛ: “Afei wobehu sɛ onipa Ba no nam omununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba.”—Luka 21:26, 27.
15, 16. Henanom ne “asafodɔm” a wobedi Kristo akyi akɔ ɔko no?
15 Ɔhene no de “tumi ne anuonyam kɛse” reba Onyankopɔn atamfo so. Adiyisɛm nhoma no ka eyi ho asɛm sɛ: “Mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni. Na wɔfrɛ nea ɔte no so no Ɔnokwafo a wɔwɔ Ne mu ahotoso, na obu atɛn, tu sa trenee mu. Afei nso na asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew. Na nkrante tenten nnamnam bi fi n’anom pue a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn. Na bio nso otiatia ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyew nsã-kyi-amoa no so.”—Adi. 19:11, 14, 15.
16 Henanom ne “asafodɔm a wɔwɔ ɔsoro” a wobedi Kristo akyi akɔ ɔko no? Bere a edi kan a Yesu de ne nkrante bɔɔ n’asen tuu Satan ne n’adaemone fii soro no, “n’abɔfo” koo bi maa no. (Adi. 12:7-9) Enti yebetumi aka sɛ abɔfo kronkron no bɛka Kristo asafodɔm no ho wɔ Harmagedon. Ɛnde, henanom bio na wɔbɛka n’asafodɔm no ho? Yesu hyɛɛ ne nuanom a wɔasra wɔn no bɔ sɛ: “Nea odi nkonim na odi me nnwuma akyi kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi, na ɔde dade poma bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasin te sɛ anwenne, sɛnea me nso minyaa no m’Agya hɔ no.” (Adi. 2:26, 27) Ebedu saa bere no, na wɔanyan Kristo nuanom a wɔasra wɔn no kɔ soro, enti wɔbɛka n’asafodɔm a wɔwɔ soro no ho. Sɛ Yesu reyɛ “anwonwadwuma” asɛe amanaman no a, ne mfɛfo adedifo a wɔasra wɔn no bɛtaa n’akyi.
ƆHENE NO WIE NE NKONIMDI
17. (a) Pɔnkɔ fitaa a Kristo te so no gyina hɔ ma dɛn? (b) Nkrante ne agyan no gyina hɔ ma dɛn?
17 Monkenkan Dwom 45:5. Adiyisɛm 6:2 ka sɛ: “Mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni; na nea ɔte no so no kura agyan; na wɔmaa no abotiri, na ofii adi kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.” Ɔhene no te pɔnkɔ fitaa so, kyerɛ sɛ n’akodi no ho tew na ɛteɛ wɔ Yehowa ani so. (Adi. 19:11) Nkrante no akyi no, Ɔhene no kura agyan. Nkrante ne agyan no gyina hɔ ma ɔkwan a Kristo bɛfa so asɛe n’atamfo.
18. Ɔkwan bɛn so na Kristo ‘agyan bɛyɛ nnam’?
18 Odwontofo no de anwensɛm hyɛɛ Ɔhene no ho nkɔm sɛ ‘n’agyan yɛ nnam, na ɛbɛwowɔ n’atamfo koma mu na aman ahwehwe ase n’anim.’ Ɔsɛe no bɛba wiase baabiara. Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ fi asase ano akɔpem asase ano.” (Yer. 25:33) Nkɔmhyɛ foforo nso ka sɛ: “Mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu fa wim nyinaa sɛ: ‘Mommra mmehyia Onyankopɔn apontow kɛse no ase, na mummedi ahene nam ne asahene nam ne ahoɔdenfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no nam, ne obiara nam, adehye ne nkoa, nketewa ne akɛse.’”—Adi. 19:17, 18.
19. Dɛn na Kristo bɛyɛ de awie ne nkonimdi?
19 Sɛ Kristo sɛe Satan wiase bɔne yi wie a, ‘obedi nkonim n’anuonyam mu.’ (Dw. 45:4) Ɔde Satan ne n’adaemone no bɛto amoa donkudonku mu de awie ne nkonimdi no. Mfirihyia apem a Kristo de bedi ade nyinaa, na Satan ne adaemone no gu amoa no mu. (Adi. 20:2, 3) Saa bere no ɛbɛyɛ te sɛ nea Ɔbonsam ne n’abɔfo awuwu a wontumi nyɛ hwee. Asase sofo bɛde wɔn ho afi Satan nkɛntɛnso biara ho. Enti wobetumi abrɛ wɔn ho ase korakora ama wɔn Hene nkonimdifo nuonyamfo no. Nanso ansa na asase nyinaa bɛdan paradise no, biribi bɛkɔ so ma asase sofo ne wɔn Hene ne 144,000 no adi ahurusi. Anigyesɛm yi na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.