Genesis
5 Eyi ne Adam abakɔsɛm nhoma. Da a Onyankopɔn bɔɔ Adam no ɔyɛɛ no Onyankopɔn sɛso.+ 2 Ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ Na ohyiraa wɔn, na da a ɔbɔɔ wɔn+ no ɔfrɛɛ wɔn Onipa.+
3 Na Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno, wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.+ 4 Adam woo Set no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe. Ɔwoo mmabarima ne mmabea.+ 5 Enti mfe a Adam dii nyinaa yɛ ahankron aduasa, na owui.+
6 Na Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos.+ 7 Set woo Enos no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne ason. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 8 Enti mfe a Set dii nyinaa yɛ ahankron ne dumien, na owui.
9 Na Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.+ 10 Enos woo Kenan no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 11 Enti mfe a Enos dii nyinaa yɛ ahankron ne anum, na owui.
12 Na Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.+ 13 Kenan woo Mahalalel no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 14 Enti mfe a Kenan dii nyinaa yɛ ahankron ne du, na owui.
15 Na Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.+ 16 Mahalalel woo Yared no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduasa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 17 Enti mfe a Mahalalel dii nyinaa yɛ ahanwɔtwe aduɔkron anum, na owui.
18 Na Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Enok.+ 19 Yared woo Enok no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 20 Enti mfe a Yared dii nyinaa yɛ ahankron aduosia abien, na owui.
21 Na Enok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusala.+ 22 Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee mfe ahasa. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 23 Enti mfe a Enok dii nyinaa yɛ ahasa aduosia anum. 24 Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn+ no nantewee.+ Ebeduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.+
25 Na Metusala dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.+ 26 Metusala woo Lamek no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 27 Enti mfe a Metusala dii nyinaa yɛ ahankron aduosia akron, na owui.
28 Na Lamek dii mfe ɔha aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo no din Noa,+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, yɛn adwuma ne yaw a yɛte wɔ yɛn nsa ano mu esiane asase a Yehowa domee+ no nti.” 30 Lamek woo Noa no, ɔtenaa ase mfe ahanum aduɔkron anum. Na ɔwoo mmabarima ne mmabea. 31 Enti mfe a Lamek dii nyinaa yɛ ahanson aduɔson ason, na owui.