Benada, January 27
Yehowa a ɔyɛ me Botan no, ayeyi nka no; ɔno na ɔtete me ma mitumi kɔ ɔko.—Dw. 144:1.
Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛtene, na yɛde Bible nnyinasosɛm sisi gyinae a, afoforo besuasua yɛn nhwɛso pa no. Bere a yɛresua Onyankopɔn Asɛm no yiye na yɛn gyidi reyɛ den no, ɛbɛma yɛn ase atim paa wɔ nokware no mu. Ɛba saa a, yɛremma atoro nkyerɛkyerɛ ne wiase nsusuwii mfa yɛn nnommum, na mmom yɛn adwene besi yɛn pi, na yɛrenhinhim. (Efe. 4:14; Yak. 1:6-8) Afei nso, wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no, ɛma yetumi boa wɔn. (1 Tes. 3:2, 3) Ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nneɛma tra so, na mmom ɛsɛ sɛ wɔn adwene mu da hɔ, wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ, na wɔte asɛm ase. Saa mmarima yi de wɔn nhwɛso pa boa afoforo, na ‘wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina nokwasɛm no so pintinn.’ (Tito 1:9; 1 Tim. 3:1-3) Asafo mu mpanyimfo no nhwɛso pa ne anuanom a wɔsrasra wɔn hyɛ wɔn den nti, ɛboa adawurubɔfo ma wɔkɔ adesua ne asɛnka daa, na wɔyɛ kokoam adesua nso. Sɛ anuanom hyia ɔhaw na ɛma wɔn adwene tu fra a, mpanyimfo no betumi aboa wɔn ma wɔakɔ so de wɔn adwene asi Yehowa ne ne bɔhyɛ so. w24.06 31 ¶16-18
Wukuda, January 28
Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.—Mat. 4:17.
Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔkyerɛkyerɛɛ n’atiefo ma wɔhui sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Yɛnhwɛ ɔba desɛefo no ho asɛm no. Saa aberante no fii fie kɔyɛɛ nneɛma bɔne. Nanso “n’ani baa ne ho so,” na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie. Ɔreyɛ adu fie no, dɛn na ne papa yɛe? Yesu kaa sɛ, “bere a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no . . . , na otuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ofew n’ano.” Aberante no ka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma ɔnyɛ n’apaafo no mu baako, nanso papa no san gyee no sɛ ‘ne ba.’ Papa no kaa sɛ: “Ɔyerae, na yɛahu no.” (Luka 15:11-32) Bere a na Yesu wɔ soro no, ɛda adi pefee sɛ sɛnea n’Agya daa tema adi mpɛn pii kyerɛɛ abɔnefo a na wɔasakra wɔn adwene no, ohui. Saa asɛm a Yesu kae yi kyekye yɛn werɛ paa, na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunu Agya ampa! w24.08 11 ¶11-12
Yawda, January 29
Momma mo adwenem nna hɔ.—1 Pet. 4:7.
Kristoni a n’adwenem da hɔ no, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obesisi gyinae a ɛne Yehowa adwene hyia. Kristoni a ɔte saa nim sɛ ɔne Yehowa ayɔnkofa ne ade a ɛho hia paa wɔ asetenam. Ɔmma ne ho so, na onnya adwene sɛ onim biribiara. Afei nso, ɔda no adi sɛ ɔde ne ho to Yehowa so, enti ɔbɔ no mpae daa. Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi mpo a, yenim sɛ ehia sɛ yɛkɔ so bɔ Yehowa mpae. Enti, bere a ɛsɛ sɛ yesisi gyinae akɛse no, saa bere no paa na ehia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae hwehwɛ akwankyerɛ, na yenya awerɛhyem sɛ onim nea ɛbɛboa yɛn paa. Yɛda Yehowa ase paa sɛ sɛnea ɔbɔɔ yɛn nti yetumi suasua ne suban. (Gen. 1:26) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛrentumi nsuasua Yehowa pɛpɛɛpɛ.—Yes. 55:9 w25.03 11 ¶13; 13 ¶17-18