Nehemia
1 Hakalia ba Nehemia+ nsɛm ni: Ɛbae sɛ ɔsram Kislew mu,+ afe a ɛto so aduonu+ no, na mewɔ Susan+ abankɛse mu. 2 Na Hanani,+ me nuanom mu biako ne mmarima bi a wofi Yuda baa hɔ, na mibisaa+ wɔn sɛnea Yudafo+ no ho te, wɔn a wɔafi nkoasom+ mu aka+ no, na mibisaa sɛnea nneɛma te wɔ Yerusalem. 3 Ɛnna wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔafi nkoasom mu aka a wɔwɔ ɔmantam+ no mu no asɛm yɛ mmɔbɔ paa,+ na wɔwɔ ahohora mu;+ Yerusalem afasu+ no abubu, na n’apon nso,+ wɔde ogya ahyew.”
4 Metee asɛm yi ara pɛ, metenaa ase sui, na midii awerɛhow nna pii; mekɔɔ so dii mmuada+ bɔɔ mpae wɔ ɔsoro Nyankopɔn+ anim. 5 Asɛm a mekae ne sɛ: “Ao, Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni a wo ho yɛ hu,+ na wokora apam+ ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ wo+ na wodi wo mmara nsɛm so,+ 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso+ na bue w’aniwa, na tie w’akoa mpae+ a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfo, ne bɔne+ a Israel mma, yɛayɛ atia wo a mereka yi.+ Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ 7 Yɛn de, yɛayɛ bɔne atia wo,+ na wo mmara nsɛm+ ne w’ahyɛde+ ne w’atemmusɛm+ a wode hyɛɛ w’akoa Mose nsa no nso,+ yɛanni so.
8 “Mesrɛ wo, kae+ asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose yi sɛ, ‘Sɛ moto me mmara a, me nso, mɛbɔ mo ahwete amanaman mu.+ 9 Sɛ mosan ba me nkyɛn+ bɛhwɛ di+ me mmara nsɛm+ so a, ɛnde sɛ wɔahwete mo akodu ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afi hɔ de mo aba+ baabi a mapaw sɛ me din ntena no.’+ 10 Na wɔyɛ wo nkoa+ ne wo man+ a wode wo tumi kɛse+ ne wo nsa a ɛyɛ den gyee wɔn.+ 11 Ao, Yehowa, mesrɛ wo, wɛn w’aso ma w’akoa mpaebɔ,+ na tie wo nkoa a wɔpɛ sɛ wosuro wo din+ no mpaebɔ; afei mesrɛ wo, ma ensi w’akoa yiye nnɛ,+ na ma ɔbarima yi nhu me mmɔbɔ.”+
Saa bere no me na na mehyɛ ɔhene nsã.+