Nnwom
Wɔde ma dwonkyerɛfo, Sukooko so. Kora mma dwom. Maskil.* Mmea adɔfo ho dwom.
45 Asɛmpa ahyɛ me koma ma abu so.+
Mise: “Me nnwuma fa ɔhene ho.”+
Ma me tɛkrɛma nyɛ sɛ ɔkyerɛwfo*+ a ne ho akokwaw kyerɛwdua.+
2 Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma koraa.+
Wɔde anuonyam ahyɛ w’ano.+
Ɛno nti na Onyankopɔn ahyira wo daa no.+
4 Na kodi nkonim w’anuonyam mu;+
Tena wo pɔnkɔ so ma nokwaredi ne ahobrɛase ne trenee,+
Na wo nsa nifa bɛkyerɛkyerɛ wo anwonwadwuma.+
7 Wodɔɔ trenee,+ na wukyii mmarato.+
Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,+ de ahurusi ngo+ asra wo+ sen wo mfɛfo no.+
8 Kurobow ne pɛprɛ ne kasia dua yi hua wo ntade nyinaa mu;+
Sanku a wɔbɔ asommɛn+ aban mu ma wudi ahurusi.
9 Ahene mmabea+ wɔ wo mmea anuonyamfo mu.
Ɔhemmaa ne ne nkurɔfo+ abegyina wo nsa nifa so, Ofir sika mu.+
15 Ahurusi ne anigye mu na wɔde wɔn bɛba;
Wɔbɛhyɛn ɔhene ahemfie.