Maskil. Esrahini Etan+ dwom.
89 Mɛto Yehowa adɔe ho dwom akosi daa.+
Mede m’ano bɛka wo nokwaredi ho asɛm awo ntoatoaso nyinaa mu.+
2 Maka sɛ: “Adɔe betim hɔ afebɔɔ;+
Ɔsoro nso, woama wo nokwaredi atim pintinn wɔ hɔ.”+
3 “Me ne nea mapaw no no ayɛ apam;+
Maka ntam akyerɛ m’akoa Dawid+ sɛ,
4 ‘Mɛma w’aseni atim afebɔɔ,+
Na mama w’ahengua atim,+ awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso mu.’” Sela.
5 O Yehowa, ɔsoro bɛkamfo anwonwade a woayɛ,+
Na wo nokwaredi nso, wɔbɛkamfo wɔ akronkronfo asafo mu.
6 Hena na wobetumi de no atoto Yehowa ho wɔ ɔsoro?+
Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma mu?+
7 Ɛsɛ sɛ wosuro Onyankopɔn wɔ akronkronfo asafo mu;+
Ɔyɛ kɛse na ne ho yɛ hu sen wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+
8 O asafo Yehowa Nyankopɔn,+
Hena na ɔwɔ ahoɔden sɛ wo, O Yah?+
Wo nokwaredi atwa wo ho nyinaa ahyia.+
9 Wo na wudi po a ɛpagyapagyaw ne ho no so;+
Sɛ ɛmoma n’asorɔkye so a, wo na woma ɛyɛ dinn.+
10 Wo na woabubu Rahab pasaa+ te sɛ obi a wɔakum no.+
Wode wo basa a ɛyɛ den no na abɔ w’atamfo ahwete.+
11 Ɔsoro yɛ wo dea,+ asase nso yɛ wo dea;+
Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa+—wo na woyɛe.+
12 Atifi ne anafo—wo na wobɔe;+
Tabor+ ne Hermon+—wo din mu na wɔto ahurusi dwom.+
13 Basa a tumi wom yɛ wo dea,+
Wo nsa yɛ den,+
Na wo nsa nifa wɔ soro.+
14 Trenee ne atemmu yɛ w’ahengua nnyinaso;+
Adɔe ne nokware wɔ w’anim.+
15 Anigye ne ɔman a wɔto ahurusi dwom.+
O Yehowa, w’anim hann mu na wɔnantew daa.+
16 Wo din mu na wodi ahurusi daa nyinaa+
Na wo trenee mu na wɔama wɔn so.+
17 Wone wɔn ahoɔden anuonyam;+
W’adom mu na yɛn abɛn di nkonim.+
18 Yɛn kyɛm yɛ Yehowa dea,+
Na yɛn hene yɛ Israel Kronkronni no dea.+
19 Saa bere no wokasae anisoadehu mu kyerɛɛ w’anokwafo,+
Na wokae sɛ:
“Madi aboa otumfoɔ bi;+
Mama nea mapaw no afi ɔman no mu so.+
20 Mahu m’akoa Dawid;+
Mede me ngo kronkron asra no;+
21 Ɔno na me nsa beso no mu den,+
Na me basa bɛhyɛ no den.+
22 Ɔtamfo biara rensisi no,+
Na amumɔyɛfo asefo biara renhyɛ no so.+
23 N’anim na mibubuu n’atamfo pasapasa,+
Na wɔn a wokyi no kɔkɔkɔkɔ no, mebobɔɔ wɔn.+
24 Me nokwaredi ne m’adɔe ne no na ɛte,+
Na me din mu na n’abɛn di nkonim.+
25 Mede ne nsa ato po so,+
Na ne nsa nifa nso, mede ato nsubɔnten so.+
26 Ɔno de, ɔbɛka akyerɛ me sɛ, ‘Wone m’Agya,+
Me Nyankopɔn+ ne me nkwagye Botan.’+
27 Mede no bɛyɛ abakan,+
Na ɔbɛyɛ asase so ahene mu pumpuni.+
28 Mɛma m’adɔe ne no atena daa,+
Na m’apam renni no huammɔ da.+
29 Mɛma n’aseni atim daa daa,+
Na n’ahengua bɛyɛ sɛ ɔsoro nna.+
30 Sɛ ne mma gyaw me mmara+
Na wɔannantew m’atemmusɛm mu,+
31 Sɛ wogu m’ahyɛde ho fĩ
Na wɔanni me mmara nsɛm so a,
32 Ɛnde me nso mɛma m’ani akɔ wɔn mmarato so, mede poma,+
Ne wɔn mfomso so, mede abaa.+
33 Nanso m’adɔe de, merenyi mfi no so,+
Na me nokwaredi rennan atoro.+
34 Merengu m’apam ho fĩ,+
Na m’anom asɛm nso, merensesa.+
35 Maka me kronkronyɛ mu ntam+ prɛko,
Na merentwa Dawid nkontompo.+
36 N’aseni betim afebɔɔ,+
Na n’ahengua bɛyɛ sɛ owia wɔ m’anim.+
37 Ebetim afebɔɔ sɛ ɔsram,
Na ayɛ sɛ wim dansefo nokwafo no.” Sela.
38 Nanso wo de, woato nea woasra no no akyene na ne ho ayɛ wo aniwu;+
Woafa nea woasra no no ho abufuw.+
39 Woahura w’akoa apam ho;
Woabrɛ n’ahemmotiri ase de ato fam.+
40 Woabubu nguannan a wɔde abo ayɛ no nyinaa agu;+
Woasɛe n’abannennen pasaa.+
41 Wɔn a wɔretwam nyinaa afow no afa;+
Wadan ahohorade ama wɔn a wɔbemmɛn no.+
42 Woama wɔn a wokyi no no nsa nifa so;+
Woama n’atamfo nyinaa adi ahurusi.+
43 Afei nso, woama ne nkrante ayɛ sɛ ɔtamfo de,+
Na woamma wannyina wɔ akono.+
44 Woama n’anuonyam abɔ no,+
Na woatow n’ahengua akyene fam.+
45 Woatwa ne mmerantebere nna so;
Wode animguase afura no.+ Sela.
46 O Yehowa, wode w’anim behintaw akosi da bɛn? Afebɔɔ anaa?+
W’abufuw bɛkɔ so adɛw sɛ ogya?+
47 Kae sɛnea me nkwa nna tenten te.+
Ɔkwa ara na woabɔ nnipa mma nyinaa anaa?+
48 Ɔbarima bɛn na ɔte ase a ɔrenwu da?+
Obetumi agye ne kra afi Adamoa nsam anaa?+ Sela.
49 O Yehowa, ɛhe na wo kan adɔe no wɔ,
Nea wokaa ho ntam kyerɛɛ Dawid, wo nokwaredi mu no?+
50 O Yehowa, kae ahohora a aba wo nkoa so no,+
Aman pii ahohora a masoa wɔ me kokom no,+
51 O Yehowa, kae sɛnea w’atamfo abɔ no ahohora,+
Sɛnea wɔabɔ nea woasra no no ahohora biribiara mu no.+
52 Nhyira nka Yehowa daa daa. Amen ne Amen.+