91 Obiara a ɔte Ɔsorosoroni no+ hintabea+ no
Benya ade nyinaa so Tumfoɔ no nwini ase atena.+
2 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me guankɔbea ne m’abannennen,+
Me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.”+
3 Ɔno na obegye wo afi nnomaayifo afiri mu+
Ne nsanyare a ɛde amanehunu ba mu.+
4 Ɔde ne ntaban begye wo ho ban,+
Na ne ntakra ase na wubenya guankɔbea.+
Ne nokware+ bɛyɛ ɔkyɛm+ kɛse ne ban.
5 Worensuro akomatusɛm biara anadwo,+
Anaa agyan+ a wɔtow no awia;
6 Worensuro nsanyare a ɛnenam sum mu,+
Anaa ɔsɛe a ɛba mpofirim owigyinae.+
7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,
Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so;
Wo de, ɛremmɛn wo.+
8 W’aniwa nko na wode bɛhwɛ,+
Na woahu nnebɔneyɛfo akatua.+
9 Esiane sɛ woaka sɛ: “Yehowa ne me guankɔbea,”+
Na Ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea+ nti,
10 Mmusu biara remma wo so,+
Na ɔhaw bi remmɛn wo ntamadan.+
11 Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfo+
Ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+
12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so,+
Na woamfa wo nan ampem ɔbo biara.+
13 Wubetiatia gyataforo ne ɔprammiri so;+
Wubetiatia gyatanini ne ɔwɔ kɛse so.+
14 Ɔdɔ me nti,+
Me nso megye no.+
Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din.+
15 Ɔbɛfrɛ me, na me nso megye no so.+
Megyina n’akyi ahohia da.+
Megye no na mahyɛ no anuonyam.+
16 Mɛma wadi nna dodow amee,+
Na mama wahu me nkwagye.+