Yesaia
48 Muntie, Yakob fie, mo a mode Israel+ din ato mo ho na mufi Yuda+ asuti mu, mo a mode Yehowa din ka ntam+ na mobɔ Israel Nyankopɔn din,+ nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu.+ 2 Wɔka sɛ wofi kurow kronkron mu,+ na wɔde wɔn ho atweri Israel Nyankopɔn+ a ne din de asafo Yehowa no.+
3 “Kan nneɛma no, mekae akyɛ. Epue fii m’anom, na mema wɔtee.+ Mekanyan me ho ara pɛ na nneɛma no bae.+ 4 Minim sɛ woyɛ den+ na wo kɔn yɛ dade ntini,+ na wo moma yɛ kɔbere,+ 5 enti meka kyerɛɛ wo akyɛ. Ennya mmae no, mema wotee,+ na woanka sɛ, ‘M’ankasa me bosom na ayɛ, me honi a wɔasen ne me honi a wɔagu na ɛma ɛbae.’+ 6 Moate;+ na monhwɛ ne nyinaa.+ Afei morenka ho asɛm anaa?+ Mprempren mama moate nsɛm foforo, nsɛm a wɔde asie a munnim ho hwee.+ 7 Afei na wɔabɔ, na emfi tete; ɛyɛ biribi a wontee da besi nnɛ, na woanka sɛ, ‘Hwɛ, minim dedaw.’+
8 “Ampa, wontee,+ na wunnim, na efi tete w’aso mmuei. Minim sɛ nkontomposɛm+ ara na wudi na wɔfrɛ wo ‘mmaratofo fi yafunu mu.’+ 9 Me din nti, mɛka m’abufuw ahyɛ,+ na m’ayeyi nti, mɛhyɛ me ho so na mantwa wo ankyene.+ 10 Hwɛ, manan wo, nanso ɛnyɛ sɛ dwetɛ.+ Mapaw wo afi ahohia fononoo mu.+ 11 Me din nti, me din nti na mɛyɛ.+ Dɛn nti na memma wongu me din ho fĩ?+ Meremfa m’anuonyam mma obiara.+
12 “O Yakob, Israel a mafrɛ wo, tie me. Mete sɛnea mete.+ Mene odikanfo,+ na me ara nso ne okyikafo.+ 13 Afei nso m’ankasa me nsa na ɛtoo asase no fapem,+ na mede me nsa nifa na ɛtrɛw ɔsoro mu.+ Merefrɛ wɔn ama wɔn nyinaa abegyina hɔ.+
14 “Mo nyinaa mommoaboa mo ho ano ntie.+ Wɔn mu hena na waka eyinom? Yehowa ankasa dɔ no.+ Nea ɛsɔ n’ani na ɔbɛyɛ Babilon,+ na ne basa bɛba Kaldeafo so.+ 15 Me, me ara na maka. Mafrɛ no;+ mede no aba, na ne kwan besi no yiye.+
16 “Muntwiw mmɛn me, na muntie eyi. Efi mfiase nyinaa manka biribiara wɔ ahintawee mu.+ Bere a efii ase bae no, na mewɔ hɔ.”
Afei Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa asoma me, wasoma ne honhom.+ 17 Nea Yehowa, wo Gyefo,+ Israel Kronkronni no,+ se ni: “Me Yehowa, mene wo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ wo ade a eye ma wo,+ nea ogya wo fa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so no so.+ 18 O sɛ wubetie me mmara nsɛm a,+ anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten,+ na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.+ 19 Afei wo nkyirimma bɛyɛ sɛ anhwea, na w’asefo ayɛ sɛ emu mfuamfua.+ Wɔrentwa ne din nkyene na wɔrentɔre n’ase mfi m’anim.”+
20 Mumfi Babilon!+ Munguan mfi Kaldeafo nkyɛn.+ Momfa anigye nto ahurusi dwom, na momma wɔnte eyi.+ Momma ennu asase ano.+ Monka sɛ: “Yehowa agye n’akoa Yakob.+ 21 Bere a ɔde wɔn nam asase kesee so no,+ osukɔm anne wɔn.+ Ɔmaa nsu tue fii ɔbotan mu maa wɔn, ɔpaee ɔbotan mu maa nsu senee.”+