Hesekiel
34 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel nguanhwɛfo ho nkɔm. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nguanhwɛfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Israel nguanhwɛfo+ a wodwen wɔn ankasa yafunu ho+ no nnue! So ɛnyɛ nguan na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo yɛn wɔn?+ 3 Srade na mudi,+ na wɔn nhwi na mode kata mo ho. Mmoa a wɔadɔ+ na mukum wɔn.+ Nanso nguan no de, monhwɛ wɔn. 4 Wɔn a wɔayɛ mmerɛw nso monhyɛɛ wɔn den,+ nea ɔyare no monsaa no yare, nea wapira no monkyekyeree ne kuru, nea waguan no monkɔfaa no mmae, na nea wayera no monhwehwɛɛ no,+ na mmom mohyɛ wɔn so atirimɔden so.+ 5 Na wofii ase bɔ hwetee efisɛ na oguanhwɛfo+ biara nni hɔ, na wɔdan wuram mmoa aduan; wɔbɔɔ wɔn hwetee daa.+ 6 Me nguan bɔɔ ko wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so,+ na wɔbɔɔ me nguan+ hwetee asase so nyinaa, nanso obiara ammisa wɔn ase, na obiara ankɔhwehwɛ wɔn.
7 “‘“Enti mo nguanhwɛfo, muntie Yehowa asɛm, 8 ‘“Sɛ mete ase yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, “esiane sɛ me nguan ayɛ afowde na nguanhwɛfo a wonni nti wɔadan wuram mmoa nyinaa aduan, na me nguanhwɛfo anhwehwɛ wɔn, na mmom wodwen wɔn ankasa yafunu ho+ na wɔamma me nguan aduan nti,”’ 9 nguanhwɛfo ee, muntie Yehowa asɛm. 10 Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Me ne nguanhwɛfo no anya asɛm,+ na mebisa me nguan afi wɔn nsam; wɔrenyɛn me nguan bio,+ na nguanhwɛfo no renyɛn wɔn ho bio;+ meyi me nguan no afi wɔn anom na wɔamfa wɔn anyɛ aduan bio.’”+
11 “‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, m’ankasa mɛhwehwɛ me nguan na mayɛn wɔn.+ 12 Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan+ a wɔahwete+ da a ɔba wɔn mu no, saa ara na mɛhwɛ me nguan. Na meyi wɔn afi baabi a wɔahwete kɔ no nyinaa, omununkum ne esum kabii da no.+ 13 Meyi wɔn+ afi aman mu na maboaboa wɔn ano afi nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, nsuten ho, asase no so tenabea nyinaa.+ 14 Mɛma wɔn baabi pa adidi na Israel mmepɔw atenten so ayɛ wɔn tenabea.+ Ɛhɔ na wobenya tenabea pa+ adwudwo wɔn ho na wɔadi aduan pa wɔ Israel mmepɔw so.”
15 “‘“M’ankasa mɛyɛn me nguan+ na m’ankasa mama wɔadwudwo wɔn ho,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni. 16 “Nea wayera no mɛhwehwɛ no,+ nea waguan no mede no bɛba, nea wapira no mɛkyekyere ne kuru, na nea ɔyare no mɛhyɛ no den. Na nea wadɔ srade+ ne nea ne ho yɛ den no de, metwa no afi hɔ; mede atemmu bɛyɛn no.”+
17 “‘Na mo a moyɛ me nguan no de, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Merebu oguan ne oguan ntam atɛn, adwennini ne mpapo ntam atɛn.+ 18 So ɛyɛ ade ketewa sɛ mubedidi wɔ adidibea pa+ awie na mode mo nan atiatia aduan a aka no so, anaasɛ mobɛnom nsu kurennyenn na mode mo nan atiatia nea aka no mu asɛe no? 19 Asase a mode mo nan atiatia so na ɛsɛ sɛ me nguan didi so, anaasɛ nsu a mode mo nan atiatia mu asɛe no na ɛsɛ sɛ wɔnom?”
20 “‘Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn ni: “Hwɛ, m’ankasa mebu oguan a wadɔ ne nea wafɔn ntam atɛn, 21 efisɛ mode mo nkyɛnmu ne mo mmati piapiaa wɔn a wɔyare no, na mode mo mmɛn sisii wɔn nyinaa kosii sɛ mobɔɔ wɔn hwetee abɔnten.+ 22 Megye me nguan, na wɔrenyɛ afowde bio,+ na mebu oguan ne oguan ntam atɛn. 23 Na mede oguanhwɛfo+ biako, m’akoa Dawid,+ besi wɔn so na wayɛn wɔn. Ɔno ankasa bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.+ 24 Me Yehowa, m’ankasa mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na m’akoa Dawid ayɛ obirɛmpɔn wɔ wɔn mu.+ Me Yehowa na maka.
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam+ na mama wuram mmoa bɔne afi asase no so,+ na wɔbɛtena sare so dwoodwoo na wɔadeda kwae mu.+ 26 Mɛma wɔne nsase a atwa me nkoko ho ahyia nyinaa ayɛ nhyira,+ na mɛma osu atɔ ne bere mu. Na ɛbɛyɛ nhyira nsu.+ 27 Na wuram nnua bɛsow aba+ na asase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mibubu wɔn kɔndua+ mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wobehu sɛ mene Yehowa. 28 Afei amanaman no remfa wɔn sɛ afowde bio,+ na asase so aboa biara renkyere wɔn nwe. Wɔbɛtena ase dwoodwoo—obiara renyi wɔn hu.+
29 “‘“Na mɛyɛ afuw a ɛbɛyɛ krabɛhwɛ ama wɔn,+ na ɔkɔm rempra wɔn mfi asase no so bio,+ na amanaman no rengu wɔn anim ase bio.+ 30 ‘Na wobehu sɛ me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, meka wɔn ho,+ na me man ne wɔn, Israel fie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”’+
31 “‘Na mo, me nguan,+ m’adidibea nguan no de, moyɛ nnipa. Na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”