Yona
3 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu so sɛ:+ 2 “Sɔre kɔ Niniwe kuropɔn mu na pae mu ka asɛm+ a mereka akyerɛ wo yi kyerɛ wɔn.”
3 Na Yona sɔre kɔɔ Niniwe sɛnea Yehowa kae no.+ Saa bere no na Niniwe yɛ kurow kɛse wɔ Onyankopɔn ani so,+ na wɔde nnansa na etwa ho hyia. 4 Afei Yona de n’ani kyerɛɛ kurow no mu twaa da koro kwan, na ɔpaee mu kae sɛ: “Aka adaduanan na wɔadan Niniwe kurow yi abutuw.”+
5 Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii,+ na efi akumaa so kosi ɔpanyin so, wɔn nyinaa dii mmuada furafuraa atweaatam.+ 6 Bere a asɛm no duu Niniwe hene asom no,+ ɔsɔre fii n’agua so yii n’ahentade guu hɔ furaa atweaatam, na ɔtenaa nsõ mu.+ 7 Afei ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Niniwe, na wɔde mmara a ɔhene ne ne mpanyimfo ahyɛ too gua sɛ:
“Ɛnsɛ sɛ onipa anaa aboa biara, nantwi oo, oguan oo, de biribi ka n’ano. Obiara nnnidi, na nsu mpo wɔnnnom bi.+ 8 Na onipa ne aboa biara mfura atweaatam, na wonsu denneennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfi ne kwammɔne ne n’amumɔyɛsɛm ho. 9 Hena na onim, ebia nokware Nyankopɔn no bɛsesa n’adwene+ na watwe n’abufuhyew no asan, na yɛanwuwu.”+
10 Afei nokware Nyankopɔn huu wɔn nneyɛe,+ sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne so,+ enti nokware Nyankopɔn sesaa n’adwene+ wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+