Romafo
10 Anuanom, nokwasɛm ne sɛ, nea me koma pɛ, ne m’adesrɛ a mede to Onyankopɔn anim ma wɔn ne sɛ wobenya nkwa.+ 2 Efisɛ midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ+ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu;+ 3 na esiane sɛ wonnim Onyankopɔn trenee+ na mmom wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ankasa de si hɔ+ nti, wɔammrɛ wɔn ho ase anhyɛ Onyankopɔn trenee ase.+ 4 Na Kristo ne Mmara no awiei+ na ama obiara a ogye di no akɔ trenee mu.+
5 Na Mose kyerɛwee sɛ onipa a ɔyɛ adetrenee wɔ Mmara no mu no nam so benya nkwa.+ 6 Nanso trenee a efi gyidi mu no kasa saa kwan yi so: “Nka wɔ wo koma mu+ sɛ, ‘Hena na ɔbɛforo akɔ soro?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo+ de no asian; 7 anaasɛ ‘Hena na obesian akɔ ebun+ mu?’ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo afi awufo mu aba.”+ 8 Mmom no dɛn na ɛka? “Asɛm no bɛn wo, ɛwɔ w’anom ne wo komam”;+ kyerɛ sɛ, gyidi “asɛm”+ a yɛka no.+ 9 Na sɛ wopae mu ka saa ‘asɛm a ɛwɔ w’ankasa anom’+ no, sɛ Yesu ne Awurade,+ na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu+ a, wobegye wo nkwa.+ 10 Na koma+ na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka+ kɔ nkwagye mu.
11 Na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Obiara a ogye no di+ no nsa rensi fam.”+ 12 Na nsonsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam,+ efisɛ Awurade koro no ara na odi obiara so, nea ɔyɛ ɔdɛɛfo+ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa no. 13 Na “obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”+ 14 Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ nea wonnye no nni no din?+ Ɛbɛyɛ dɛn nso na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Na sɛ obi anka asɛm no nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?+ 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm no?+ Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dɛn ara!”+
16 Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no.+ Na Yesaia ka sɛ: “Yehowa, hena na wagye nea wɔte fii yɛn hɔ no adi?”+ 17 Enti gyidi nam nea wɔte so.+ Nea wɔte no nso nam Kristo ho asɛm so.+ 18 Nanso mibisa sɛ, so wɔante? Hwɛ, nokwarem no, “wɔn nne kɔɔ wiase nyinaa,+ na wɔn nsɛm duu asase ano baabiara.”+ 19 Nanso mibisa sɛ, so na Israel nnim?+ Nea edi kan no Mose ka sɛ: “Menam wɔn a wɔnyɛ ɔman so behuru mo bo; menam ɔman agyimfo so bɛhyɛ mo abufuw denneennen.”+ 20 Nanso Yesaia si ne bo ka no pen sɛ: “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me na wohuu me;+ medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a na wommisa m’akyi kwan.”+ 21 Nanso ɛdefa Israel ho de, ɔka sɛ: “Matrɛw me nsam daa nyinaa ama ɔman asoɔdenfo+ ne nyiyianofo.”+