-
Genesis 37:7-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Nea ɛbae ne sɛ, na yɛwɔ wuram rekyekyere hwiit atifi atifi. Afei me hwiit a makyekyere no sɔre gyinae, na mo de no twaa me de no ho hyiae na ɛkotow no.”+ 8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Worebɛyɛ ɔhene adi yɛn so anaa?”+ Ne dae yi ne nsɛm a ɔkae no nti, wɔtan no sen kan no.
9 Ɛno akyi no, ɔsoo dae foforo, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso dae foforo. Saa dae yi de, mihui sɛ owia ne ɔsram ne nsoromma 11 rekotow me.”+
-