7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefo*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
7 Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii me papa fi ne m’abusuafo asaase so+ no, ɔno na ɔkaa me ntam+ sɛ: ‘W’asefo*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.’+ Ɔbɛma ne bɔfo adi w’anim,+ na minim paa sɛ wubenya ɔbea afi hɔ abrɛ me ba no.+
33Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Asaase a mekaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ, ‘W’asefo* na mede bɛma wɔn’+ no, kɔfa nnipa a wudii wɔn anim fii Egypt asaase so no, na munsim nkɔ hɔ.