22 Bere a yoma no nyinaa nom nsu no bi wiei no, ɔbarima no yii sika kɔkɔɔ hwenem kawa a emu duru yɛ dwetɛbona fã ne sika kɔkɔɔ nkapo abien a emu duru yɛ nnwetɛbona du, na ɔde maa no, 23 na obisaa no sɛ: “Mesrɛ wo, hena ba ne wo? Anadwo yi, yebenya baabi ada wɔ wo papa fi?”