-
Exodus 31:2-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 “Hwɛ, Hur ba Uri wɔ ba bi a ɔde Besalel+ a ofi Yuda abusuakuw+ mu, na ɔno na mapaw no.* 3 Mede Onyankopɔn honhom bɛhyɛ no ma na wanya nyansa, ntease, ne nimdeɛ a ebetumi ama ɔde ahokokwaw ayɛ nsaanodwuma biara, 4 na ɛbɛma wayɛ odwumfo a ɔwɔ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere ho nimdeɛ, 5 ne obi a otumi de abo di adwini+ na osen nnua de yɛ nneɛma horow nyinaa bi.+ 6 Afei nso, mapaw Ahisamak ba Oholiab+ a ofi Dan abusuakuw mu sɛ ɔmmoa no, na wɔn a wɔwɔ nimdeɛ* nyinaa nso, mɛma wɔn nyansa na wɔatumi ayɛ nea maka akyerɛ wo nyinaa:+
-