-
Exodus 19:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 To ɔhye fa bepɔw no ho nyinaa ma nkurɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ yiye na moamforo amma bepɔw no so, na monhwɛ na moamma ho amfa mo nsa ammɛka. Nea ɔde ne nsa bɛka bepɔw no, wobekum no. 13 Onii a obebu mmara no so no, mma obiara mmfa ne nsa nnso no mu, mmom wonsiw no abo anaa wɔntow ade nwɔ no.* Aboa oo, onipa oo, ɔrentena ase.’+ Sɛ wɔte abɛn* nnyigyei a,+ wɔmmra bepɔw no ho.”
-