26 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam;+ apam a ɛbɛtena hɔ daa. Na mede wɔn bedua wɔn asaase so ama wɔadɔɔso.+ Na mede me kronkronbea besi wɔn mfinimfini afebɔɔ.
3 Ɛnna metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena, na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.+