16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ahu sɛ me ne wo man anya w’anim dom?+ Ɛnyɛ eyi na ɛbɛma me ne wo man ayɛ soronko wɔ asaase so aman nyinaa ho?”+
20“Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wuhu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm pii sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt asaase so no ka wo ho.+