-
Deuteronomium 30:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
30 “Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu wɔ wo so, kyerɛ sɛ nhyira ne nnome a mede asi w’anim yi,+ na wokae*+ wɔ aman a Yehowa wo Nyankopɔn apam wo kɔ so no nyinaa mu,+ 2 na sɛ wosan ba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn+ na wo ne wo mma de mo koma nyinaa ne mo kra* nyinaa tie n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi a,+ 3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn de wo nkurɔfo a wɔakodi aman foforo so no bɛba+ na wahu wo mmɔbɔ,+ na ɔbɛsan aboaboa mo ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa mu.+
-
-
Deuteronomium 30:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 “Afei wobɛsan atie Yehowa asɛm na woadi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so. 9 Yehowa wo Nyankopɔn behwie nhyira pii agu wo nsa ano adwuma so,+ na wo mma bɛdɔɔso, na wo nyɛmmoa ase bɛtrɛw na w’afuw mu nnɔbae abu so, na Yehowa bɛpɛ w’asɛm bio na wama asi wo yiye sɛnea na ɔpɛ w’agyanom asɛm no.+ 10 Saa bere no, wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu no so, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+
-
-
1 Ahene 8:48, 49Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
48 na sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra* nyinaa san ba wo nkyɛn+ wɔ asaase a wɔn atamfo kyeree wɔn kɔɔ so no so, na sɛ wɔde wɔn ani kyerɛ asaase a wode maa wɔn agyanom ne kurow a woapaw ne ofi a masi ama wo din no bɔ mpae a,+ 49 ɛnde fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn;
-