Genesis 15:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan mu no, w’asefo bɛsan aba ha,+ efisɛ Amorifo bɔne nnya nnuu ne mpɔmpɔnso.”+ Leviticus 18:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Ɛno nti asaase no ho agu fĩ, na mede ne bɔne ho akatua bɛba no so, na ɛbɛfe so nnipa agu.+ Deuteronomium 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛnyɛ wo trenee anaa wo koma a emu tew nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
16 Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan mu no, w’asefo bɛsan aba ha,+ efisɛ Amorifo bɔne nnya nnuu ne mpɔmpɔnso.”+
5 Ɛnyɛ wo trenee anaa wo koma a emu tew nti na worekɔfa wɔn asaase no. Mmom aman yi bɔne nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.