-
Yosua 2:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Afei mesrɛ mo, monka me ntam Yehowa din mu sɛ, ɔdɔ a enni huammɔ a mada no adi akyerɛ mo nti, mo nso mobɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me papa fifo. Na momma me adanse* a ɛkyerɛ sɛ mubedi mo asɛm so. 13 Munnye me papa ne me maame ne me nua mmarima ne me nua mmea ne wɔn fifo nyinaa. Munnye yɛn na yɛanwuwu.”*+
-
-
Yosua 2:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Ɛnna mmarima no nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ntam a woama yɛaka yi bɛyɛ adwuma a,+ 18 yɛba asaase yi so a, gye sɛ yehu sɛ wode hama kɔkɔɔ yi asɛn mfɛnsere a worema yɛafa mu yi ho. Ma wo papa ne wo maame ne wo nuanom ne wo papa fifo nyinaa mmɛka wo ho wɔ ofie ha.+ 19 Obiara a obefi wo fi yi mu akɔ abɔnten no, sɛ owu a, ɔno ara na ayɛ,* na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔbɛtena wo nkyɛn wɔ ofie ha de, sɛ bɔne bi to no a,* ɛnde yebedi fɔ.*
-