23 Na Filistifo ahemfo no hyiaam, na wɔbɔɔ afɔre kɛse maa wɔn nyame Dagon,+ na wogyee wɔn ani. Asɛm a na wɔreka ara ne sɛ: “Yɛn nyame no de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa!”
4 Da a edi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam a n’anim butuw fam wɔ Yehowa adaka no anim. Ná Dagon ti ne n’abakɔn abien no atetew gugu kwan no ano ma aka ne fã a ɛte sɛ apataa no nkutoo.*
2 Saa bere no, Ahasia fi ne fi a ɛwɔ Samaria no atifi dan mu bɛhwee fam, na opirae. Enti ɔsomaa nkurɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Ekron+ nyame Baal-Sebub hɔ nkobisa mma me sɛ opira a mapira yi, mɛsan anya ahoɔden anaa.”+