11 Boas nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no, mate ne nyinaa; woagyaw wo papa ne wo maame ne w’abusuafo hɔ abɛtena nnipa a wunnim wɔn da mu.+ 12 Nea woayɛ nti, Yehowa nhyira wo.+ Yehowa, Israel Nyankopɔn a woabɛhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne ntaban ase+ no mma wo akatua pa.”