Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo?+ Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+ Wo na ɛsɛ sɛ wosuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwonwade.+ Deuteronomium 4:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Mo na wama moahu eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ Dwom 73:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Hena bio na mewɔ wɔ ɔsoro? Minni biribiara ho anigye wɔ asaase so ka wo ho.+ Dwom 86:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yehowa, onyame biara nte sɛ wo,+Na obiara nnwuma ne wo de nsɛ.+ Dwom 89:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hena na ɔte sɛ Yehowa wɔ ɔsoro?+ Hena na ɔne Yehowa sɛ wɔ Onyankopɔn mma+ mu?
11 O Yehowa, anyame no mu hena na ɔte sɛ wo?+ Hena na ɔte sɛ wo, wo a wo kronkronyɛ nni ano?+ Wo na ɛsɛ sɛ wosuro wo na wɔde nnwom yi wo ayɛ; wo na woyɛ anwonwade.+
35 Mo na wama moahu eyinom nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+