14 Akyiri yi, Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ Gilgal+ na yɛnsan nkosi Saul hene bio.”+ 15 Enti ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wosii Saul hene wɔ Yehowa anim wɔ Gilgal. Afei wɔbɔɔ asomdwoe afɔre wɔ Yehowa anim,+ na Saul ne Israel mmarima nyinaa dii ahurusi kɛse wɔ hɔ.+