4 “‘Anaa sɛ obi* pere ne ho ka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a, nea ɔkae sɛ ɔbɛyɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛ na onnim na akyiri yi obehu sɛ wapere ne ho aka ntam a, odi fɔ.*+
2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ obu so.+ Nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so,+ anyɛ saa a Yehowa wo Nyankopɔn bebisa wo ɔkwan biara so, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+