47 Saul maa n’ahenni timii wɔ Israel, na ɔne n’atamfo nyinaa koe: Moabfo+ ne Ammonfo+ ne Edomfo+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifo.+ Na baabiara a ɔkɔe nso, odii nkonim. 48 Ɔde akokoduru koe, na odii Amalekfo+ so nkonim, na ogyee Israel fii nnipabɔnefo a wɔfom nneɛma nsam.