11 Ɛnna nkurɔfo a wɔwɔ kurow no pon ano ne mpanyimfo no nyinaa kae sɛ: “Yɛyɛ adansefo! Yehowa mma ɔbea a ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no.+ Ensi wo yiye wɔ Efrata+ na nya din pa* wɔ Betlehem.+
6 Sɛ wo papa hu sɛ minni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ efisɛ bere aso sɛ abusua no nyinaa bɔ afɔre a wɔbɔ no afe biara no.’+