12 Ahohi+ aseni Dodo ba Eleasar+ na odi hɔ. Ɔka akatakyi baasa no ho. 13 Ɔno na na ɔka Dawid ho wɔ Pas-Damim,+ faako a na Filistifo aboaboa wɔn ho ano rebedi ako no. Ná asaase bi da hɔ a baali ayɛ so ma, na Filistifo no nti, na nkurɔfo no aguan afi hɔ.