1 Samuel 16:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na efi saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+ 1 Samuel 24:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Woteɛ sen me, efisɛ papa na woayɛ me, nanso bɔne na mede atua wo ka.+ 1 Samuel 24:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Afei hwɛ! minim sɛ wo na wubedi hene, na wo nsam na Israel ahenni begyina.+
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na efi saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+