6 Sɛ wo papa hu sɛ minni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ efisɛ bere aso sɛ abusua no nyinaa bɔ afɔre a wɔbɔ no afe biara no.’+ 7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ hwee’ a, ɛnde na ɛyɛ asomdwoe ma w’akoa. Na sɛ ne bo fuw a, ɛnde hu sɛ ɔpɛ sɛ odi me bɔne.