-
1 Samuel 20:19-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Ɛda a ɛto so abiɛsa no, ani bɛba wo ho, enti bra faako a nnaano* wode wo ho siei no, na twɛn wɔ ɔbo yi ho. 20 Na mɛtow agyan abiɛsa afa ɔbo no fã baako te sɛ nea mede rebɔ biribi. 21 Sɛ mesoma ɔsomfo no a, mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Kɔhwehwɛ agyan no.’ Sɛ meka kyerɛ ɔsomfo no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ ɔfã noho nti sesaw bra’ a, ɛnde bra, efisɛ sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ hɔ, na bɔne biara rento wo. 22 Nanso sɛ meka kyerɛ abofra no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ akyiri noho’ a, ɛnde kɔ, efisɛ Yehowa pɛ sɛ wokɔ.
-