18 Saa bere no nyinaa na Samuel hyɛ efɔd a wɔde nwera ayɛ+ resom+ wɔ Yehowa anim, ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abofra no. 19 Afei nso, na ne maame taa pam nwera ataade nsasin ketewa bi ma no, na afe biara sɛ ɔne ne kunu rebɛbɔ afe afe afɔre no+ a, na ɔde abrɛ no.