-
1 Samuel 25:14-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Saa bere no ara mu nso, na asomfo no baako akɔka akyerɛ Nabal yere Abigail sɛ: “Hwɛ, Dawid tuu abɔfo fi sare so behyiraa yɛn wura, nanso wateɛteɛ mu agu wɔn so ayeyaw wɔn.+ 15 Mmarima no boaa yɛn paa. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na bere a yɛne wɔn wɔ wuram no, yɛn biribiara anyera.+ 16 Bere a yɛne wɔn wɔ hɔ rehwɛ nguan no nyinaa, wɔyɛɛ sɛ ɔfasu wɔ yɛn ho awia ne anadwo.
-