2 Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panyin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.
13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne sekan mmɔ n’ataaso!”+ Enti obiara de ne sekan bɔɔ n’ataaso, na Dawid nso de ne sekan bɔɔ n’ataaso. Na mmarima bɛyɛ 400 ne Dawid kɔe, na mmarima 200 nso tenaa nneɛma no ho.