-
1 Beresosɛm 17:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Nea Yehowa aka ni: “Ɛnyɛ wo na wubesi ofi ama matena mu.+ 5 Efi da a miyii Israel bae de besi nnɛ, mentenaa ofi mu da, ntamadan mu ara na matena; mitu fi ha a, na mekɔ ha.*+ 6 Efi bere a me ne Israelfo nyinaa nantewee yi, da bɛn na mibisaa Israel atemmufo a mepaw wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii ofi mmaa me?’”’
-