16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Anadwo yi, ntena sare no so baabi a wɔfa twa asubɔnten no.* Mmom twa kɔ ɔfã noho, anyɛ saa a wɔbɛpra* ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa afi hɔ.’”+
21 Bere a mmarima no fi hɔ kɔe no, wofii abura no mu, na wosiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkotwa nsu no, na afotu a Ahitofel de ama wɔn ni.”+