-
2 Beresosɛm 1:7-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Saa anadwo no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.”+ 8 Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Woada ɔdɔ kɛse a enni huammɔ adi akyerɛ me papa Dawid,+ na woama masi n’ananmu adi hene.+ 9 O Yehowa Nyankopɔn, ɛbɔ a wohyɛɛ me papa Dawid no, ma ɛmmra mu;+ wo na woasi me hene wɔ nnipa a wɔn dodow te sɛ asaase so anwea yi so.+ 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bedi ɔman yi anim,* efisɛ wo man kɛse yi de, hena na obetumi abu wɔn atɛn?”+
-