9 Ɔhyew Yehowa fi+ ne ɔhene fi*+ no ne Yerusalem afi nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyew otitiriw biara fi.+10 Na Kaldea asraafo a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw Yerusalem afasu a atwa ho ahyia no gui.+
2 Ɛnna ofii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “O Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no,+ na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.+