-
2 Beresosɛm 18:23-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia+ twiw bɛn Mikaia,+ na ɔbɔɔ no sotɔre+ bisaa no sɛ: “Ɛhefa na Yehowa honhom nam twaa me ho ne wo bɛkasae?”+ 24 Mikaia buaa no sɛ: “Ɛda a wobɛhyɛn pia mu akohintaw no na wubehu baabi a ɛnam bae.” 25 Ɛnna Israel hene kae sɛ: “Momfa Mikaia nkɔma kurow sohwɛfo Amon ne ɔhene ba Yoas. 26 Monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Nea ɔhene aka ni: “Momfa saa akoa yi nto afiase,+ na montew n’aduan* ne ne nsu so nkosi sɛ mɛsan aba asomdwoe mu.”’” 27 Ɛnna Mikaia kae sɛ: “Sɛ wosan ba asomdwoe mu paa a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa na ɔne me kasae.”+ Na ɔka kaa ho sɛ: “Mo nyinaa moate bi.”
-