10 “Afei nso, bere a moregye mo ani,+ te sɛ bere a morehyɛ fã,+ anaa bere a morefi bosome foforo ase no, monhyɛn ntorobɛnto no ngu mo hyew afɔre+ ne mo asomdwoe afɔre+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+
11 “‘Bosome biara da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+