-
2 Ahene 22:14-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Ɛnna ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan, ne Asaia kɔɔ odiyifobea Hulda+ nkyɛn. Ná ɔyɛ ntaade sohwɛfo Harhas ba Tikwa ba Salum yere. Saa bere no, na odiyifobea no te Yerusalem Kurow Foforo no mu; ɛhɔ na wɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ no.+ 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ: 16 “Nea Yehowa aka ni, ‘Mede mmusu bɛba kurow yi ne wɔn a wɔtete mu so, na nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma a Yuda hene akenkan no+ mu nyinaa, mede reba. 17 Esiane sɛ wɔagyaw me akɔhyew afɔrebɔde ama anyame foforo,+ na wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa ahyɛ me abufuw nti,+ m’abufuw bɛdɛw wɔ kurow yi so, na ɛrennum.’”+ 18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mummebisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni: ‘Nsɛm a wotee no, 19 esiane sɛ woamma wo koma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase+ wɔ Yehowa anim bere a wotee nsɛm a maka atia kurow yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahoyeraw ne nnome ama wɔn, na wusuan w’ataade mu+ sui m’anim nti, me nso matie wo, Yehowa asɛm ni. 20 Ɛno nti mɛboaboa wo akɔka w’agyanom ho,* na wobɛkɔ wo damoa mu asomdwoe mu, na w’ani renhu mmusu a mede reba kurow yi so no.’”’” Ɛnna wɔde mmuae no kɔmaa ɔhene.
-