-
1 Ahene 15:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔko faa Eyon,+ Dan,+ Abel-Bet-Maaka, ne Kineret ne Naftali nsaase nyinaa. 21 Bere a Baasa tee no, ntɛm ara na ogyaee Rama kyekye,* na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda nyinaa ano, wanyi obiara amfi mu, na wɔkɔsesaw abo ne nnua a na Baasa de rekyekye Rama no, na Ɔhene Asa de kɔkyekyee Geba+ a ɛwɔ Benyamin, ne Mispa.*+
-