1 Beresosɛm 29:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Wo nkyɛn na ahonya ne anuonyam fi,+ na wudi ade nyinaa so;+ wo na tumi ne kɛseyɛ wɔ wo nsam,+ na obiara kɛseyɛ ne n’ahoɔden wɔ wo nsam.+ Yesaia 40:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Hwɛ! Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko,Na obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ.+ Hwɛ! Ɔma nsupɔw so sɛ mfuturu muhumuhu. Yesaia 40:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Aman nyinaa te sɛ biribi a enni hɔ wɔ n’anim;+Obu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfaso nni so.+ Daniel 4:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Asaase sofo nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofo mu. Obiara nni hɔ a obetumi asiw no kwan*+ anaa obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdɛn na woayɛ yi?’+
12 Wo nkyɛn na ahonya ne anuonyam fi,+ na wudi ade nyinaa so;+ wo na tumi ne kɛseyɛ wɔ wo nsam,+ na obiara kɛseyɛ ne n’ahoɔden wɔ wo nsam.+
15 Hwɛ! Amanaman no te sɛ bokiti ho nsu a ɛsɔ ko,Na obu wɔn sɛ nsenia so mfuturu bi kɛkɛ.+ Hwɛ! Ɔma nsupɔw so sɛ mfuturu muhumuhu.
17 Aman nyinaa te sɛ biribi a enni hɔ wɔ n’anim;+Obu wɔn sɛ adehunu bi, te sɛ biribi a mfaso nni so.+
35 Asaase sofo nyinaa nsɛ hwee mma no, na ɔyɛ nea ɔpɛ wɔ ɔsoro asafo ne asaase sofo mu. Obiara nni hɔ a obetumi asiw no kwan*+ anaa obetumi aka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛdɛn na woayɛ yi?’+