-
Yosua 11:4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Enti wɔne wɔn asraafodɔm a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam bebree fi bae.
-
-
2 Beresosɛm 32:7, 8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 “Munnya akokoduru na momma mo ho nyɛ den. Munnsuro, na mommmɔ hu esiane Asiria hene+ ne ne dɔm a wɔka ne ho no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.+ 8 Ɔno de, ɔhonam basa* na ɛka ne ho, na yɛn de, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho; ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn.”+ Enti Yuda hene Hesekia nsɛm no hyɛɛ ɔman no nkuran.+
-